< Kolosefoɔ 1 >

1 Krataa yi firi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, ɔyɛ Kristo somafoɔ no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,
Paulus, Kristi Jesu Apostel ved Guds Villie, og Broderen Timotheus.
2 Yɛde kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.
til de hellige og troende Brødre i Kristus i Kolossæ: Nåde være med eder og Fred fra Gud vor Fader!
3 Ɛberɛ biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase.
Vi takke Gud og vor Herres Jesu Kristi Fader altid, når vi bede for eder,
4 Ɛfiri sɛ, yɛate mo gyidie a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefoɔ no.
da vi have hørt om eders Tro på Kristus Jesus og den Kærlighed, som I have til alle de hellige
5 Ɛda a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no, monyaa mu anidasoɔ a ɛwɔ hɔ ma mo. Enti, mo gyidie ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidasoɔ a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so.
på Grund af det Håb, som er henlagt til eder i Himlene, om hvilket I forud have hørt i Evangeliets Sandheds Ord,
6 Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a motee Onyankopɔn adom na mohunuu sɛdeɛ ɛteɛ no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ ewiase afanan nyinaa, na trɛ ara na ɛretrɛ sɛdeɛ mohunu no wɔ mo mu no.
der er kommet til eder, ligesom det også er i den hele Verden, idet det bærer Frugt og vokser, ligesom det også gør iblandt eder fra den Dag, I hørte og erkendte Guds Nåde i Sandhed,
7 Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua ɔsomfoɔ a ɔde gyidie yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na mohunuu yei.
således som I have lært af Epafras, vor elskede Medtjener som er en tro Kristi Tjener for eder,
8 Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.
han, som også gav os eders Kærlighed i Ånden til Kende.
9 Esiane saa enti, ɛfiri ɛberɛ a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa. Yɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔmfiri ne pɛ mu mma mo nyansa ne nteaseɛ a ne Honhom de ma no.
Derfor have også vi fra den Dag, vi hørte det, ikke ophørt at bede for eder og begære, at I måtte fyldes med Erkendelsen af hans Villie i al Visdom og åndelige Indsigt
10 Ɛba saa a na mobɛtumi atena ase sɛdeɛ Awurade hwehwɛ na ɛberɛ biara nso, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mobɛdi no, ɛbɛso aba pa na mobɛnyini wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.
til at vandre Herren værdigt, til alt Velbehag, idet I bære Frugt og vokse i al god Gerning ved Erkendelsen af Gud,
11 Yɛrebɔ mpaeɛ nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛkwan biara so, mode Awurade mu ahosɛpɛ ne boasetɔ bɛgyina biribiara ano.
idet I styrkes med al Styrke efter hans Herligheds Kraft til al Udholdenhed og Tålmodighed med Glæde
12 Momfa ahosɛpɛ nna Agya no a ɛnam ne so enti, moanya deɛ Onyankopɔn akora so ama nʼahotefoɔ a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase.
og takke Faderen, som gjorde os dygtige til at have Del i de helliges Arvelod i Lyset,
13 Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Dɔ Ba no Ahennie mu dwoodwoo.
han, som friede os ud af Mørkets Magt og satte os over i sin elskede Søns Rige,
14 Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ. Ne mu nso na yɛnya bɔnefakyɛ.
i hvem vi have Forløsningen, Syndernes Forladelse,
15 Kristo yɛ Onyankopɔn a wɔnhunu no no sɛso. Ɔno ne abɔdeɛ nyinaa farebae.
han, som er den usynlige Guds Billede, al Skabnings førstefødte;
16 Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso.
thi i ham bleve alle Ting skabte i Himlene og på Jorden, de synlige og de usynlige, være sig Troner eller Herredømmer eller Magter eller Myndigheder. Alle Ting ere skabte ved ham og til ham;
17 Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ.
og han er forud for alle Ting, og alle Ting bestå ved ham.
18 Asafo no yɛ ne onipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na onipadua no nkwa firi no. Ɔno ne Abakan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bɛdi adeɛ nyinaa mu ɛkan.
Og han er Legemets Hoved, nemlig Menighedens, han, som er Begyndelsen, førstefødt ud af de døde, for at han skulde blive den ypperste i alle Ting;
19 Ɛfiri Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no wɔ Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu.
thi det behagede Gud, at i ham skulde hele Fylden bo,
20 Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn firi ne pɛ mu de ewiase nyinaa sane bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a ɔwuu asɛnnua so no de asomdwoeɛ baeɛ, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.
og ved ham at forlige alle Ting med sig, være sig dem på Jorden eller dem i Himlene, idet han stiftede Fred ved hans Kors's Blod.
21 Ɛberɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho enti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfoɔ nso.
Også eder, som fordum vare fremmedgjorte og fjendske af Sindelag i eders onde Gerninger,
22 Nanso, ɛnam ne Ba no wuo so enti Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim.
har han dog nu forligt i sit Køds Legeme ved Døden for at fremstille eder hellige og ulastelige og ustraffelige for sit Åsyn,
23 Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidie mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidasoɔ a monyaa no da a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi enti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfoɔ no.
så sandt I blive i Troen, grundfæstede og faste, uden at lade eder rokke fra Håbet i det Evangelium, som I have hørt, hvilket er blevet prædiket i al Skabningen under Himmelen, og hvis Tjener jeg Paulus er bleven.
24 Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amaneɛ a merehunu no so retoa Kristo amanehunu a ɔhunuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so.
Nu glæder jeg mig over mine Lidelser for eder, og hvad der fattes i Kristi Trængsler, udfylder jeg i mit Kød for hans Legeme, som er Menigheden,
25 Onyankopɔn a mo yiedie enti, ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no ɔsomfoɔ. Dwumadie no yɛ nʼasɛm no ka,
hvis Tjener jeg er bleven efter den Guds Husholdning, som blev given mig over for eder, nemlig fuldelig at forkynde Guds Ord,
26 a ɛyɛ ahintasɛm a mfeɛ bebree a atwam no, ɔde hintaa adasamma, nanso afei deɛ, wada no adi akyerɛ nʼahotefoɔ. (aiōn g165)
den Hemmelighed, der var skjult igennem alle Tider og Slægter, men nu er bleven åbenbaret for hans hellige, (aiōn g165)
27 Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne animuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufoɔ nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a nʼasekyerɛ ne sɛ, yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn animuonyam no bi.
hvem Gud vilde tilkendegive, hvilken Rigdom på Herlighed iblandt Hedningerne der ligger i denne Hemmelighed, som er Kristus i eder, Herlighedens Håb,
28 Ɛno enti, yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu.
hvem vi forkynde, idet vi påminde hvert Menneske og lære hvert Menneske med al Visdom, for at vi kunne fremstille hvert Menneske som fuldkomment i Kristus;
29 Ɛno enti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.
hvorpå jeg også arbejder, idet jeg kæmper ifølge hans Kraft, som virker mægtigt i mig.

< Kolosefoɔ 1 >