< Amos 1 >

1 Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no.
The words of Amos, who was among herdsmen of Thecua: which he saw concerning Israel in the days of Ozias king of Juda, and in the days of Jeroboam the son of Joas king of Israel two years before the earthquake.
2 Ɔkaa sɛ: “Awurade bobom firi Sion bepɔ so na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem; nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye na Karmel atifi nso kusa.”
And he said: The Lord will roar from Sion, and utter his voice from Jerusalem: and the beautiful places of the shepherds have mourned, and the top of Carmel is withered.
3 Deɛ Awurade seɛ nie: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se dwerɛɛ Gilead.
Thus saith the Lord: For three crimes of Damascus, and for four I will not convert it: because they have thrashed Galaad with iron wains.
4 Mede ogya bɛto Hasael efie na ahye Ben-Hadad aban no.
And I will send a fire into the house of Azael, and it shall devour the houses of Benadad.
5 Mɛbubu Damasko apono, na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no. Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
And I will break the bar of Damascus: and I will cut off the inhabitants from the plain of the idol, and him that holdeth the sceptre from the house of pleasure: and the people of Syria shall be carried away to Cyrene, saith the Lord.
6 Deɛ Awurade seɛ nie: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ.
Thus saith the Lord: For three crimes of Gaza, and for four I will not convert it: because they have carried away a perfect captivity to shut them up in Edom.
7 Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu, na ahye nʼaban no.
And I will send a fire on the wall of Gaza, and it shall devour the houses thereof.
8 Mɛsɛe Asdod ɔhene no ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no. Mɛdane me nsa atia Ekron, kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
And I will cut off the inhabitant from Azotus, and him that holdeth the sceptre from Ascalon: and I will turn my hand against Accaron, and the rest of the Philistines shall perish, saith the Lord God.
9 Deɛ Awurade seɛ nie: “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔfaa ɔman mu no nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ, a wankae onuadɔ apam.
Thus saith the Lord: For three crimes of Tyre, and for four I will not convert it: because they have shut up an entire captivity in Edom, and have not remembered the covenant of brethren.
10 Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu, na ahye nʼaban.”
And I will send a fire upon the wall of Tyre, and it shall devour the houses thereof.
11 Deɛ Awurade seɛ nie: “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔde akofena taataa ne nua, a wannya ayamhyehyeɛ biara. Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano.
Thus saith the Lord: For three crimes of Edom, and for four I will not convert him: because he hath pursued his brother with the sword, and hath cast off all pity, and hath carried on his fury, and hath kept his wrath to the end.
12 Mede ogya bɛto Teman mu, na ahye Bosra aban.”
I will send a fire into Theman: and it shall devour the houses of Bosra.
13 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu de trɛɛ nʼahyeɛ mu.
Thus saith the Lord: For three crimes of the children of Ammon, and for four I will not convert him: because he hath ripped up the women with child of Galaad to enlarge his border.
14 Mede ogya bɛto Raba afasuo mu na ahye nʼaban wɔ ɔko da mu nteateam ne ahum da ntwaho mframa mu.
And I will kindle a fire in the wall of Rabba: and it shall devour the houses thereof with shouting in the day of battle, and with a whirlwind in the day of trouble.
15 Na ne ɔhene ne mmapɔmma bɛbom akɔ nnommumfa mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
And Melchom shall go into captivity, both he, and his princes together, saith the Lord.

< Amos 1 >