< Amos 4 >

1 Montie asɛm yi, mo Basan “anantwie” a mowɔ Bepɔ Samaria so, mo mmaa a mohyɛ ahiafoɔ so, na moka mmɔborɔwa hyɛ na moka kyerɛ mo kununom sɛ, “Mommrɛ yɛn nsã!”
שמעו הדבר הזה פרות הבשן אשר בהר שמרון העשקות דלים הרצצות אביונים האמרת לאדניהם הביאה ונשתה
2 Otumfoɔ Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ, “Ampa ara ɛberɛ no bɛba a wɔde nkawa bɛtwe mo akɔ mo mu deɛ ɔtwa toɔ no wɔde nsuomnam darewa bɛtwe no.
נשבע אדני יהוה בקדשו כי הנה ימים באים עליכם ונשא אתכם בצנות ואחריתכן בסירות דוגה
3 Momu biara bɛpue akɔ, na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu, na wɔbɛto mo atwene Harmon fam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
ופרצים תצאנה אשה נגדה והשלכתנה ההרמונה נאם יהוה
4 “Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne na monkɔ Gilgal na mo nkɔyɛ bɔne ara. Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa biara, na momfa mo ntotosoɔ dudu mmra mfeɛ mmiɛnsa biara.
באו בית אל ופשעו הגלגל הרבו לפשע והביאו לבקר זבחיכם לשלשת ימים מעשרתיכם
5 Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ; Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho, na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ, na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.
וקטר מחמץ תודה וקראו נדבות השמיעו כי כן אהבתם בני ישראל נאם אדני יהוה
6 “Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
וגם אני נתתי לכם נקיון שנים בכל עריכם וחסר לחם בכל מקומתיכם ולא שבתם עדי נאם יהוה
7 “Mesane de osutɔ kamee mo ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru. Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so. Afuo baako nyaa osutɔ afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ.
וגם אנכי מנעתי מכם את הגשם בעוד שלשה חדשים לקציר והמטרתי על עיר אחת ועל עיר אחת לא אמטיר חלקה אחת תמטר וחלקה אשר לא תמטיר עליה תיבש
8 Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
ונעו שתים שלש ערים אל עיר אחת לשתות מים--ולא ישבעו ולא שבתם עדי נאם יהוה
9 “Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛ ba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so. Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
הכיתי אתכם בשדפון ובירקון--הרבות גנותיכם וכרמיכם ותאניכם וזיתיכם יאכל הגזם ולא שבתם עדי נאם יהוה
10 “Mede ɔyaredɔm baa mo so sɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no, mede akofena kunkumm mo mmeranteɛ ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum. Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
שלחתי בכם דבר בדרך מצרים--הרגתי בחרב בחוריכם עם שבי סוסיכם ואעלה באש מחניכם ובאפכם ולא שבתם עדי נאם יהוה
11 “Metuu mo mu bi guiɛ sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu. Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
הפכתי בכם כמהפכת אלהים את סדם ואת עמרה ותהיו כאוד מצל משרפה ולא שבתם עדי נאם יהוה
12 “Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie, na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti, siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.”
לכן כה אעשה לך ישראל עקב כי זאת אעשה לך הכון לקראת אלהיך ישראל
13 Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframa na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esum na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no. Asafo Awurade Onyankopɔn ne ne din.
כי הנה יוצר הרים וברא רוח ומגיד לאדם מה שחו עשה שחר עיפה ודרך על במתי ארץ--יהוה אלהי צבאות שמו

< Amos 4 >