< Asomafoɔ 9 >

1 Saa ɛberɛ no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifoɔ no ase.
But, Saul, yet breathing threatening and slaughter against the disciples of the Lord, going unto the High-priest,
2 Ɔkɔɔ Ɔsɔfopanin no nkyɛn kɔgyee adansedie krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho, sɛ wɔyɛ mmaa anaa mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem.
asked from him letters for Damascus, unto the synagogues; to the end that, if he should find, any, who were of The Way, whether men or women, he might bring them, bound, unto Jerusalem.
3 Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ, hann bi firi ɔsoro twa faa ne ho,
But, as he was journeying, it came to pass that he was drawing near unto Damascus, and, suddenly, there flashed around him a light out of heaven;
4 maa ɔtwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi sɛ, “Saulo! Adɛn enti na wotaa me?”
And, falling unto the earth, he heard a voice saying unto him—Saul! Saul! why, me, art thou persecuting?
5 Saulo bisaa sɛ, “Ɛyɛ wo hwan, Owura?” Nne no buaa sɛ, “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.”
And he said—Who art thou, Lord? And, he, [said] —I, am Jesus, whom, thou, art persecuting!
6 Nne no kaa sɛ, “Sɔre na kɔ kuro no mu na wɔbɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”
But rise up, and enter into the city, and it shall be told thee what thou must do.
7 Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinaeɛ a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no, nanso wɔanhunu obiara.
But, the men who were accompanying him, stood speechless, —hearing, indeed, the voice, but beholding no one.
8 Afei, Saulo sɔre firii fam hɔ buee nʼani, nanso na ɔnhunu adeɛ. Enti, wɔkurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko.
And Saul arose from the earth, and, his eyes being opened, he could see nothing; and, taking him by the hand, they led him into Damascus, —
9 Nnansa a ɔdii wɔ Damasko no na ɔnhunu hwee. Na ɔnnidi na ɔnnom nso.
And he was three days without seeing, and did neither eat nor drink.
10 Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehunu mu sɛ, “Anania!” Ɔgyee so sɛ, “Awurade!”
Now there was a certain disciple in Damascus, by name Ananias; and, the Lord, said unto him in a vision—Ananias! And, he, said—Lo! I, [am here], Lord!
11 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ Yuda efie a ɛwɔ Tempɔn Tee no so na kɔbisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no ase; ɔrebɔ mpaeɛ.
And the Lord [said] unto him—Rise! go into the street which is called Straight, and seek, in the house of Judas, one Saul, by name, of Tarsus. For lo! he is praying, —
12 Anisoadehunu mu, ɔhunuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsane ahunu adeɛ.”
And hath seen a man [in a vision], Ananias by name, coming in and laying on him his hands, to the intent he should see.
13 Anania buaa sɛ, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne ha a ɔha wʼakyidifoɔ wɔ Yerusalem no.
And Ananias, answered—Lord! I have heard from many concerning this man, how many evil things unto thy saints he hath done in Jerusalem;
14 Wakɔ asɔfoɔ mpanin nkyɛn akɔgye adansedie krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.”
And, here, he hath authority from the High-priests to bind all them that call upon thy name.
15 Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ, “Kɔ! Ɛfiri sɛ, ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufoɔ ne ahemfo ne Israelfoɔ nyinaa ate me din.
But the Lord said unto him—Be going thy way; for, a choice vessel unto me, is this man, to bear my name before both [the] nations and kings, and the sons of Israel;
16 Na mɛkyerɛ no amaneɛ a ɛsiane me din enti ɔbɛhunu.”
For, I, will let him understand how many things he must needs, for my name, suffer.
17 Afei, Anania kɔɔ efie hɔ de ne nsa guu Saulo so kaa sɛ, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo ɛkwan so ɛberɛ a woreba no asoma me sɛ, memmɛbue wʼani na hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.”
And Ananias departed, and entered into the house; and, laying upon him his hands, said—Saul, brother! The Lord, hath sent me, —Jesus, who appeared unto thee in the way by which thou wast coming, —that thou mayest recover sight, and be filled with Holy Spirit.
18 Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon firii nʼani so na ɔhunuu adeɛ. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu.
And, straightway, there fell from him—from his eyes, —as it were scales; he recovered sight also, and, arising, was immersed:
19 Ɔnyaa aduane bi di meeɛ no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafoɔ a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.
And, receiving food, gained strength. And he came to be with the disciples who were in Damascus certain days;
20 Ɔhyɛɛ aseɛ kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu sɛ, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa.
And, straightway, in the synagogues, he began proclaiming Jesus, that, This, is the Son of God.
21 Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa ho dwirii wɔn maa wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na ɔkum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfoɔ mpanin.”
And all who were hearing were astonished, and began to say—is not, this, he who destroyed, in Jerusalem, them that invoke this name; and, here, for this purpose, had come, in order that he might lead them, bound, unto the High-priests?
22 Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no diiɛ. Yudafoɔ a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkaeɛ no ho hwee.
But, Saul, was the more gaining power; and was confounding the Jews who dwelt in Damascus, shewing, by comparison, that—This, is the Christ.
23 Nna bi akyi no, Yudafoɔ no bɔɔ Saulo ho pɔ sɛ wɔbɛkum no,
Now, when a considerable number of days were being fulfilled, the Jews took counsel together to kill him;
24 nanso Saulo tee pɔ a wɔbɔɔ wɔ ne ho no. Na wɔtetɛ no wɔ kuro no apono ano awia ne anadwo apɛ no akum no.
But their plot was made known unto Saul, —and they were even narrowly watching the gates, both day and night, that they might kill him;
25 Anadwo bi Saulo akyidifoɔ de no sii kɛntɛn bi mu, twetwee no faa ɔfasuo so gyaa no sii fam.
But the disciples, taking him by night, through the wall, let him down, lowering him in a basket.
26 Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafoɔ no ho nanso wɔsuroo no, ɛfiri sɛ, na wɔnnye nni sɛ wasakyera abɛyɛ osuani.
And, when he had arrived in Jerusalem, he made attempts to join himself unto the disciples; and all were afraid of him, not believing that he was a disciple.
27 Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛdeɛ Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko ɛkwan so no ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no.
But, Barnabas, taking him, brought him unto the apostles, and related unto them, —how, in the way, he had seen the Lord, and that he had spoken unto him; and how, in Damascus, he had spoken boldly in the name of Jesus.
28 Saulo ne wɔn tenaeɛ na ɔde akokoɔduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa.
And he was with them, coming in and going out in Jerusalem, speaking boldly in the name of the Lord;
29 Saulo ne Helenifoɔ nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum no.
And was both speaking and discussing with the Grecian Jews, —but, they, were setting to work to kill him.
30 Ɛberɛ a agyidifoɔ no tee pɔ a Helenifoɔ no bɔɔ wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no ɛkwan ma ɔkɔɔ Tarso.
And the brethren, discovering it, brought him down into Caesarea, and sent him away unto Tarsus.
31 Afei, asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timiiɛ. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.
So then, the assembly throughout the whole of Judaea and Galilee and Samaria, had peace, building itself up, and going on its way in the fear of the Lord; and, by the advocacy of the Holy Spirit, was being multiplied.
32 Petro tutuu akwan kɔɔ mmeammea. Ɛda bi, ɔkɔsraa agyidifoɔ a wɔwɔ Lida no,
And it came to pass that, Peter, going through all [quarters] went down unto the saints also dwelling in Lydda.
33 ɔhyiaa ɔbarima bi a ne din de Enea a wabubu agu kɛtɛ so mfeɛ nnwɔtwe wɔ hɔ.
And he found there a certain man, by name Aeneas, who, for eight years, had been lying prostrate upon a bed, for he was paralysed.
34 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yadeɛ. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amonom hɔ ara, Enea sɔree.
And Peter said unto him—Aeneas! Jesus Christ healeth thee! Arise, and smooth thy bed for thyself. And, straightway, he arose.
35 Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa hunuu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade.
And all who dwelt in Lydda and Saron, saw him, —and, they, turned unto the Lord.
36 Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ.
Now, in Joppa, there was a certain female disciple, by name Tabitha, which, being translated, means Dorcas [a Gazelle]. The same, was full of good works and alms which she was doing.
37 Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu na yadeɛ bɔɔ no maa ɔwuiɛ. Wɔdwaree no de no kɔtoo abansoro dan bi mu.
And it came to pass in those days, that she, sickening, died; and, bathing her, they laid her in an upper room.
38 Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no enti, asuafoɔ a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.
Now, Lydda being nigh unto Joppa, the disciples, hearing that Peter was therein, sent off two men unto him, beseeching him—Do not delay to come through unto us!
39 Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔeɛ. Ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛgyinagyinaa Petro ho suiɛ de ntadeɛ ne ntoma a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.
And Peter, arising, went with them, —whom, when he arrived, they brought up into the upper room; and there stood by him all the widows, weeping, and showing the tunics and mantles—whatsoever things Dorcas was making while she was with them.
40 Petro maa wɔn nyinaa firii adi. Afei, ɔbuu nkotodwe, bɔɔ mpaeɛ danee nʼani kyerɛɛ amu no kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Tabita tee nʼani na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.
But Peter, putting them all outside, knelt down and prayed; and, turning towards the body, said—Tabitha, arise! And she, opening her eyes and seeing Peter, sat up.
41 Petro sɔɔ ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei, Petro frɛɛ agyidifoɔ no ne akunafoɔ no nyinaa de no maa wɔn.
And, giving her his hand, he raised her up; and, calling the saints and the widows, presented her, living.
42 Saa asɛm yi trɛɛ wɔ Yopa nyinaa maa nnipa pii gyee Awurade diiɛ.
And it became known throughout the whole of Joppa, and many believed upon the Lord.
43 Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro no nkyɛn wɔ Yopa kyɛree kakra.
And it came to pass that, for a considerable number of days, he abode in Joppa, with one Simon, a tanner.

< Asomafoɔ 9 >