< Asomafoɔ 14 >
1 Paulo ne Barnaba duruu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafoɔ asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree bɛyɛɛ agyidifoɔ.
Իկոնիոնի մէջ՝ անոնք միասին մտան Հրեաներուն ժողովարանը, ու ա՛յնպէս խօսեցան՝ որ Հրեաներու եւ Յոյներու մեծ բազմութիւն մը հաւատաց:
2 Nanso, Yudafoɔ a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufoɔ no, sane tuu wɔn aso tiaa anuanom no.
Բայց չհնազանդող Հրեաները՝ դրդեցին հեթանոսները, եւ անոնց անձերը չարութեան գրգռեցին եղբայրներուն դէմ:
3 Asomafoɔ no tenaa hɔ kyɛreeɛ. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokorɛ.
Իսկ անոնք երկար ժամանակ հոն կենալով՝ համարձակութեամբ կը քարոզէին Տէրոջմով, որ իր շնորհքի խօսքին վկայութիւն կու տար՝ թոյլատրելով որ նշաններ եւ սքանչելիքներ կատարուին անոնց ձեռքով:
4 Kuro no mu nnipa no mu kyɛɛ mmienu; ɛfa kɔɔ Yudafoɔ no afa na ɛfa nso kɔɔ asomafoɔ no afa.
Քաղաքին բազմութիւնը բաժնուեցաւ. մաս մը բռնեց Հրեաներուն կողմը, մաս մըն ալ՝ առաքեալներուն:
5 Amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ no ne wɔn mpanimfoɔ yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ, asane asi wɔn aboɔ.
Երբ հեթանոսներն ու Հրեաները՝ իրենց պետերով՝ յարձակեցան, որ նախատեն եւ քարկոծեն զանոնք,
6 Asomafoɔ no tee pɔ a wɔbɔ faa wɔn ho no, wɔdwane kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase.
իրենք ալ՝ գիտակցելով՝ փախան Լիկայոնիայի քաղաքները, Լիւստրա ու Դերբէ եւ շրջակայքը,
8 Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no, wɔhunuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafoɔ firi nʼawoɔ mu.
Մարդ մը նստած էր Լիւստրայի մէջ՝ անզօր ոտքերով, իր մօր որովայնէն կաղ ծնած, որ բնաւ քալած չէր:
9 Paulo rekasa no, obubuafoɔ no tiee no maa Paulo hunuu sɛ ɔwɔ gyidie a ɛbɛma watumi agyina so asa no yadeɛ. Enti Paulo hwɛɛ obubuafoɔ no
Ասիկա մտիկ կ՚ընէր Պօղոսի խօսքերը, որ ակնապիշ նայելով անոր ու նշմարելով թէ բուժուելու հաւատք ունի՝
10 teaam sɛ, “Sɔre gyina hɔ!” Amonom, obubuafoɔ yi huri gyinaeɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ.
բարձրաձայն ըսաւ. «Ուղի՛ղ կանգնէ ոտքերուդ վրայ»: Ան ալ ցատկեց եւ քալեց:
11 Nnipa no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam wɔ Likaonia kasa mu sɛ, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.”
Երբ բազմութիւնը տեսաւ Պօղոսի ըրածը, բարձրացնելով իրենց ձայնը՝ ըսին լիկայոներէն. «Աստուածները իջած են մեզի՝ մարդոց նմանութեամբ»:
12 Yei enti wɔfrɛɛ Barnaba Seus ɛnna wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes, ɛfiri sɛ, ɔno na na ɔka asɛm no.
Բառնաբասը կը կոչէին Դիոս, ու Պօղոսը՝ Հերմէս, քանի որ ան էր գլխաւոր խօսողը:
13 Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no ɔsɔfoɔ de nantwie ne nhwiren baa kuro no ɛpono ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma asomafoɔ no.
Իսկ Դիոսի քուրմը՝ որ քաղաքին առջեւ էր, ցուլեր եւ ծաղկեպսակներ բերելով դռներուն քով՝ կ՚ուզէր զոհ մատուցանել բազմութեան հետ:
14 Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo tee afɔdeɛ a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuo sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuo no mu teateaam sɛ,
Բայց երբ առաքեալները՝ Բառնաբաս ու Պօղոս՝ լսեցին, պատռեցին իրենց հանդերձները եւ դուրս ցատկեցին բազմութեան մէջ՝ աղաղակելով.
15 “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu.
«Մարդի՛կ, ինչո՞ւ այդ բաները կ՚ընէք: Մե՛նք ալ մարդիկ ենք՝ կիրքերու ենթակայ ձեզի նման, ու կ՚աւետարանենք ձեզի՝ որպէսզի այդ ունայն բաներէն դառնաք ապրող Աստուծոյ, որ ստեղծեց երկինքը, երկիրը, ծովն ու բոլոր անոնց մէջ եղածները:
16 Ɛberɛ bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan maa wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ.
Անցեալ սերունդներուն մէջ ան թոյլատրեց բոլոր ազգերուն՝ որ երթան իրենց ճամբաներէն:
17 Nanso, Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanseɛ. Mmerɛ a ɛsɛ mu no, ɔma osuo tɔ, ma nnɔbaeɛ ba; ɔma mo aduane di, ma monya ahotɔ.”
Սակայն ինքզինք չթողուց առանց վկայութեան, բարիք ընելով, անձրեւ տալով մեզի երկինքէն, նաեւ պտղաբեր եղանակներ, ու մեր սիրտերը լեցնելով կերակուրներով եւ ուրախութեամբ»:
18 Nanso, saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn.
Այս բաները ըսելով՝ հազիւ կրցան հանգստացնել բազմութիւնը, որ զոհ չմատուցանէ իրենց:
19 Yudafoɔ bi firi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wɔsii Paulo aboɔ, twee no firii kuro no mu; na wɔsusu sɛ wawu.
Սակայն Հրեաներ հասան Անտիոքէն եւ Իկոնիոնէն, համոզեցին բազմութիւնը, քարկոծեցին Պօղոսը ու քաղաքէն դուրս քաշկռտեցին՝ կարծելով թէ մեռած է:
20 Nanso, ɛberɛ a agyidifoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre sane kɔɔ kuro no mu. Adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.
Բայց երբ աշակերտները շրջապատեցին զինք՝ կանգնեցաւ, մտաւ քաղաքը, ու հետեւեալ օրը մեկնեցաւ Դերբէ՝ Բառնաբասի հետ:
21 Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe maa nnipa pii gye diiɛ. Wɔfiri hɔ no, wɔsane kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia.
Այդ քաղաքին մէջ աւետարանելէ ու շատերը աշակերտելէ ետք՝ անոնք վերադարձան Լիւստրա, Իկոնիոն եւ Անտիոք,
22 Wɔhyɛɛ agyidifoɔ no nkuran sɛ wɔntena ase gyidie mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifoɔ yi sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi akɔ Onyankopɔn Ahennie mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahodoɔ pii mu.”
ամրացնելով աշակերտներուն անձերը եւ յորդորելով՝ որ յարատեւեն հաւատքին մէջ, ըսելով. «Շատ տառապանքով պէտք է մտնենք Աստուծոյ թագաւորութիւնը»:
23 Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn; na wɔnam mpaeɛbɔ ne mmuadadie so de mpanimfoɔ no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa.
Երբ երէցներ ձեռնադրեցին անոնց՝ ամէն եկեղեցիի մէջ, ծոմապահութեամբ աղօթելով յանձնեցին զանոնք Տէրոջ՝ որուն հաւատացած էին:
24 Wɔfiri Pisidia no, wɔbaa Pamfilia.
Եւ անցնելով Պիսիդիայի մէջէն՝ գացին Պամփիւլիա:
25 Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge, na wɔfiri hɔ baa Atalia.
Պերգէի մէջ ալ Տէրոջ խօսքը քարոզելէ ետք՝ իջան Ատալիա,
26 Wɔfiri Atalia no, wɔsane baa Antiokia a ɛhɔ na ɛberɛ a na wɔrebɛfiri saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade adom nsa no.
անկէ ալ նաւարկեցին դէպի Անտիոք, ուրկէ Աստուծոյ շնորհքին յանձնարարուած էին այն գործին համար՝ որ կատարեցին:
27 Ɛberɛ a wɔduruu Antiokia no, wɔhyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛdeɛ Onyankopɔn abue ɛkwan ama amanamanmufoɔ agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
Երբ եկան, հաւաքելով եկեղեցին՝ պատմեցին ինչ որ Աստուած ըրեր էր իրենց հետ, եւ թէ հաւատքի դուռը բացեր էր հեթանոսներուն:
28 Paulo ne Barnaba tenaa agyidifoɔ no nkyɛn kyɛreeɛ.
Ու հոն երկար ժամանակ կեցան աշակերտներուն հետ: