< 2 Samuel 9 >

1 Ɛda bi, Dawid pɛɛ sɛ ɔbɛhunu sɛ obi aka wɔ Saulo fie anaa. Ɛfiri sɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔeɛ.
ויאמר דוד--הכי יש עוד אשר נותר לבית שאול ואעשה עמו חסד בעבור יהונתן
2 Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfoɔ mu. Na ɔhene bisaa no sɛ, “Wo na wɔfrɛ wo Siba no anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Aane, mene Siba no.”
ולבית שאול עבד ושמו ציבא ויקראו לו אל דוד ויאמר המלך אליו האתה ציבא ויאמר עבדך
3 Ɔhene no bisaa no sɛ, “Obi aka wɔ Saulo efie anaa? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔeɛ a ɛfiri Onyankopɔn wɔ ɛkwan biara a mɛtumi so.” Siba buaa ɔhene sɛ, “Yonatan babarima obubuafoɔ bi da so wɔ hɔ.”
ויאמר המלך האפס עוד איש לבית שאול ואעשה עמו חסד אלהים ויאמר ציבא אל המלך עוד בן ליהונתן נכה רגלים
4 Ɔhene bisaa sɛ, “Ɔwɔ he?” Siba buaa sɛ, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar.”
ויאמר לו המלך איפה הוא ויאמר ציבא אל המלך הנה הוא בית מכיר בן עמיאל בלו דבר
5 Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no firii Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no.
וישלח המלך דוד ויקחהו מבית מכיר בן עמיאל--מלו דבר
6 Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nana. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopoɔ kotoo no, kaa sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ.”
ויבא מפיבשת בן יהונתן בן שאול אל דוד ויפל על פניו וישתחו ויאמר דוד מפיבשת ויאמר הנה עבדך
7 Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro, na deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɛsiane wʼagya Yonatan enti, mɛyɛ wo adɔeɛ. Nsase a na ɛyɛ wo nana Saulo agyapadeɛ no nyinaa, mɛsane mede mama wo, na woadidi me didipono so daa daa.”
ויאמר לו דוד אל תירא כי עשה אעשה עמך חסד בעבור יהונתן אביך והשבתי לך את כל שדה שאול אביך ואתה תאכל לחם על שלחני--תמיד
8 Mefiboset bɔɔ ne mu ase kaa sɛ, “Hwan ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa adɔeɛ yi?”
וישתחו ויאמר מה עבדך כי פנית אל הכלב המת אשר כמוני
9 Ɔhene frɛɛ ne ɔsomfoɔ Siba, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fiefoɔ agyapadeɛ no nyinaa ama wo wura Saulo nanabarima no.
ויקרא המלך אל ציבא נער שאול--ויאמר אליו כל אשר היה לשאול ולכל ביתו נתתי לבן אדניך
10 Wo ne wo mmammarima ne mo asomfoɔ na mobɛdɔ asase no, ayɛ so mfuo ama no, na wanya aduane ama ne fiefoɔ. Na Mefiboset deɛ, ɔne me bɛtena mʼahemfie ha.” Na Siba a na ɔwɔ mmammarima dunum ne asomfoɔ aduonu no buaa sɛ,
ועבדת לו את האדמה אתה ובניך ועבדיך והבאת והיה לבן אדניך לחם ואכלו ומפיבשת בן אדניך יאכל תמיד לחם על שלחני ולציבא חמשה עשר בנים--ועשרים עבדים
11 “Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, mɛdi so.” Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Mefiboset ne Dawid didii daa te sɛ deɛ ɔyɛ nʼasene mu ba.
ויאמר ציבא אל המלך ככל אשר יצוה אדני המלך את עבדו כן יעשה עבדך ומפיבשת אכל על שלחני כאחד מבני המלך
12 Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Siba fiefoɔ nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfoɔ.
ולמפיבשת בן קטן ושמו מיכא וכל מושב בית ציבא עבדים למפיבשת
13 Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafoɔ no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfie hɔ.
ומפיבשת ישב בירושלם כי על שלחן המלך תמיד הוא אכל והוא פסח שתי רגליו

< 2 Samuel 9 >