< 2 Samuel 3 >

1 Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛree yie, na ne ahyɛaseɛ nie. Ɛberɛ a Dawid adedie renya ahoɔden no, na Saulo adedie no resɛe.
Rat između Šaulove kuće i Davidove kuće potrajao je još dugo vremena, ali je David sve više jačao, a Šaulova kuća postajala sve slabija.
2 Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Hebron: Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel no babarima.
Davidu se rodiše sinovi u Hebronu. Prvenac mu je bio Amnon, od Ahinoame Jizreelke;
3 Deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ɔfiri Karmel no kunabaa babarima; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka babarima.
drugi mu je bio Kileab, od Abigajile, žene Nabalove iz Karmela; treći Abšalom, sin Maake, kćeri gešurskoga kralja Tolmaja;
4 Deɛ ɔtɔ so ɛnan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima; deɛ ɔtɔ so enum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima.
četvrti Adonija, sin Hagitin; peti Šefatja, sim Abitalin;
5 Na deɛ ɔtɔ so nsia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima. Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron.
šesti Jitream, od Egle, Davidove žene. Ti se Davidu rodiše u Hebronu.
6 Ɛberɛ a na ɔko a ɛda Saulo fie ne Dawid fie no gu so no, na Abner yɛ ntuanoni a ɔwɔ tumi wɔ wɔn a wɔdi Saulo akyi no so.
Dok je trajao rat između Šaulove kuće i Davidove kuće, Abner je malo-pomalo prisvajao svu vlast u Šaulovoj kući.
7 Emu hɔ Is-Boset bɔɔ Abner kwaadu sɛ ɔne nʼagya Saulo mpena a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aya babaa, ada.
A u kući bijaše Šaulova inoča po imenu Rispa, kći Ajina: nju Abner uze sebi. A Išbaal upita Abnera: “Zašto si se približio inoči moga oca?”
8 Abner bo fuu yie kaa sɛ, “Meyɛ nkraman sodifoɔ wɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Deɛ mayɛ ama wo ne wʼagya, a mannyi mo amma Dawid no, mʼayɛyie ne sɛ, mode ɔbaa yi ho asɛm rekyekyere me?
Na te Išbaalove riječi Abner se razgnjevi i reče: “Zar sam ja pasja glava u Judi? Do danas sam samo dobro činio domu tvoga oca Šaula, njegovoj braći i njegovim prijateljima; nisam dopustio da padneš u Davidove ruke, a ti me danas prekoravaš zbog obične žene!
9 Sɛ mammoa Dawid ma ne nsa anka deɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono.
Neka Abneru Bog učini ovo zlo i neka mu doda drugo ako ne izvršim kako se Jahve zakleo Davidu:
10 Mede Saulo ahennie bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahennwa ase wɔ Israel ne Yuda so afiri Dan akɔsi Beer-Seba.”
da će oduzeti kraljevstvo Šaulovoj kući i da će utvrditi Davidov prijesto nad Izraelom i nad Judom od Dana pa do Beer Šebe!”
11 Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner enti, wantumi ankasa bio.
Išbaal se ne usudi odgovoriti ni riječi Abneru jer ga se bojaše.
12 Afei, Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ na mɛboa ama yɛadane Israelman mu no nyinaa ama wo.”
Nato Abner posla glasnike k Davidu i poruči mu: “Čija je zemlja?” Htio je reći: “Učini savez sa mnom i moja će ti ruka pomoći da okupiš oko sebe svega Izraela.”
13 Dawid buaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛeɛ no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babaa no brɛ me.”
David odgovori Abneru: “Dobro! Učinit ću savez s tobom! Ali samo jedno tražim od tebe: ne smiješ mi doći na oči ako ne dovedeš sa sobom Mikalu, Šaulovu kćer, kad dođeš da vidiš moje lice.”
14 Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amaneɛ sɛ, “Ma me nsa nka me yere Mikal, ɛfiri sɛ, mede Filistifoɔ ɔha nkwa na ɛtɔɔ no.”
Ujedno posla David glasnike i k Išbaalu, Šaulovu sinu, s porukom: “Vrati mi moju ženu Mikalu, koju sam stekao stotinom filistejskih obrezaka.”
15 Enti, Is-Boset gyee Mikal firii ne kunu Paltiel a ɔyɛ Lais babarima no nsam.
Išbaal posla po nju i uze je od njezina muža Paltiela, Lajiševa sina.
16 Na Paltiel de su dii ɔbaa no akyi kɔduruu Bahurim. Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane kɔ efie.” Na Paltiel sane kɔɔ efie.
A njezin muž pođe s njom i pratio ju je plačući sve do Bahurima. Tada mu Abner reče: “Hajde, vrati se sada kući!” I on se vrati.
17 Na Abner ne Israel ntuanofoɔ adidi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mmerɛ kakra a atwam nie no, na mopɛ sɛ mosi Dawid ɔhene.
Abner je već bio razgovarao s Izraelovim starješinama i rekao im: “Već odavna želite Davida za svoga kralja.
18 Ɛberɛ no nie. Ɛfiri sɛ, Awurade aka sɛ, ‘Mayi Dawid sɛ ɔnnye me nkurɔfoɔ mfiri Filistifoɔ ne wɔn atamfoɔ nyinaa nsam.’”
Učinite to sada, jer je Jahve rekao o Davidu ovo: 'Rukom svoga sluge Davida izbavit ću svoj narod Izraela iz ruke filistejske i iz ruku svih njegovih neprijatelja.'”
19 Abner sane ne Benyamin abusua mu ntuanofoɔ kasaeɛ. Afei, ɔkɔɔ Hebron kɔbɔɔ Dawid amaneɛ sɛ, Israel nyinaa ne Benyamin taa wʼakyi.
Tako je Abner govorio i Benjaminovim sinovima, a onda je otišao u Hebron da javi Davidu sve što se svidjelo Izraelu i domu Benjaminovu.
20 Ɛberɛ a Abner ne ne mmarima aduonu baa Hebron no, Dawid too wɔn ɛpono kɛseɛ.
Kad je Abner došao k Davidu u Hebron, i s njim dvadeset ljudi, David priredi gozbu Abneru i ljudima koji bijahu s njim.
21 Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ma menkɔ na menkɔfrɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmra wʼafa. Wɔne wo bɛyɛ apam, na wɔasi wo ɔhene. Na ɛbɛma woadi biribiara a wʼakoma pɛ so.” Enti, Dawid maa Abner kɔɔ dwoodwoo.
Tada Abner reče Davidu: “Hajdemo! Ja ću skupiti svega Izraela oko gospodara moga kralja: oni će sklopiti s tobom savez i ti ćeš kraljevati nad svim što budeš želio.” David otpusti Abnera, koji ode u miru.
22 Abner kɔeɛ ara pɛ, Yoab ne Dawid akodɔm no bi firi ɔsa mu baeɛ a wɔkura asadeɛ bebree.
I gle, Davidovi se ljudi s Joabom upravo vraćali sa četovanja, noseći sa sobom bogat plijen, a Abner nije više bio kod Davida u Hebronu, jer ga David bijaše otpustio te je on otišao u miru.
23 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ Abner baa hɔ nkyɛree koraa, na ɔbɛsraa ɔhene, ama ɔhene ama no kɔ asomdwoeɛ mu no,
Kad stiže Joab i sva vojska što je išla s njim, javiše Joabu da je Abner, Nerov sin, bio došao kralju i da ga je kralj otpustio da ode u miru.
24 Yoab yɛɛ ntɛm kɔhunuu ɔhene bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Abner kɔ a womaa no kɔeɛ yi, wokyerɛ sɛn?
Tada Joab dođe kralju i reče mu: “Što si učinio? Abner je došao k tebi, zašto si ga otpustio da ode u miru?
25 Wonim pefee sɛ, ɔbaa wo so sɛ ɔkwansrafoɔ, bɛhwehwɛɛ deɛ woreyɛ nyinaa mu anaa?”
Zar ne znaš Abnera, Nerova sina? Došao je da te prevari, da dozna tvoje korake, da dozna sve što činiš!”
26 Ɛhɔ ara, Yoab firi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ sɛ wɔnti Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtadeɛ ho, twee no de no baeɛ. Nanso, na Dawid nnim ho hwee.
Potom izađe Joab od Davida i posla glasnike za Abnerom, koji ga vratiše, od studenca Sire, a David nije znao ništa o tome.
27 Afei, Abner sane kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kɔsii ɛpono ano te sɛ deɛ ɔrekɔka kɔkoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na ɛsiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so wedeɛ no enti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu sekan ma ɔwuiɛ.
Kad se Abner vratio u Hebron, odvede ga Joab u stranu iza vrata, kao da želi s njim nesmetano govoriti, i ondje ga smrtno rani u slabine da se osveti za krv svoga brata Asahela.
28 Akyire no a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔkaa sɛ, “Me ne mʼahemman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ Awurade anim.
Kad je David to poslije čuo, reče: “Ja i moje kraljevstvo nevini smo pred Jahvom dovijeka za krv Abnera, sina Nerova.
29 Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fie so! Yoab efie deɛ, awoɔ ntoatoasoɔ mu nyinaa, obi a watutu akuro anaa ɔyare kwata, deɛ ɔnam poma ho nanteɛ anaa deɛ ɔwu akofena ano ne deɛ ɔsrɛsrɛ aduane rempa hɔ da.”
Neka padne na Joabovu glavu i na sav njegov očinski dom! Nikad ne ponestalo u Joabovu domu ljudi bolesnih od gnojenja ili od gube, ljudi koji se laćaju vretena ili padaju od mača, ljudi koji nemaju kruha!” -
30 Yoab ne ne nuabarima Abisai kumm Abner, ɛfiri sɛ, Abner kumm wɔn nuabarima Asahel wɔ akono wɔ Gibeon.
Joab i njegov brat Abišaj ubili su Abnera jer je on pogubio njihova brata Asahela u boju kod Gibeona. -
31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ, “Monsunsuane mo ntoma mu, na momfira ayitoma. Montwa Abner agyaadwoɔ.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɛda no so.
Nato David reče Joabu i svoj vojsci koja je bila s njim: “Razderite svoje haljine, obucite kostrijet i naričite za Abnerom!” I kralj David pođe za nosilima.
32 Wɔsiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu wɔ ne damena no ho.
Kad su ukopali Abnera u Hebronu, udari kralj u glasan plač na grobu Abnerovu, a plakao je i sav narod.
33 Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner: “Ɛsɛ sɛ Abner wu sɛdeɛ nkwaseafoɔ wuo anaa?
Tada kralj ispjeva ovu tužaljku za Abnerom: “Zar morade umrijeti Abner kako umire luda?
34 Wɔankyekyere wo nsa; wɔangu wo nan nkɔnsɔnkɔnsɔn. Dabi, wɔdii wo awu; amumuyɛfoɔ atirimpɔ so adeɛ.” Nnipa no nyinaa suu Abner bio.
Ruke tvoje ne bijahu vezane, noge tvoje ne bijahu okovane. Pao si kao što se pada od zlikovaca!” Tada sav narod još ljuće zaplaka za njim.
35 Ɛda a wɔreyɛ ayie no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no sɛ ɔnnidi. Nanso, na Dawid aka ntam sɛ, “Sɛ medidi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nku me.”
Nato pristupi sav narod nutkajući Davida da jede dok je još dana, ali se David zakle ovako: “Neka mi Bog učini ovo zlo i neka mi doda drugo zlo ako okusim kruha ili što drugo prije zalaska sunca!”
36 Yei sɔɔ nnipa no ani yie. Nokorɛm, biribiara a ɔhene no yɛeɛ no sɔɔ ɔmanfoɔ no ani.
Sav je narod to čuo, i bilo mu je po volji, kao što je narod i sve drugo odobravao što god je kralj činio.
37 Yei maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no hunuu sɛ, ɛnyɛ ɔhene Dawid na ɔkumm Abner.
Toga dana sav narod i sav Izrael spozna da kralj nije kriv u umorstvu Abnera, sina Nerova.
38 Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfoɔ no sɛ, “Monhunu sɛ ɔkannifoɔ kɛseɛ ne onipa kɛseɛ atɔ fam ɛnnɛ wɔ Israel anaa?
Nato kralj reče svojim dvoranima: “Ne znate li da je danas pao knez i velik čovjek u Izraelu?
39 Na ɛwom sɛ me ne ɔhene a wɔasra no deɛ, nanso Seruia mmammarima Yoab ne Abisai deɛ, wɔyɛ den dodo ma me sɛ mɛtumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno enti, Awurade ntua saa mmarima amumuyɛfoɔ yi so ka wɔ wɔn amumuyɛsɛm ho.”
Ali ja sam sada još slab, iako sam pomazani kralj, a ovi ljudi, Sarvijini sinovi, jači su od mene. Neka Jahve plati zločincu po njegovoj zloći!”

< 2 Samuel 3 >