< 2 Samuel 21 >

1 Dawid ahennie so no, ɛkɔm baa asase no so mfeɛ mmiɛnsa, enti Dawid bisaa Awurade ɛkɔm no ho asɛm. Na Awurade kaa sɛ, “Esiane ɛfɔ a Saulo ne ne fiefoɔ di wɔ kunkum a wɔkunkumm Gibeonfoɔ no ho enti na ɛkɔm saa aba no.”
I Davids tid kom tri store uår etter kvarandre. Då gjorde David spursmål til Herren um det. Herren svara: «På Saul og hans hus kvilar blodskuld, av di han drap gibeonitarne.»
2 Enti, ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfoɔ no nyinaa. Na wɔnka Israelfoɔ no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛfoɔ bi. Israel kaa ntam sɛ, wɔrenkum wɔn, nanso ɛsiane Saulo ahopereɛ enti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase.
Kongen kalla då til seg Gibeon-mennerne og tala med deim. Gibeonitarne var ikkje israelitar, men var ei atterleiva av amoritarne. Endå Israels-borni hadde gjort eiden sin til deim, hadde Saul vore so ihuga for Israels-borni og for Juda, at han freista tyna deim.
3 Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ, “Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɛhyira ne nkurɔfoɔ bio.”
David spurde no gibeonitarne: «Kva kann eg gjera for dykk? Korleis kann eg sona brotet, so de vil velsigna Herrens arvlut?»
4 Gibeonfoɔ no buaa sɛ, “Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso sɛ wɔbɛkunkum Israelfoɔ aweretɔ so.” Enti, Dawid kɔɔ so bisaa wɔn sɛ, “Enti, ɛdeɛn na menyɛ? Monka nkyerɛ me, na mɛyɛ ama mo.”
Gibeonitarne svara: «Ikkje sylv og gull krev me av Saul og hans hus. Og ikkje hev me lov å drepa nokon mann i Israel.» Han spurde: «Kva ynskjer det då eg skal gjera for dykk?»
5 Na wɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛdeɛ yɛrennya afa biara wɔ Israel.
Dei svara kongen: «Den mannen som vilde tyna oss og tenktest rydja oss ut, so me ikkje lenger skulde få halda oss nokon stad innanfor Israels landskil,
6 Enti, wɔnyi Saulo mmammarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yɛbɛkum wɔn wɔ Awurade anim wɔ Gibea bepɔ no so.” Ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ. Mɛyɛ.”
av hans etterkomarar må det gjeva oss sju mann, og me vil leggja deim på stegl for Herrens augo i Sauls Gibea, han som Herren valde ut.» Kongen sagde: «De skal eg gjera.»
7 Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nana no, ɛsiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ Awurade anim no enti.
Kongen sparde Mefiboset Jonatansson, soneson åt Saul, for skuld den eiden ved Herren som David og Jonatan Saulsson hadde svore einannan.
8 Nanso, ɔde Saulo mmammarima baanu a na wɔn edin de Armoni ne Mefiboset a na wɔn maame Rispa no yɛ Aia babaa maa wɔn. Ɔsane de Saulo babaa Mikal a na ɔyɛ Adriel a na ɔyɛ Barsilai a ɔfiri Mehola no yere mmammarima baanum no maeɛ.
Derimot tok kongen dei tvo sønerne Armoni og Mefiboset som Saul hadde fenge med Rispa Ajadotter, og dei fem sønerne som Adriel Barzillaison frå Mehola hadde fenge med Mikal Saulsdotter.
9 Na Gibeon mmarima no kunkumm wɔn wɔ bepɔ no so wɔ Awurade anim. Enti, nnipa baason no nyinaa, wɔkunkumm wɔn wɔ ɛberɛ a wɔrefiri atokotwa afahyɛ no ase no.
Deim gav han yver til gibeonitarne. Og dei lagde deim på stegl på fjellet for Herrens augo. Dei fekk sin bane alle sju på ein gong. Det var dei fyrste skurddagarne, då byggskurden tok til, at dei let livet.
10 Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu maame no de ayitoma sɛɛ ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwaberɛ no nyinaa mu. Wamma apete ammɛtete wɔn amu no awiaberɛ mu, na anadwo nso, ɔsii nkekaboa ho kwan.
Rispa Ajadotter tok syrgjebunaden sin og breidde ut uppå fjellet frå skurdonni tok til, og til dess det strøymde regn yver deim frå himmelen. Ho let ikkje fuglarne under himmelen slå ned på deim um dagen, heller ikkje villdyri frå marki um natti.
11 Ɛberɛ a Dawid tee deɛ Rispa a na ɔyɛ Saulo mpena no ayɛ no,
Då David spurde det Rispa Ajadotter, fylgjekona åt Saul, hadde gjort,
12 ɔkɔɔ nkurɔfoɔ a wɔfiri Yabes Gilead nkyɛn, kɔbisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Ɛberɛ a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifoɔ koeɛ no ano no, Yabes Gileadfoɔ na wɔkɔtasee wɔn amu Filistifoɔ kuro Bet-San abɔntene so.)
drog David av stad og let henta beini etter Saul og Jonatan, son hans, hjå borgarne i Jabes i Gilead. Dei hadde i løynd teke liki frå torget i Bet-San, der som filistarane hadde hengt deim upp då dei hadde slege Saul på Gilboa.
13 Enti, Dawid de Saulo ne Yonatan nnompe baeɛ. Saa ara na ɔde mmarima a Gibeonfoɔ kunkumm wɔn no nnompe baeɛ.
Då han fekk ført beini etter Saul og Jonatan, son hans, upp derifrå, sanka dei i hop beini etter deim som var lagde på stegl,
14 Ɔsiee wɔn nyinaa wɔ Saulo agya Kis ɔboda a ɛwɔ kuro Sela a ɛwɔ Benyamin asase so no mu. Ɛno akyi, Onyankopɔn twaa ɛkɔm no so wɔ Israel asase so.
og gravlagde deim saman med beini etter Saul og Jonatan, son hans, i Benjaminslandet, i Sela, i gravi åt Kis, far hans. Dei gjorde alt det kongen baud. Og etterpå det vende Gud sin nåde til landet.
15 Bio, Filistifoɔ ne Israel koeɛ. Na ɛberɛ a ɔko no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, Dawid tɔɔ baha.
Det vart krig millom filistarane og Israel att. David drog ned med tenarane sine; og dei slost med filistarane. Men David trøytna.
16 Na Yisbi-Benob yɛ abrane no asefoɔ mu baako. Na ne pea mu duru kari boro kilogram mmiɛnsa ne fa, a wɔde akofena foforɔ ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebɛkum no.
Jisbo-Benob, ein ætting av Rafa - han hadde eit spjot som vog tri hundrad lodd kopar, og han hadde spent um seg eit nytt sverd - han tenktest drepa David.
17 Nanso, Seruia babarima Abisai bɛgyee Dawid, na ɔkumm Filistini no. Ɛno akyi, Dawid mmarima no kaa ntam sɛ, “Wo ne yɛn renkɔ ɔko bio. Anyɛ saa a, Israel kanea bɛdum.”
Men Abisai Serujason hjelpte kongen og gav filistaren banehogg. Då svor Davids menner ein eid til honom, og sagde: «Du må aldri meir draga ut med oss i strid. Elles kann Israels lampa slokna.»
18 Yei akyi, ɔko foforɔ ba de tiaa Filistifoɔ no wɔ Gob. Wɔgu so reko no, Sibekai a ɔfiri Husan, kumm Saf a na ɔno nso yɛ abrane no asefoɔ no bi.
So hende det sidan at det stod ein bardage med filistarane ved Gob. Då slo husatiten Sibbekai Saf av Rafa-ætti.
19 Ɔko foforɔ bi a wɔkoo wɔ Gob no nso, Yair babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem kumm Gatni Goliat nuabarima bi. Na ne pea nsa mu duru bɛyɛ sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.
Då det endå ein gong stod eit slag mot filistarane ved Gob, gav Elhanan, son åt Ja’are-Orgim frå Betlehem, Goliat frå Gat banehogg, han som hadde eit spjotskaft so stort som ein vevbom.
20 Ɔko bi a ɛsii bio wɔ Gat nso, ɔbarima tetetuo bi a na ɔyɛ nsansia ne nansia a ɔyɛ abrane no aseni no
Då det vart eit slag att ved Gat, var der ein storvaksen mann som hadde seks fingrar på kvar hand og seks tær på kvar fot, fire og tjuge til saman. Han var ogso utstokken frå Rafa-ætti.
21 pɛɛ sɛ ɔbu fa Israel so, gu nʼanim ase. Ɔno nso, Dawid nua Simea babarima Yonatan na ɔkumm no.
Han svivyrde Israels-mennerne. Jonatan, son åt Simea, bror åt David, gav honom difor banehugg.
22 Saa Filistifoɔ abrane baanan yi yɛ Gat abrane no asefoɔ. Na Dawid ne nʼakofoɔ na wɔkunkumm wɔn nyinaa.
Desse fire var ætta frå Rafa i Gat. Og dei fall for David og mennerne hans.

< 2 Samuel 21 >