< 2 Samuel 14 >

1 Na Yoab hunuu sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhunu Absalom.
Now Joab son of Zeruiah perceived that the king's heart desired to see Absalom.
2 Enti, ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi a wagye edin yie brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayie mu, na fira ayitoma. Nnware anaa mfa aduhwam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbaa a wadi awerɛhoɔ nna bebree.
So Joab sent word to Tekoa and had a wise woman brought to him. He said to her, “Please pretend you are a mourner and put on mourning clothes. Please do not anoint yourself with oil, but be like a woman who has mourned a long time for the dead.
3 Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbaa no kɔka no kyerɛɛ no.
Then go to the king and speak to him about what I will describe.” So Joab told her the words she was to say to the king.
4 Na Tekoani baa no duruu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuu fam teaam sɛ, “Ao Nana! Boa me!”
When the woman from Tekoa spoke to the king, she lay facedown on the ground and said, “Help me, king.”
5 Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛyɛ asɛm bɛn?” Ɔbuaa no sɛ, “Meyɛ okunafoɔ.
The king said to her, “What is wrong?” She answered, “The truth is that I am a widow, and my husband is dead.
6 Me mma baanu kɔdii ako wɔ akono. Na ɛsiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔbɛpata ɔko no enti, wɔkumm wɔn mu baako.
I, your servant, had two sons, and they fought together in the field, and there was no one to separate them. One struck the other and killed him.
7 Nanso, abusua no nkaeɛ no bisaa sɛ, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no. Yɛbɛkum no, ɛfiri sɛ, woakum ne nuabarima. Ɔmfata sɛ ɔbɛdi efie agyapadeɛ so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na menni obiara a waka, na me kunu din ne me fie bɛyera wɔ asase so ha.”
Now the whole clan has risen against your servant, and they say, 'Give into our hand the man who struck his brother, so that we may put him to death, to pay for the life of his brother whom he killed.' So they would also destroy the heir. Thus they will put out the burning coal that I have left, and they will leave for my husband neither name nor descendant on the surface of the earth.”
8 Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae asɛm no ma me. Kɔ efie na mɛhwɛ sɛ obiara remfa ne nsa nka no.”
So the king said to the woman, “Go to your house, and I will command something to be done for you.”
9 Ɔkaa sɛ, “Ao, me wura, meda wo ase. Na sɛ mmoa a woaboa me yi enti, sɛ obi kasa tia wo a, mɛfa ho soboɔ no.”
The woman of Tekoa replied to the king, “My master, king, may the guilt be on me and on my father's family. The king and his throne are guiltless.”
10 Ɔhene no kaa sɛ, “Mma yei nha wo. Sɛ nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me wɔ ha. Na mɛtumi ama wo awerɛhyɛmu sɛ, obiara nwiinwii wɔ ho bio.”
The king replied, “Whoever says anything to you, bring him to me, and he will not touch you anymore.”
11 Afei, ɔbaa no kaa sɛ, “Fa Awurade, wo Onyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me sɛ, woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Merenhwehwɛ mogyahwieguo bio.” Ɔhene no nso kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wo ba no tirinwi a ɛwɔ ne tiri so mu baako mpo ho renka.”
Then she said, “Please, may the king call to mind Yahweh your God, so that the avenger of blood will not destroy anyone further, so that they will not destroy my son.” The king replied, “As Yahweh lives, not one hair of your son will fall to the ground.”
12 Afei, ɔbaa no kaa sɛ, “Ma wo ɔsomfoɔ nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene.” Ɔbuaa sɛ, “Kɔ so kasa.”
Then the woman said, “Please let your servant speak a further word to my master the king.” He said, “Speak on.”
13 Ɔbaa no bisaa sɛ, “Adɛn enti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinaeɛ yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asuo no ba efie.
So the woman said, “Why then have you devised such a thing against the people of God? For in saying this thing, the king is like someone who is guilty, because the king has not brought back home again his banished son.
14 Sɛ ɛkɔsi sɛn ara, obiara bɛwu. Na sɛdeɛ nsuo hwie gu fam a wosesa a ɛnyɛ yie no, saa ara na nkwa teɛ. Ɛno enti na Onyankopɔn sane de yɛn ba ne nkyɛn ɛberɛ a yɛate yɛn ho afiri ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa.
For we all must die, and we are like water spilled on the ground, which cannot be gathered up again. But God will not take away life; instead, he finds a way for those who were driven away to be restored.
15 “Na maba sɛ merebɛdi ama me babarima, ɛfiri sɛ, wɔde owuo hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ebia, ɔhene bɛtie me,
Now then, seeing that I have come to speak this thing to my master the king, it is because the people have made me afraid. So your servant said to herself, 'I will now speak to the king. It may be that the king will perform the request of his servant.
16 na wagye yɛn afiri wɔn a wɔbɛtwa yɛn afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho no nsam.’
Perhaps the king will listen to me and deliver his servant from the hand of the man who would destroy me and my son together, out of the inheritance God gave us.'
17 “Aane, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoeɛ bio. ‘Menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a wobɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Awurade, wo Onyankopɔn, nka wo ho.’”
Then your servant prayed, 'Yahweh, please let the word of my master the king give me relief, for as an angel of God, so is my master the king in telling good from evil.' May Yahweh your God be with you.”
18 Ɔhene bisaa sɛ, “Mepɛ sɛ mehunu adeɛ baako.” Ɔbaa no kaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn, me wura?”
Then the king answered and said to the woman, “Please do not hide from me anything that I will ask you.” The woman replied, “Let my master the king now speak.”
19 Na ɔhene no bisaa sɛ, “Yoab na ɔsomaa wo ha anaa?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa yei ho atorɔ? Obiara ntumi mfa biribiara nhinta wo. Ɛyɛ nokorɛ sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka.
The king said, “Is not the hand of Joab with you in all this?” The woman answered and said, “As you live, my master the king, no one can escape to the right hand or to the left from anything that my master the king has spoken. It was your servant Joab who commanded me and told me to say these things that your servant has spoken.
20 Ɔyɛɛ saa, sɛdeɛ mɛfa ɛkwan foforɔ so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wonim nyansa te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ, na biribiara a ɛsi yɛn ntam ha no nso, wote aseɛ.”
Your servant Joab has done this to change the course of what is happening. My master is wise, like the wisdom of an angel of God, and he knows everything that is happening in the land.”
21 Enti, ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔfa aberanteɛ Absalom bra.”
So the king said to Joab, “Look now, I will do this thing. Go then, and bring the young man Absalom back.”
22 Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no sɛ, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisadeɛ ama me.”
So Joab lay facedown on the ground in honor and gratitude to the king. Joab said, “Today your servant knows that I have found favor in your eyes, my master, king, in that the king has performed the request of his servant.”
23 Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.
So Joab arose, went to Geshur, and brought Absalom back to Jerusalem.
24 Nanso, ɔhene maa ahyɛdeɛ yi sɛ, “Absalom tumi kɔ ɔno ankasa ne fie, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha.” Enti, Absalom anhunu ɔhene no.
The king said, “He may return to his own house, but he may not see my face.” So Absalom returned to his own house, but did not see the king's face.
25 Israel nyinaa, na obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ, te sɛ Absalom. Ɛfiri ne tiri so kɔsi ne nan ase, na wohunu sɛ ɔyɛ ɔbarima ankasa.
Now in all Israel there was no one praised for his handsomeness more than Absalom. From the sole of his foot to the top of his head there was no blemish in him.
26 Afe biara, na ɔyi ne ti pɛnkorɔ, ɛfiri sɛ, ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ ɔyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram mmienu ne fa.
When he cut the hair of his head at the end of every year, because it was heavy on him, he weighed his hair; it would weigh about two hundred shekels, which is measured by the weight of the king's standard.
27 Na ɔwɔ mmammarima baasa ne ɔbabaa baako. Na ne babaa no din de Tamar. Na Tamar nso kura ahoɔfɛ a ɛmma ɔka.
To Absalom were born three sons and one daughter, whose name was Tamar. She was a beautiful woman.
28 Absalom tenaa Yerusalem mfeɛ mmienu a wanhunu ɔhene no da.
Absalom lived two full years in Jerusalem, without seeing the king's face.
29 Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ.
Then Absalom sent word for Joab to send him to the king, but Joab would not come to him. So Absalom sent word a second time, but Joab still did not come.
30 Ɛno enti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokoɔ afuo a ɛbɛn me deɛ no ho mu.” Na wɔde ogya kɔtoo afuo no mu, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
So Absalom said to his servants, “See, Joab's field is near mine, and he has barley there. Go and set it on fire.” So Absalom's servants set the field on fire.
31 Na Yoab baa Absalom nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasomfoɔ akɔto mʼafuo mu ogya?”
Then Joab arose and came to Absalom at his house, and said to him, “Why have your servants set my field on fire?”
32 Na Absalom buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ wokɔbisa ɔhene ma me sɛ, adɛn enti na ɔmaa me sane firi Gesur baeɛ, nanso ɔmpɛ sɛ ɔhunu mʼanim koraa? Ɛnneɛ, sɛ anka metenaa me dada mu hɔ ara a, anka ɛyɛ. Ma menhunu ɔhene no, na sɛ medi fɔ wɔ biribi ho a, ɔtumi kum me.”
Absalom answered Joab, “Look, I sent word to you saying, 'Come here so I may send you to the king to say, “Why did I come from Geshur? It would be better for me to still be there. Now therefore let me see the king's face, and if I am guilty, let him kill me.”'”
33 Enti, Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a wate ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom bɛduruu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid fee nʼano.
So Joab went to the king and told him. When the king called for Absalom, he came to the king and bowed low to the ground before the king, and the king kissed Absalom.

< 2 Samuel 14 >