< 2 Ahemfo 5 >

1 Na Aramhene bu Naaman a ɔyɛ akodɔm sahene no yie. Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Awurade maa Aram dii nkonim akɛseɛ bebree. Ɛwom sɛ na Naaman yɛ ɔkofoɔ kɛseɛ deɛ, nanso na ɔyare kwata.
Нееман, военачальник царя Сирийского, был великий человек у господина своего и уважаемый, потому что чрез него дал Господь победу Сириянам; и человек сей был отличный воин, но прокаженный.
2 Afei, na Aram akofoɔ adi Israel asase so, na abaawa ketewa bi ka wɔn a wɔkyeree wɔn nnommum no ho. Wɔde saa abaayewa no maa Naaman yere sɛ nʼabaawa.
Сирияне однажды пошли отрядами и взяли в плен из земли Израильской маленькую девочку, и она служила жене Неемановой.
3 Ɛda bi, abaawa no ka kyerɛɛ nʼawuraa sɛ, “Sɛ me wura kɔhunu odiyifoɔ no wɔ Samaria a, anka mɛpɛ. Anka ɔbɛsa no yadeɛ ama kwata no afiri ne honam ani.”
И сказала она госпоже своей: о, если бы господин мой побывал у пророка, который в Самарии, то он снял бы с него проказу его!
4 Enti, Naaman kaa asɛm a abaawa a ɔfiri Israel no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ ɔhene.
И пошел Нееман и передал это господину своему, говоря: так и так говорит девочка, которая из земли Израильской.
5 Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, na kɔsra odiyifoɔ no. Mɛtwerɛ krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti, Naaman hyɛɛ nʼakwantuo no ase. Ɔfaa dwetɛ akyɛdeɛ kilogram ahasa aduanan, sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntadeɛ mmɔho edu.
И сказал царь Сирийский Нееману: пойди, сходи, а я пошлю письмо к царю Израильскому. Он пошел и взял с собою десять талантов серебра и шесть тысяч сиклей золота, и десять перемен одежд;
6 Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne sɛ, “Menam krataa yi so reda me ɔsomfoɔ Naaman adi, akyerɛ wo. Mepɛ sɛ wosa no yadeɛ ma ne kwata no firi ne honam ani.”
и принес письмо царю Израильскому, в котором было сказано: вместе с письмом сим, вот, я посылаю к тебе Неемана, слугу моего, чтобы ты снял с него проказу его.
7 Ɛberɛ a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee nʼatadeɛ mu, kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yadeɛ! Meyɛ Onyankopɔn a metumi kum, sane ma nkwa? Ɔrepɛ ɛkwan bi afa so, anya nnyinasoɔ bi, na wabɛto ahyɛ yɛn so bio.”
Царь Израильский, прочитав письмо, разодрал одежды свои и сказал: разве я Бог, чтобы умерщвлять и оживлять, что он посылает ко мне, чтобы я снял с человека проказу его? вот, теперь знайте и смотрите, что он ищет предлога враждовать против меня.
8 Ɛberɛ a Elisa, Onyankopɔn onipa, tee ɔhene no nsɛnkaeɛ no, ɔtoo nkra kɔmaa no sɛ, “Adɛn enti na woasunsuane wo ntadeɛ mu saa? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na ɔbɛhunu sɛ, odiyifoɔ papa bi wɔ Israel.”
Когда услышал Елисей, человек Божий, что царь Израильский разодрал одежды свои, то послал сказать царю: для чего ты разодрал одежды свои? пусть он придет ко мне, и узнает, что есть пророк в Израиле.
9 Enti, Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fie ɛpono ano.
И прибыл Нееман на конях своих и на колеснице своей, и остановился у входа в дом Елисеев.
10 Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔhohoro wo ho mprɛnson wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ.”
И выслал к нему Елисей слугу сказать: пойди, омойся семь раз в Иордане, и обновится тело твое у тебя, и будешь чист.
11 Na Naaman bo fuiɛ, na ɔsii ɛkwan so. Ɔkaa sɛ, “Na menim sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abɛhyia me! Na menim sɛ ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ Awurade a, ɔyɛ ne Onyankopɔn no din, nam so asa me yadeɛ.
И разгневался Нееман, и пошел, и сказал: вот, я думал, что он выйдет, станет и призовет имя Господа Бога своего, и возложит руку свою на то место и снимет проказу;
12 Nsubɔntene Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsene nsubɔntene a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn enti na menkɔhohoro me ho wɔ mu, na mennya ayaresa?” Enti, Naaman danee ne ho de abufuo sii mu.
разве Авана и Фарфар, реки Дамасские, не лучше всех вод Израильских? разве я не мог бы омыться в них и очиститься? И оборотился и удалился в гневе.
13 Nanso, ne mpanimfoɔ bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no sɛ, “Owura, sɛ odiyifoɔ no kaa sɛ yɛ adwuma kɛseɛ bi a, anka worenyɛ anaa? Ɛno enti, tie asɛm a waka sɛ kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so.”
И подошли рабы его и говорили ему, и сказали: отец мой, если бы что-нибудь важное сказал тебе пророк, то не сделал ли бы ты? а тем более, когда он сказал тебе только: “омойся, и будешь чист”.
14 Enti, Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mprɛnson, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ abɔfra, maa ne kwata no nyinaa kɔeɛ.
И пошел он и окунулся в Иордане семь раз, по слову человека Божия, и обновилось тело его, как тело малого ребенка, и очистился.
15 Naaman ne ne dɔm no sane kɔeɛ, kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn onipa no akyiri kwan. Wɔkɔgyinaa nʼanim, maa Naaman kaa sɛ, “Afei na mahunu sɛ Onyankopɔn nni ewiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛdeɛ yi.”
И возвратился к человеку Божию он и все сопровождавшие его, и пришел, и стал пред ним, и сказал: вот, я узнал, что на всей земле нет Бога, как только у Израиля; итак прими дар от раба твоего.
16 Nanso, Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara.” Ɛwom sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye.
И сказал он: жив Господь, пред лицем Которого стою! не приму. И тот принуждал его взять, но он не согласился.
17 Afei, Naaman kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, ma me ɛkwan na memfa ɛha dɔteɛ atifi mmienu nsoa me mfunumpɔnkɔ mmienu, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Ɛfiri ɛnnɛ, Awurade akyi no, meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame bi bio.
И сказал Нееман: если уже не так, то пусть рабу твоему дадут земли, сколько снесут два лошака, потому что не будет впредь раб твой приносить всесожжения и жертвы другим богам, кроме Господа;
18 Na mesrɛ sɛ, Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfie akɔsom, na mesosɔ ne mu a, me nso mɛkoto enti, Awurade mfa nkyɛ me.”
только вот в чем да простит Господь раба твоего: когда пойдет господин мой в дом Риммона для поклонения там и опрется на руку мою, и поклонюсь я в доме Риммона, то, за мое поклонение в доме Риммона, да простит Господь раба твоего в случае сем.
19 Elisa kaa sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu.” Enti, Naaman sane sii ɛkwan so.
И сказал ему: иди с миром. И он отъехал от него на небольшое пространство земли.
20 Nanso, Elisa ɔsomfoɔ Gehasi kaa wɔ ne tirim sɛ, “Anka ɛnsɛ sɛ me wura ma Aramni yi kɔ a wannye akyɛdeɛ yi. Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, mɛti no, na makɔgye biribi afiri ne nkyɛn.”
И сказал Гиезий, слуга Елисея, человека Божия: вот, господин мой отказался взять из руки Неемана, этого Сириянина, то, что он приносил. Жив Господь! Побегу я за ним, и возьму у него что-нибудь.
21 Enti, Gehasi tii no. Ɛberɛ a Naaman hunuu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no. Naaman bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?”
И погнался Гиезий за Нееманом. И увидел Нееман бегущего за собою, и сошел с колесницы навстречу ему, и сказал: с миром ли?
22 Gehasi buaa sɛ, “Aane, nanso me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, mmabunu baanu bi a wɔyɛ adiyifoɔ a wɔfiri Efraim kuro a ɛda bepɔ so no mu abɛduru seesei ara. Ɔse ɔrepɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan ne ntadeɛ nsakyeramu mmienu de ama wɔn.”
Он отвечал: с миром; господин мой послал меня сказать: “вот, теперь пришли ко мне с горы Ефремовой два молодых человека из сынов пророческих; дай им талант серебра и две перемены одежд”.
23 Naaman kaa sɛ, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa ɛnan yi.” Ɔmaa no ntadeɛ nsakyeramu mmienu, kyekyeree sika no wɔ nkotokuo mmienu mu, yii asomfoɔ baanu soaa akyɛdeɛ no, maa Gehasi.
И сказал Нееман: возьми, пожалуй, два таланта. И упрашивал его. И завязал он два таланта серебра в два мешка и две перемены одежд и отдал двум слугам своим, и понесли перед ним.
24 Nanso, wɔduruu bepɔ no so no, Gehasi gyee akyɛdeɛ no firii asomfoɔ no nkyɛn, ma wɔsane wɔn akyi kɔeɛ. Afei, ɔde akyɛdeɛ no kɔsiee efie no mu.
Когда он пришел к холму, то взял из рук их и спрятал дома. И отпустил людей, и они ушли.
25 Ɛberɛ a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Gehasi, wokɔɔ he?” Ɔbuaa sɛ, “Menkɔɔ baabiara.”
Когда он пришел и явился к господину своему, Елисей сказал ему: откуда, Гиезий? И сказал он: никуда не ходил раб твой.
26 Nanso, Elisa bisaa no sɛ, “Woanhunu sɛ ɛberɛ a Naaman si firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa wo no, na mewɔ hɔ honhom mu? Saa ɛberɛ yi na ɛsɛ sɛ wogye sika ne ntadeɛ ne ngo dua mfuo ne bobe mfuo ne nnwan ne anantwie ne asomfoɔ?
И сказал он ему: разве сердце мое не сопутствовало тебе, когда обратился навстречу тебе человек тот с колесницы своей? время ли брать серебро и брать одежды, или масличные деревья и виноградники, и мелкий или крупный скот, и рабов или рабынь?
27 Deɛ woayɛ yi enti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ.” Ɛberɛ a Gehasi firii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sɛ sukyerɛmma.
Пусть же проказа Нееманова пристанет к тебе и к потомству твоему навек. И вышел он от него белый от проказы, как снег.

< 2 Ahemfo 5 >