< 2 Ahemfo 23 >

1 Afei, ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa.
And the king sent, and they gathered to him all the elders of Judah and of Jerusalem.
2 Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ a ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee Apam Nwoma a wɔahunu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
And the king went up into the house of the LORD, and all the men of Judah and all the inhabitants of Jerusalem with him, and the priests, and the prophets, and all the people, both small and great: and he read in their hearing all the words of the book of the covenant which was found in the house of the LORD.
3 Ɔhene no tenaa beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade mmaransɛm ahyɛdeɛ ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɛkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛeɛ ahodoɔ a na wɔatwerɛ wɔ nwoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛdi so.
And the king stood by a pillar, and made a covenant before the LORD, to walk after the LORD, and to keep his commandments and his testimonies and his statutes with all their heart and all their soul, to perform the words of this covenant that were written in this book. And all the people joined in the covenant.
4 Afei, ɔhene hyɛɛ ɔsɔfopanin Hilkia ne asɔfoɔ akunini ne asɔredan sohwɛfoɔ nyinaa sɛ, wɔnyiyi nneɛma a na wɔde som Baal ne Asera ne ewiem atumfoɔ no nyinaa mfiri Awurade asɔredan no mu. Ɔhene no ma wɔhyee ne nyinaa wɔ Kidron bɔnhwa a ɛwɔ Yerusalem mfikyire no, soaa ne nsõ de kɔɔ Bet-El.
And the king commanded Hilkiah the high priest, and the priests of the second order, and the keepers of the door, to bring forth out of the temple of the LORD all the vessels that were made for Baal, and for the grove, and for all the host of heaven: and he burned them without Jerusalem in the fields of Kidron, and carried the ashes of them to Bethel.
5 Ɔpamoo abosom akɔmfoɔ a Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no yii wɔn no nyinaa, ɛfiri sɛ, na wɔhye nnuhwam wɔ Yuda abosomfie nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akɔduru Yerusalem kurom. Wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia, ɔsrane ne nsoromma ne ewiem atumfoɔ.
And he put down the idolatrous priests, whom the kings of Judah had ordained to burn incense in the high places in the cities of Judah, and in the places around Jerusalem; them also that burned incense to Baal, to the sun, and to the moon, and to the planets, and to all the host of heaven.
6 Ɔhene no tuu Asera afɔrebukyia no firii Awurade asɔredan mu, de kɔɔ Yerusalem mfikyire wɔ Kidron bɔnhwa mu hɔ kɔhyee no. Afei, ɔyam dua no muhumuhu, kɔtoo ne mfuturo no guu amusieeɛ.
And he brought out the grove from the house of the LORD, without Jerusalem, to the brook Kidron, and burned it at the brook Kidron, and stamped it small to powder, and cast the powder of it upon the graves of the children of the people.
7 Ɔdwirii asɔreeɛ adwamanfoɔ adan a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu no, baabi a na mmaa no nwono nkatahotam, de kata Asera dua no ho no nyinaa guiɛ.
And he broke down the houses of the sodomites, that were by the house of the LORD, where the women wove hangings for the grove.
8 Yosia sane de Awurade asɔfoɔ no a na wɔtete Yuda nkuro afoforɔ so no nyinaa baa Yerusalem. Ɛfiri Geba kɔsi Beer-Seba, ɔsɛee ɛhɔ abosonnan no nyinaa. Saa beaeɛ no na na wɔhye nnuhwam no. Ɔbubuu abosonnan a ɛwɔ Yosua a na ɔyɛ Yerusalem amrado no ɛpono ano. Sɛ obi rewura kuropɔn no mu a ɔbɛhunu saa ɛpono no wɔ kuropɔn ɛpono no benkum so.
And he brought all the priests out of the cities of Judah, and defiled the high places where the priests had burnt incense, from Geba to Beersheba, and broke down the high places of the gates that were in the entrance of the gate of Joshua the governor of the city, which were on a man’s left hand at the gate of the city.
9 Asɔfoɔ a na wɔsom abosonnan no mu no, na wɔmma wɔn ɛkwan mma wɔnnsom wɔ Awurade afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem no so, nanso na wɔma wɔne asɔfoɔ a aka no di burodo a mmɔreka nni mu no.
Nevertheless the priests of the high places came not up to the altar of the LORD in Jerusalem, but they ate of the unleavened bread among their brethren.
10 Afei, ɔhene no sɛee Tofet afɔrebukyia a na ɛwɔ Ben-Hinom bɔnhwa no mu no enti, na obiara ntumi mfa ne babarima anaa ne babaa mmɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu wɔ so sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Molek bio.
And he defiled Topheth, which is in the valley of the children of Hinnom, that no man might make his son or his daughter to pass through the fire to Molech.
11 Ɔtutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a ɛsisi Awurade Asɔredan ɛkwan no ano a Yuda ahemfo too edin maa owia no nyinaa firii hɔ. Na ne nyinaa wowɔ adihɔ a ɛbɛn opiani bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyee nteaseɛnam a na wɔato edin ama owia no.
And he took away the horses that the kings of Judah had given to the sun, at the entrance of the house of the LORD, by the chamber of Nathanmelech the chamberlain, which was in the common lands, and burned the chariots of the sun with fire.
12 Yosia bubuu afɔrebukyia a Yuda ahemfo sisii wɔ ahemfie no atifi wɔ Ahas dan apampam no nyinaa. Ɔhene no bubuu afɔrebukyia a Manase sisii wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ no nyinaa guiɛ. Ɔdwirii no pasapasa, too ne nkunkumaboɔ no petee Kidron bɔnhwa no mu.
And the altars that were on the top of the upper chamber of Ahaz, which the kings of Judah had made, and the altars which Manasseh had made in the two courts of the house of the LORD, did the king beat down, and broke them down from there, and cast the dust of them into the brook Kidron.
13 Ɔhene no sane guu abosonnan a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no ne deɛ ɛwɔ Ɔsɛeɛ Bepɔ no anafoɔ fam no. Saa beaeɛ no na Israelhene Salomo sisii abosonnan maa Astoret, a ɛyɛ Sidonfoɔ bosom bɔne, ne Kemos, Moabfoɔ bosom bɔne, ne Molek, Amonfoɔ bosom bɔne.
And the high places that were before Jerusalem, which were on the right hand of the mount of corruption, which Solomon the king of Israel had built for Ashtoreth the abomination of the Zidonians, and for Chemosh the abomination of the Moabites, and for Milcom the abomination of the children of Ammon, did the king defile.
14 Yosia dwerɛɛ afadum kronkron no nyinaa, bubuu Asera afɔrebukyia no. Ɔde nnipa nnompe guguu ne nyinaa so.
And he broke in pieces the images, and cut down the groves, and filled their places with the bones of men.
15 Ɔhene no sane bubuu afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El abosonnan a Nebat babarima Yeroboam yɛeɛ ɛberɛ a ɔdii Israel anim, de wɔn kɔɔ bɔne mu no. Yosia yam aboɔ no, ma ɛdanee mfuturo, hyee Asera dua no.
Moreover the altar that was at Bethel, and the high place which Jeroboam the son of Nebat, who made Israel to sin, had made, both that altar and the high place he broke down, and burned the high place, and stamped it small to powder, and burned the grove.
16 Ɛberɛ a Yosia retoto nʼani no, ɔhunuu damena pii wɔ kokoɔ no nkyɛnmu. Ɔhyɛɛ sɛ wɔntu nnompe no, na ɔhyee ne nyinaa wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El no so, de guu afɔrebukyia no ho fi. Yei siiɛ sɛdeɛ Awurade nam Onyankopɔn onipa so ahyɛ no, ɛberɛ a Yeroboam kɔgyinaa afɔrebukyia no ho wɔ afahyɛ da no. Afei Yosia danee ne ho hwɛɛ Onyankopɔn onipa a ɔhyɛɛ yeinom nyinaa ho nkɔm no damena.
And as Josiah turned himself, he espied the sepulchres that were there on the mount, and sent, and took the bones out of the sepulchres, and burned them upon the altar, and polluted it, according to the word of the LORD which the man of God proclaimed, who proclaimed these words.
17 Yosia bisaa sɛ, “Nkaeɛdum bɛn na ɛwɔ nohoa no?” Na nnipa a wɔwɔ kuro no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a ɔfiri Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi seesei wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda.”
Then he said, What title is that which I see? And the men of the city told him, It is the sepulchre of the man of God, who came from Judah, and proclaimed these things that thou hast done against the altar of Bethel.
18 Yosia buaa sɛ, “Momma no nwɔ hɔ. Obiara mmfa ne nsa nka ne nnompe no.” Ɛno enti, wɔanhye ne nnompe no anaa odiyifoɔ akɔkoraa a ɔfiri Samaria no deɛ nso.
And he said, Let him alone; let no man move his bones. So they let his bones alone, with the bones of the prophet that came out of Samaria.
19 Na Yosia bubuu abosonnan no a ɛwɔ Samaria no, sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Bet-El no. Israel ahemfo ahodoɔ bi na wɔsisiiɛ de hyɛɛ Awurade abufuo.
And all the houses also of the high places that were in the cities of Samaria, which the kings of Israel had made to provoke the LORD to anger, Josiah took away, and did to them according to all the acts that he had done in Bethel.
20 Ɔkunkumm asɔreeɛ so abosomfoɔ no wɔ wɔn ankasa afɔrebukyia so, na ɔhyee nnipa nnompe wɔ afɔrebukyia ahodoɔ no so, de guu ho fi. Akyire yi, ɔsane kɔɔ Yerusalem.
And he slew all the priests of the high places that were there upon the altars, and burnt men’s bones upon them, and returned to Jerusalem.
21 Ɔhene Yosia hyɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ ma Awurade, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Apam Nwoma mu no.”
And the king commanded all the people, saying, Keep the passover to the LORD your God, as it is written in the book of this covenant.
22 Ɛfiri ɛberɛ a atemmufoɔ dii Israel so mfeɛ bebree a atwam wɔ Israel ne Yuda ahemfo so no, wɔnnii Twam Afahyɛ no bi saa da.
Surely there was not held such a passover from the days of the judges that judged Israel, nor in all the days of the kings of Israel, nor of the kings of Judah;
23 Ɛberɛ a ɔhene Yosia dii mfeɛ dunwɔtwe wɔ akonnwa so no na wɔdii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yerusalem maa Awurade.
But in the eighteenth year of king Josiah, when this passover was held to the LORD in Jerusalem.
24 Yosia tɔre asamanfrɛfoɔ ne adunsifoɔ ne afie mu anyame ne ahonisom biara ase wɔ Yerusalem ne Yuda asase so baabiara. Ɔyɛɛ saa de dii mmara a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu wɔ Awurade Asɔredan mu no so.
Moreover the mediums, and the wizards, and the images, and the idols, and all the abominations that were seen in the land of Judah and in Jerusalem, did Josiah put away, that he might perform the words of the law which were written in the book that Hilkiah the priest found in the house of the LORD.
25 Ɔhene biara mmaeɛ a ɔte sɛ Yosia a ɔde nʼakoma, ne kra ne nʼahoɔden ama Awurade na ɔnam so adi Mose mmara nyinaa so. Na ɔhene biara nso mmaeɛ a ɔte sɛ ɔno.
And like him was there no king before him, that turned to the LORD with all his heart, and with all his soul, and with all his might, according to all the law of Moses; neither after him arose there any like him.
26 Nanso, yei nyinaa akyi no, Awurade abufuo no dɛre tiaa Yuda, ɛsiane bɔne akɛseɛ a Ɔhene Manase yɛeɛ no. Ɛno enti, wanyi nʼabufuhyeɛ no amfiri wɔn so.
However the LORD turned not from the fierceness of his great wrath, with which his anger was kindled against Judah, because of all the provocations by which Manasseh had provoked him.
27 Awurade kaa sɛ, “Mɛsɛe Yuda, sɛdeɛ mesɛee Israel no. Mɛpam nnipa no afiri mʼanim, na mapo me kuropɔn Yerusalem ne Asɔredan a anka ɛsɛ sɛ wɔhyɛ me din animuonyam wɔ mu no.”
And the LORD said, I will remove Judah also out of my sight, as I have removed Israel, and will cast off this city Jerusalem which I have chosen, and the house of which I said, My name shall be there.
28 Yosia ahennie ho asɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
Now the rest of the acts of Josiah, and all that he did, are they not written in the book of the chronicles of the kings of Judah?
29 Ɛberɛ a Yosia di ɔhene no, Misraimhene Farao Neko kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho kɔboaa Asiriahene. Ɔhene Yosia de nʼakodɔm tuu sa, kɔko tiaa no, nanso ɛberɛ a wɔhyiaa wɔ Megido no, ɔhene Neko kumm no.
In his days Pharaohnechoh king of Egypt went up against the king of Assyria to the river Euphrates: and king Josiah went against him; and he slew him at Megiddo, when he had seen him.
30 Yosia akodɔm mu mpanimfoɔ no de nʼamu no too teaseɛnam mu firii Megido, baa Yerusalem bɛsiee no ɔno ankasa ɔboda mu. Na nnipa no sraa ne babarima Yehoahas ngo, sii no ɔhene.
And his servants carried him in a chariot dead from Megiddo, and brought him to Jerusalem, and buried him in his own sepulchre. And the people of the land took Jehoahaz the son of Josiah, and anointed him, and made him king in his father’s stead.
31 Ɛberɛ a Yehoahas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmiɛnsa, na ɔdii adeɛ Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa a na ne din de Hamutal.
Jehoahaz was twenty and three years old when he began to reign; and he reigned three months in Jerusalem. And his mother’s name was Hamutal, the daughter of Jeremiah of Libnah.
32 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ.
And he did that which was evil in the sight of the LORD, according to all that his fathers had done.
33 Farao Neko de Yehoahas too afiase wɔ Ribla wɔ Hamat asase so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nni ɔhene wɔ Yerusalem. Afei, ɔbisaa sɛ Yuda ntua toɔ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan sɛ apeatoɔ.
And Pharaohnechoh put him in bonds at Riblah in the land of Hamath, that he might not reign in Jerusalem; and subjected the land to a tribute of an hundred talents of silver, and a talent of gold.
34 Afei, Farao Neko de Eliakim a ɔyɛ Yosia babarima, dii adeɛ, ma ɔsii nʼagya ananmu. Ɔsesaa Eliakim din frɛɛ no Yehoiakim. Wɔde Yehoahas kɔɔ Misraim sɛ odeduani, na ɔwuu wɔ hɔ.
And Pharaohnechoh made Eliakim the son of Josiah king in the stead of Josiah his father, and changed his name to Jehoiakim, and took Jehoahaz away: and he came to Egypt, and died there.
35 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya dwetɛ ne sikakɔkɔɔ toɔ a Farao Neko regye no, Yehoiakim gyegyee akwabrantoɔ firii Yudafoɔ nkyɛn. Obiara tuaa sɛdeɛ nʼahonya teɛ.
And Jehoiakim gave the silver and the gold to Pharaoh; but he taxed the land to give the money according to the commandment of Pharaoh: he exacted the silver and the gold from the people of the land, from every one according to his assessment, to give it to Pharaohnechoh.
36 Ɛberɛ a Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ dubaako. Na ne maame din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa.
Jehoiakim was twenty and five years old when he began to reign; and he reigned eleven years in Jerusalem. And his mother’s name was Zebudah, the daughter of Pedaiah of Rumah.
37 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no.
And he did that which was evil in the sight of the LORD, according to all that his fathers had done.

< 2 Ahemfo 23 >