< 2 Korintofoɔ 4 >

1 Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno enti, ɛmma yɛn akoma ntu.
অপরঞ্চ ৱযং করুণাভাজো ভূৎৱা যদ্ এতৎ পরিচারকপদম্ অলভামহি নাত্র ক্লাম্যামঃ,
2 Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwudeyɛ nyinaa. Yɛnnaadaa na yɛntwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma ɔnnye deɛ Atwerɛsɛm no nkaeɛ nni. Yɛgyae saa aniwudeɛ no nyinaa. Yɛgyina Onyankopɔn anim kasa enti yɛka nokorɛ ma wɔn a wɔnim yɛn no nyinaa gye di.
কিন্তু ত্রপাযুক্তানি প্রচ্ছন্নকর্ম্মাণি ৱিহায কুটিলতাচরণমকুর্ৱ্ৱন্ত ঈশ্ৱরীযৱাক্যং মিথ্যাৱাক্যৈরমিশ্রযন্তঃ সত্যধর্ম্মস্য প্রকাশনেনেশ্ৱরস্য সাক্ষাৎ সর্ৱ্ৱমানৱানাং সংৱেদগোচরে স্ৱান্ প্রশংসনীযান্ দর্শযামঃ|
3 Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera.
অস্মাভি র্ঘোষিতঃ সুসংৱাদো যদি প্রচ্ছন্নঃ; স্যাৎ তর্হি যে ৱিনংক্ষ্যন্তি তেষামেৱ দৃষ্টিতঃ স প্রচ্ছন্নঃ;
4 Wɔnnye nni, ɛfiri sɛ, ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn firi hann a ɛto gu wɔn so no ho; hann a ɛfiri Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn animuonyam no ho no. (aiōn g165)
যত ঈশ্ৱরস্য প্রতিমূর্ত্তি র্যঃ খ্রীষ্টস্তস্য তেজসঃ সুসংৱাদস্য প্রভা যৎ তান্ ন দীপযেৎ তদর্থম্ ইহ লোকস্য দেৱোঽৱিশ্ৱাসিনাং জ্ঞাননযনম্ অন্ধীকৃতৱান্ এতস্যোদাহরণং তে ভৱন্তি| (aiōn g165)
5 Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu enti, yɛyɛ mo asomfoɔ.
ৱযং স্ৱান্ ঘোষযাম ইতি নহি কিন্তু খ্রীষ্টং যীশুং প্রভুমেৱাস্মাংশ্চ যীশোঃ কৃতে যুষ্মাকং পরিচারকান্ ঘোষযামঃ|
6 Onyankopɔn a ɔkaa sɛ, “Hann mfiri esum mu nhyerɛn no” ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn akoma mu, ama yɛanya Onyankopɔn animuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.
য ঈশ্ৱরো মধ্যেতিমিরং প্রভাং দীপনাযাদিশৎ স যীশুখ্রীষ্টস্যাস্য ঈশ্ৱরীযতেজসো জ্ঞানপ্রভাযা উদযার্থম্ অস্মাকম্ অন্তঃকরণেষু দীপিতৱান্|
7 Yɛte sɛ nkukuo a wɔde agyapadeɛ asie mu. Tumi ankasa no firi Onyankopɔn na ɛmfiri yɛn.
অপরং তদ্ ধনম্ অস্মাভি র্মৃণ্মযেষু ভাজনেষু ধার্য্যতে যতঃ সাদ্ভুতা শক্তি র্নাস্মাকং কিন্ত্ৱীশ্ৱরস্যৈৱেতি জ্ঞাতৱ্যং|
8 Yɛtaa hunu amane, nanso wɔnnsɛee yɛn. Mpo sɛ yɛnnim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ a yɛmpa aba.
ৱযং পদে পদে পীড্যামহে কিন্তু নাৱসীদামঃ, ৱযং ৱ্যাকুলাঃ সন্তোঽপি নিরুপাযা ন ভৱামঃ;
9 Amaneɛ mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio.
ৱযং প্রদ্রাৱ্যমানা অপি ন ক্লাম্যামঃ, নিপাতিতা অপি ন ৱিনশ্যামঃ|
10 Mmerɛ nyinaa yɛn onipadua no soa Yesu wu a ɔwuiɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu.
১০অস্মাকং শরীরে খ্রীষ্টস্য জীৱনং যৎ প্রকাশেত তদর্থং তস্মিন্ শরীরে যীশো র্মরণমপি ধারযামঃ|
11 Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu enti, yɛte hɔ ma owuo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn onipadua a ɛwu no mu.
১১যীশো র্জীৱনং যদ্ অস্মাকং মর্ত্ত্যদেহে প্রকাশেত তদর্থং জীৱন্তো ৱযং যীশোঃ কৃতে নিত্যং মৃত্যৌ সমর্প্যামহে|
12 Yei kyerɛ sɛ owuo di ne dwuma wɔ yɛn mu ɛnna nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.
১২ইত্থং ৱযং মৃত্যাক্রান্তা যূযঞ্চ জীৱনাক্রান্তাঃ|
13 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mekasaeɛ, ɛfiri sɛ, na megye di.” Saa honhom mu gyidie no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, ɛfiri sɛ, yɛgye di.
১৩ৱিশ্ৱাসকারণাদেৱ সমভাষি মযা ৱচঃ| ইতি যথা শাস্ত্রে লিখিতং তথৈৱাস্মাভিরপি ৱিশ্ৱাসজনকম্ আত্মানং প্রাপ্য ৱিশ্ৱাসঃ ক্রিযতে তস্মাচ্চ ৱচাংসি ভাষ্যন্তে|
14 Yɛnim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre firii awufoɔ mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim.
১৪প্রভু র্যীশু র্যেনোত্থাপিতঃ স যীশুনাস্মানপ্যুত্থাপযিষ্যতি যুষ্মাভিঃ সার্দ্ধং স্ৱসমীপ উপস্থাপযিষ্যতি চ, ৱযম্ এতৎ জানীমঃ|
15 Mo enti na yeinom bɛba mu; na sɛdeɛ Onyankopɔn adom no reduru nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpaeɛ ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no animuonyam.
১৫অতএৱ যুষ্মাকং হিতায সর্ৱ্ৱমেৱ ভৱতি তস্মাদ্ বহূনাং প্রচুরানুগ্রহপ্রাপ্তে র্বহুলোকানাং ধন্যৱাদেনেশ্ৱরস্য মহিমা সম্যক্ প্রকাশিষ্যতে|
16 Esiane yei enti, yɛn bo ntu. Ɛwom sɛ yɛn onipadua no reporɔ nkakrankakra deɛ, nanso yɛn honhom no deɛ, ɛsesa yɛ foforɔ da biara da.
১৬ততো হেতো র্ৱযং ন ক্লাম্যামঃ কিন্তু বাহ্যপুরুষো যদ্যপি ক্ষীযতে তথাপ্যান্তরিকঃ পুরুষো দিনে দিনে নূতনাযতে|
17 Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. (aiōnios g166)
১৭ক্ষণমাত্রস্থাযি যদেতৎ লঘিষ্ঠং দুঃখং তদ্ অতিবাহুল্যেনাস্মাকম্ অনন্তকালস্থাযি গরিষ্ঠসুখং সাধযতি, (aiōnios g166)
18 Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yɛhunu so, na mmom, nneɛma a yɛnhunu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Deɛ wɔtumi hunu no ntena hɔ nkyɛ, nanso deɛ yɛntumi nhunu no tena hɔ daa. (aiōnios g166)
১৮যতো ৱযং প্রত্যক্ষান্ ৱিষযান্ অনুদ্দিশ্যাপ্রত্যক্ষান্ উদ্দিশামঃ| যতো হেতোঃ প্রত্যক্ষৱিষযাঃ ক্ষণমাত্রস্থাযিনঃ কিন্ত্ৱপ্রত্যক্ষা অনন্তকালস্থাযিনঃ| (aiōnios g166)

< 2 Korintofoɔ 4 >