< 2 Berɛsosɛm 28 >

1 Ahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Wanyɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no.
Ahaz was twenty years old when he began to reign, and he reigned sixteen years in Jerusalem. He did not do what was right in the eyes of Yahweh, as David his ancestor had done.
2 Mmom, ɔyɛɛ deɛ Israel ahemfo yɛeɛ no bi, yɛɛ ahoni a wɔde som Baal.
Instead, he walked in the ways of the kings of Israel; he also made cast metal figures for the Baals.
3 Ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ Hinom babarima bɔnhwa mu, na mpo ɔde ne mmammarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Ɔsuaa akyiwadeɛ a abosonsom aman no yɛeɛ a enti Awurade pamoo wɔn firii asase no so ansa na Israelfoɔ rekɔduru hɔ.
In addition, he burned incense in the Valley of Ben Hinnom and he caused his children to pass through the fire, according to the idolatrous practices of the people that Yahweh forced out of their land before the people of Israel.
4 Ɔbɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ abosomfie, mmepɔ so ne dua frɔmfrɔm biara ase.
He sacrificed and burned incense at the high places and on the hills and under every green tree.
5 Ɛno enti na Awurade, ne Onyankopɔn, maa Aramhene kwan dii Ahas so nkonim, twaa ne nkurɔfoɔ bebree asuo kɔɔ Damasko no. Israel akodɔm bebree nso dii Ahas so nkonim, kunkumm nʼakodɔm no bebree nso.
Therefore Yahweh the God of Ahaz gave him into the hand of the king of Aram. The Arameans defeated him and carried away from him a great crowd of prisoners, bringing them to Damascus. Ahaz was also given into the hand of the king of Israel who defeated him in a great slaughter.
6 Israelhene Peka, a ɔyɛ Remalia babarima de da koro kunkumm Yuda akodɔm no nnipa ɔpeha aduonu, ɛfiri sɛ, na wɔapo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn.
For Pekah son of Remaliah in one day killed 120,000 soldiers in Judah and all of them were powerful men, because they had forsaken Yahweh the God of their ancestors.
7 Afei, Sikri, ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔfiri Efraim, kunkumm Maaseia a ɔyɛ ɔhene babarima Asrikam, a ɔyɛ ahemfie so sahene ne Elkana, a ɔyɛ ɔhene sahene abadiakyire no.
Zicri, a powerful man from Ephraim, killed Maaseiah the king's son, Azrikam, the official over the palace, and Elkanah, who was next to the king.
8 Israelfoɔ akodɔm kyekyeree mmaa ne Yuda mmɔfra ɔpehanu, faa asadeɛ bebree, de kɔɔ Samaria.
The army of Israel took captive from their relatives 200,000 wives, sons, and daughters. They also took much plunder, which they carried back to Samaria.
9 Na Awurade odiyifoɔ a ne din de Oded wɔ Samaria hɔ wɔ ɛberɛ a Israel akodɔm sane baa efie no. Ɔkɔhyiaa wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, bo fuu Yuda, na ɔmaa modii wɔn so nkonim. Nanso, moayɛ ma aboro so dodo sɛ mode atirimuɔden akunkum wɔn, ama aha ɔsoro nyinaa.
But a prophet of Yahweh was there, his name was Oded. He went out to meet the army coming into Samaria. He said to them, “Because Yahweh, the God of your ancestors, was angry with Judah, he gave them into your hand. But you have slaughtered them in a rage that reached up to heaven.
10 Na seesei, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wɔfiri Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa Awurade, mo Onyankopɔn no, ho asɛm te sɛn?
Now you intend to keep the men and women of Judah and Jerusalem as your slaves. But are you not guilty of sins of your own against Yahweh your God?
11 Montie me, na monnyaa saa nneduafoɔ a wɔwɔ mo nsam no, ɛfiri sɛ, wɔyɛ mo ankasa mo abusuafoɔ. Monhwɛ no yie, ɛfiri sɛ, seesei, wɔadane Awurade abufuhyeɛ no aba mo so!”
Now then, listen to me: Send the prisoners back, those whom you have taken of your own brothers, for Yahweh's fierce wrath is on you.”
12 Na Israel ntuanofoɔ bi a wɔn ne Yehohanan babarima Asaria, Mesilemot babarima Berekia, Salum babarima Yehiskia ne Hadlai babarima Amasa penee yei so, na wɔne mmarima a wɔfiri akono reba no kaa sɛ,
Then certain leaders of the people of Ephraim—Azariah son of Jehohanan, Berechiah son of Meshillemoth, Jehizkiah son of Shallum, and Amasa son of Hadlai, stood up against those who came back from the war.
13 “Mommfa nneduafoɔ no mma ha! Yɛrentumi mfa nka yɛn bɔne ne yɛn afɔdie ho. Yɛn afɔdie so dada, na wɔadane Awurade abufuhyeɛ no aba Israel so dada.”
They said to them, “You must not bring the prisoners here, for you intend something that will bring on us sin against Yahweh, to add to our sins and trespasses, for our trespass is great, and there is fierce wrath against Israel.”
14 Enti, akofoɔ no gyaee nneduafoɔ no de asadeɛ no maeɛ, wɔ ɔmanfoɔ no ne ntuanofoɔ no anim.
So the armed men left the prisoners and the plunder before the leaders and all the assembly.
15 Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntadeɛ a ɛwɔ asadeɛ no mu no maa nneduafoɔ a wɔda adagya no. Wɔmaa wɔn ntadeɛ ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuane pii ne nsuo, de ngo guguu wɔn apirakuro mu. Wɔde wɔn a wɔyɛ mmrɛ no tenatenaa mfunumu so, de nneduafoɔ no nyinaa sane baa wɔn asase Yeriko, mmɛkuro, no so. Afei, wɔsane kɔɔ Samaria.
The men who were assigned by name got up and took the prisoners, and clothed all who were naked among them with the plunder. They clothed them and gave them sandals. They gave them food to eat and drink. They treated their wounds and put the weak ones on donkeys. They took them back to their families in Jericho, (called the City of Palms). Then they returned to Samaria.
16 Saa ɛberɛ no mu, Yudahene Ahas kɔsrɛɛ Asiriahene sɛ ɔmmɛboa no na ɔnkɔko ntia nʼatamfoɔ.
At that time King Ahaz sent messengers to the kings of Assyria to ask them to help him.
17 Bio, na Edom akodɔm adi Yuda so nkonim, akyekyere binom nnommum.
For once again the Edomites had come and attacked Judah, carrying prisoners away.
18 Na Filistifoɔ ato ahyɛ nkuro a ɛwɔ Yuda mmepɔ ayaase ne Negeb so. Na wɔako afa Bet-Semes, Ayalon, Gederot ne Soko ne wɔn nkurotoɔ ne Timna ne Gimso ne wɔn nkurotoɔ no. Na Filistifoɔ no tenatenaa saa nkuro yi so.
The Philistines also invaded the cities of the lowlands and of the Negev of Judah. They took Beth Shemesh, Aijalon, Gederoth, Soko with its villages, Timnah with its villages, and also Gimzo with its villages. They went to live in those places.
19 Na Awurade rebrɛ Yuda ase, ɛsiane Yudahene Ahas enti, ɛfiri sɛ, na ɔboa ne nkurɔfoɔ ma wɔyɛ bɔne, na na ɔnni Awurade nokorɛ korakora nso.
For Yahweh brought Judah low because of Ahaz, king of Israel; for he had acted wickedly in Judah and had sinned against Yahweh very heavily.
20 Enti, ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser bɛduruiɛ no a anka ɛsɛ sɛ ɔboa ɔhene Ahas no, ɔhyɛɛ no so mmom.
Tiglath-Pileser, king of Assyria, came to him and troubled him instead of strengthening him.
21 Ahas tasee nneɛma a ɛsom bo firii Awurade asɔredan no mu, ahemfie hɔ ne ne mpanimfoɔ afie mu, de kɔmaa Asiriahene sɛ ne toɔ. Nanso, yei mpo, ammoa no.
For Ahaz plundered the house of Yahweh and the houses of the king and the leaders, to give the valuable things to the kings of Assyria. But doing this did not benefit him.
22 Na sɛ ɔhaw bi ba ɔhene Ahas so mpo a, ɔkɔ so yɛ asoɔden ma Awurade.
This same King Ahaz sinned even more against Yahweh in his time of suffering.
23 Ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Damasko anyame a wɔdii ne so nkonim no, na ɔkaa sɛ, “Saa anyame yi na wɔboaa Aram ahemfo enti, sɛ mebɔ afɔdeɛ ma wɔn a, wɔbɛboa me nso.” Nanso, wɔmaa no sɛeeɛ, ma Israel nyinaa sɛeeɛ.
For he sacrificed to the gods of Damascus, gods that had defeated him. He said, “Because the gods of the kings of Aram helped them, I will sacrifice to them, so that they might help me.” But they were the ruin of him and of all Israel.
24 Ɔhene no tasee nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa, bubuu mu asinasini. Ɔtotoo Awurade asɔredan no apono mu, sɛdeɛ obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Ɔsisii afɔrebukyia maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɛtwɛwa so baabiara.
Ahaz gathered together the furnishings of the house of God and cut them to pieces. He shut the doors of the house of Yahweh and he made for himself altars in every corner of Jerusalem.
25 Ɔyɛɛ abosonsom asɔreeɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ ma anyame foforɔ no. Ɔnam saa ɛkwan yi so, hyɛɛ Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn, abufuo.
In every city of Judah he made high places to burn sacrifices to other gods. He provoked Yahweh, the God of his ancestors, to anger.
26 Ahas ahennie ho nsɛm nkaeɛ no firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu.
Now the rest of his deeds, and all his ways, first and last, see, they are written in the book of the kings of Judah and Israel.
27 Ɔhene Ahas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Ne babarima Hesekia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Ahaz slept with his ancestors, and they buried him in the city, in Jerusalem, but they did not bring him into the tombs of the kings of Israel. Hezekiah, his son, became king in his place.

< 2 Berɛsosɛm 28 >