< 2 Berɛsosɛm 2 >
1 Afei, Salomo dwenee sɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔsi Awurade Asɔredan no ne nʼankasa nʼahemfie no aso.
솔로몬이 여호와의 이름을 위하여 전을 건축하고 자기 권영을 위하여 궁궐 건축하기를 결심하니라
2 Ɔfaa apaafoɔ ɔpeduɔson, abotwafoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ so aman mu ne nnipa mpem mmiɛnsa ne ahansia a wɔdi adwuma no anim.
솔로몬이 이에 담군 칠만과 산에 올라 작벌할 자 팔만과 일을 감독할 자 삼천 육백을 뽑고
3 Salomo too saa nkra yi kɔmaa Tirohene Huram: “Brɛ me ntweneduro nnua te sɛ deɛ wɔde brɛɛ mʼagya Dawid ɛberɛ a na ɔresi nʼahemfie no.
사자를 두로 왕 후람에게 보내어 이르되 당신이 전에 내 부친 다윗에게 백향목을 보내어 그 거할 궁궐을 건축하게 한 것 같이 내게도 그리하소서
4 Merebɛsi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Onyankopɔn din animuonyam. Ɛbɛyɛ beaeɛ bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhye nnuhwam ne kurobo wɔ nʼanim, nna afɔrebɔdeɛ burodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ homeda biara, anɔpa ne anwummerɛ, Ɔbosome Foforɔ biara afahyɛ ahodoɔ ne Awurade yɛn Onyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa.
이제 내가 나의 하나님 여호와의 이름을 위하여 전을 건축하여 구별하여 드리고 주 앞에서 향재료를 사르며 항상 떡을 진설하며 안식일과 초하루와 우리 하나님 여호와의 절기에 조석으로 번제를 드리려 하니 이는 이스라엘의 영원한 규례니이다
5 “Yei bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, ɛfiri sɛ, yɛn Onyankopɔn no yɛ ɔnwanwani a ɔso kyɛn ɔfoforɔ biara.
내가 건축하고자 하는 전은 크니 우리 하나님은 모든 신보다 크심이라
6 Hwan na ɔbɛtumi asi efie a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hwan a mɛsi asɔredan ama no? Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛsi baabi a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama no.
누가 능히 하나님을 위하여 전을 건축하리요 하늘과 하늘들의 하늘이라도 주를 용납지 못하겠거든 내가 누구관대 어찌 능히 위하여 전을 건축하리요 그 앞에 분향하려 할 따름이니이다
7 “Enti, ma me odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a ɔbɛtumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ adi adwini; obi a ɔnim sɛdeɛ wɔhyɛ ntoma aduro ma ɛyɛ bibire, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yie ne nsemayifoɔ a wakwadare adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfoɔ a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma.
이제 청컨대 당신은 금 은 동 철로 제조하며 자색 홍색 청색실로 직조하며 또 아로새길 줄 아는 공교한 공장하나를 내게 보내어 내 부친 다윗이 유다와 예루살렘에서 예비한 나의 공교한 공장과 함께 일하게 하고
8 “Afei, fa ntweneduro, pepeaa ne ɔbako nnua firi Lebanon brɛ me, ɛfiri sɛ, menim sɛ wo mmarima no akyi, obi nni hɔ wɔ nnuabuo mu, na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn.
또 레바논에서 백향목과 잣나무와 백단목을 내게로 보내소서 내가 알거니와 당신의 종은 레바논에서 벌목을 잘하나니 내 종이 당신의 종을 도울지라
9 Asɔredan a merebɛsi no kɛseɛ ne ne fɛ a ɛbɛyɛ enti, nnua bebree ho bɛhia me.
이와 같이 나를 위하여 재목을 많이 예비하게 하소서 내가 건축하려 하는 전은 크고 화려할 것이니이다
10 Mede atokoɔ susukora ɔpeduonu, nsã gyare ɔpeduonu ne edu ne ngo ɔpeduonu bɛtua wo mmarima no ka.”
내가 당신의 벌목하는 종에게 용정한 밀 이만석과 보리 이만석과 포도주 이만말과 기름 이만말을 주리이다 하였더라
11 Ɛnna ɔhene Huram twerɛɛ saa mmuaeɛ yi de kɔmaa Salomo: “Esiane sɛ Awurade dɔ ne nkurɔfoɔ enti na ɔde wo asi wɔn so ɔhene.
두로 왕 후람이 솔로몬에게 답장하여 가로되 여호와께서 그 백성을 사랑하시므로 당신을 세워 그 왕을 삼으셨도다
12 “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafoɔ a wadom no adwene ne nteaseɛ a ɔbɛsi Asɔredan ama Awurade ne ahemfie ama nʼankasa ho.
또 가로되 천지를 지으신 이스라엘 하나님 여호와는 송축을 받으실지로다 다윗 왕에게 지혜로운 아들을 주시고 명철과 총명을 품부하시사 능히 여호와를 위하여 전을 건축하고 자기 권영을 위하여 궁궐을 건축하게 하시도다
13 “Merebrɛ wo odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafoɔ mapa
내가 이제 공교하고 총명한 사람을 보내오니 전에 내 부친 후람에게 속하였던 자라
14 a ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso firi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ dwumfoɔ mapa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinnie ne ntomanwono ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfoɔ wɔ ntoma bibire, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na ɔtumi de serekyetam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ nsemayifoɔ a ɔtumi di adwini biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfoɔ ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma.
이 사람은 단의 여자 중 한 여인의 아들이요 그 아비는 두로 사람이라 능히 금, 은,동, 철과, 돌과, 나무와, 자색, 청색, 홍색실과, 가는 베로 일을 잘하며 또 모든 아로새기는 일에 익숙하고 모든 기묘한 식양에 능한 자니 당신의 공교한 공장과 당신의 부친 내 주 다윗의 공교한 공장과 함께 일하게 하소서
15 “Fa atokoɔ, ngo ne nsã a wokaa ho asɛm no bra.
내 주의 말씀하신 밀과 보리와 기름과 포도주는 주의 종들에게 보내소서
16 Nnua biara a ɛho hia no, yɛbɛtwa afiri Lebanon mmepɔ so, na yɛde ayɛ mpata agu nsuo ani, firi Ntam Ɛpo no mpoano akɔsi Yopa. Na ɛfiri hɔ no, wobɛtumi de akɔ Yerusalem.”
우리가 레바논에서 당신의 쓰실 만큼 벌목하여 떼를 엮어 바다에 띄워 욥바로 보내리니 당신은 수운하여 예루살렘으로 올리소서 하였더라
17 Salomo kan ahɔhoɔ dodoɔ a wɔwɔ Israel asase so, te sɛ deɛ nʼagya kenkanee nnipa no. Ɔnyaa nnipa ɔpeha aduonum mmiɛnsa ne ahansia.
전에 솔로몬의 부친 다윗이 이스라엘 땅에 거한 이방 사람을 조사하였더니 이제 솔로몬이 다시 조사하매 모두 십 오만 삼천 육 백인이라
18 Ɔmaa wɔn mu ɔpeduɔson yɛɛ apaafoɔ. Wɔn mu ɔpeduɔwɔtwe yɛɛ abotwafoɔ wɔ wɔn mmepɔ nkuro no so, ɛnna wɔn mu mpem mmiɛnsa ne ahansia yɛɛ wɔn a wɔdi nnwuma no anim.
그 중에 칠만인은 담군이 되게 하였고 팔만인은 산에서 벌목하게 하였고 삼천 육백인은 감독을 삼아 백성들에게 일을 시키게 하였더라