< 1 Samuel 7 >

1 Enti, Kiriat-Yearimfoɔ bɛgyee Awurade Apam Adaka no. Wɔde kɔɔ Abinadab efie a ɛda bepɔ nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wɔdwiraa ne babarima Eleasa sɛ ɔnhwɛ so.
Then the men of Kiriath-jearim arrived, and they led away the ark of the Lord. And they brought it into the house of Abinadab, in Gibeah. Then they sanctified Eleazar, his son, so that he might care for the ark of the Lord.
2 Apam Adaka no kyɛree yie wɔ Kiriat-Yearim. Ɛdii mfirinhyia aduonu wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no Israel nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ na ayɛ sɛ Awurade agya wɔn.
And it happened that, from that day, the ark of the Lord remained in Kiriath-jearim. And the days were multiplied (for it was now the twentieth year) and all the house of Israel rested, following the Lord.
3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, “Sɛ mode mo akoma nyinaa resane akɔ Awurade nkyɛn deɛ a, ɛnneɛ, montwe mo ho mfiri ananafoɔ anyame ne Astoret ahoni ho. Monsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ ɔsetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ nsam.”
Then Samuel spoke to the entire house of Israel, saying: “If you would return to the Lord with your whole heart, take away strange gods from among you, the Baals and Ashtaroth, and prepare your hearts for the Lord, and serve him alone. And he will rescue you from the hand of the Philistines.”
4 Enti, Israelfoɔ no too Baalim ne Astoret guiɛ, somm Awurade nko.
Therefore, the sons of Israel took away the Baals and Ashtaroth, and they served the Lord alone.
5 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpaeɛ mma mo.”
And Samuel said, “Gather all of Israel at Mizpah, so that I may pray for you to the Lord.”
6 Enti, wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn nyankomadeɛ mu no, wɔsaa nsuo firi abura bi mu, na wɔhwie guu Awurade anim. Wɔdii abuada ɛda no, na wɔkaa nokorɛ sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti, Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ.
And they convened at Mizpah. And they drew water, and they poured it out in the sight of the Lord. And on that day they fasted, and in that place they said, “We have sinned against the Lord.” And Samuel judged the sons of Israel at Mizpah.
7 Ɛberɛ a Filistifoɔ sodifoɔ no tee sɛ Israel nyinaa aboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, tu teneeɛ. Na Israelfoɔ no tee sɛ Filistifoɔ no rebɛn wɔn no, wɔn akoma tuu yie.
And the Philistines heard that the sons of Israel had gathered together at Mizpah. And the princes of the Philistines ascended against Israel. And when the sons of Israel had heard this, they were afraid before the face of the Philistines.
8 Wɔdwane toaa Samuel sɛ, “Srɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.”
And they said to Samuel, “May you not cease to cry out to the Lord our God on our behalf, so that he may save us from the hand of the Philistines.”
9 Enti, Samuel faa odwan ba a ɔnyiniiɛ de ne mua no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfoɔ, na Awurade tieeɛ.
Then Samuel took one suckling lamb, and he offered it whole, as a holocaust to the Lord. And Samuel cried out to the Lord on behalf of Israel, and the Lord heeded him.
10 Ɛberɛ a Samuel gu so rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛko. Nanso, Awurade de aprannaa nne a emu yɛ duru yie kasa firi soro, maa basabasayɛ sii Filistifoɔ no mu, maa Israelfoɔ no dii wɔn so nkonim.
Then it happened that, while Samuel was offering the holocaust, the Philistines began the battle against Israel. But the Lord thundered with a great crash, on that day, over the Philistines, and he terrified them, and they were cut down before the face of Israel.
11 Israel mmarima pamoo wɔn firi Mispa, kɔsii Bet-Kar, kunkumm wɔn guu ɛkwan so.
And the men of Israel, departing from Mizpah, pursued the Philistines, and they struck them down as far as the place which was below Bethcar.
12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ kɛseɛ bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no edin Ebeneser a aseɛ ne “Ɔboa boɔ” na ɔkaa sɛ, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abɛsi!”
Then Samuel took a single stone, and he placed it between Mizpah and Shen. And he called the name of this place: The Stone of Assistance. And he said, “For in this place the Lord gave assistance to us.”
13 Enti, wɔdii Filistifoɔ no so, na wɔantumi ammɛgye Israelfoɔ nsase amfa wɔ ɛberɛ tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifoɔ.
And the Philistines were humbled, and they no longer drew near, so that they might enter into the borders of Israel. And so, the hand of the Lord was over the Philistines during all the days of Samuel.
14 Na Israel nkuro a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifoɔ no agyegye no. Wɔde asase a aka a Filistifoɔ no agyegyeɛ no kaa ho. Ɛmaa asomdwoeɛ baa Israel ne Amorifoɔ ntam saa ɛberɛ no.
And the cities that the Philistines had taken from Israel were restored to Israel, from Ekron as far as Gath, with their borders. And he freed Israel from the hand of the Philistines. And there was peace between Israel and the Amorites.
15 Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ ne nkwa nna a aka nyinaa.
And Samuel judged Israel all the days of his life.
16 Afe biara, na ɔtu kwan kyinkyini bu atɛn wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔfiri aseɛ wɔ Bet-El de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Ɔbuu Israelfoɔ atɛn wɔ saa nkurotoɔ yi biara so.
And he went each year, traveling around to Bethel, and to Gilgal, and to Mizpah, and he judged Israel in the above-stated places.
17 Afei, na ɔsane ba ne kurom Rama bɛdi nsɛm wɔ hɔ nso. Na Samuel sii afɔrebukyia wɔ Rama de maa Awurade.
And he returned to Ramah. For his house was there, and he judged Israel there. And then he built an altar to the Lord there.

< 1 Samuel 7 >