< 1 Samuel 3 >

1 Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, somm Awurade. Saa ɛberɛ no na asɛm a wɔte firi Awurade nkyɛn ne anisoadehunu yɛ adeɛ a ɛho yɛ na.
והנער שמואל משרת את יהוה לפני עלי ודבר יהוה היה יקר בימים ההם--אין חזון נפרץ
2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afira koraa no kɔdaeɛ nkyɛree koraa.
ויהי ביום ההוא ועלי שכב במקומו ועינו החלו כהות לא יוכל לראות
3 Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ. Saa ɛberɛ no na Samuel da Ahyiaeɛ Ntomadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no.
ונר אלהים טרם יכבה ושמואל שכב בהיכל יהוה אשר שם ארון אלהים
4 Prɛko pɛ, Awurade frɛɛ sɛ, “Samuel! Samuel!” Samuel buaa sɛ, “Menie.”
ויקרא יהוה אל שמואל ויאמר הנני
5 Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Eli nso buaa no sɛ, “Memfrɛɛ wo, na sane kɔda.” Enti ɔsane kɔdaeɛ.
וירץ אל עלי ויאמר הנני כי קראת לי ויאמר לא קראתי שוב שכב וילך וישכב
6 Awurade sane frɛɛ bio sɛ, “Samuel!” Bio, Samuel sane yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Eli buaa no sɛ, “Me ba, memfrɛɛ wo, na sane kɔda.”
ויסף יהוה קרא עוד שמואל ויקם שמואל וילך אל עלי ויאמר הנני כי קראת לי ויאמר לא קראתי בני שוב שכב
7 Na Samuel nnya nhunuu Awurade, ɛfiri sɛ, na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.
ושמואל טרם ידע את יהוה וטרם יגלה אליו דבר יהוה
8 Enti afei, Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Ɛhɔ na Eli hunuu sɛ ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no.
ויסף יהוה קרא שמואל בשלישת ויקם וילך אל עלי ויאמר הנני כי קראת לי ויבן עלי כי יהוה קרא לנער
9 Enti, ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so na ka sɛ, ‘Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.’” Enti, Samuel kɔdaa bio.
ויאמר עלי לשמואל לך שכב והיה אם יקרא אליך ואמרת דבר יהוה כי שמע עבדך וילך שמואל וישכב במקומו
10 Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio sɛ, “Samuel! Samuel!” Na Samuel buaa sɛ, “Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.”
ויבא יהוה ויתיצב ויקרא כפעם בפעם שמואל שמואל ויאמר שמואל דבר כי שמע עבדך
11 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Merebɛyɛ akomatuo adeɛ bi wɔ Israel.
ויאמר יהוה אל שמואל הנה אנכי עשה דבר בישראל אשר כל שמעו--תצלינה שתי אזניו
12 Merebɛyɛ deɛ maka atia Eli ne nʼabusuafoɔ no nyinaa.
ביום ההוא אקים אל עלי את כל אשר דברתי אל ביתו--החל וכלה
13 Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmuo reba ɔne nʼabusuafoɔ so, ɛfiri sɛ, ne mmammarima abɔ mmusuo atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn.
והגדתי לו כי שפט אני את ביתו עד עולם--בעון אשר ידע כי מקללים להם בניו ולא כהה בם
14 Na maka ntam sɛ, Eli ne ne mmammarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.”
ולכן נשבעתי לבית עלי אם יתכפר עון בית עלי בזבח ובמנחה--עד עולם
15 Samuel daa hɔ ara kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ. Ɔbuebuee ntomadan hɔ mfɛnsere sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli.
וישכב שמואל עד הבקר ויפתח את דלתות בית יהוה ושמואל ירא מהגיד את המראה אל עלי
16 Nanso, Eli frɛɛ no sɛ, “Samuel, me ba.” Samuel buaa sɛ, “Menie!”
ויקרא עלי את שמואל ויאמר שמואל בני ויאמר הנני
17 Eli bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.”
ויאמר מה הדבר אשר דבר אליך--אל נא תכחד ממני כה יעשה לך אלהים וכה יוסיף אם תכחד ממני דבר מכל הדבר אשר דבר אליך
18 Enti, Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee ansie no. Eli ka sɔɔ so sɛ, “Ɛyɛ Awurade pɛ. Ɔnyɛ deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ na ɛfata biara.”
ויגד לו שמואל את כל הדברים ולא כחד ממנו ויאמר--יהוה הוא הטוב בעינו יעשה
19 Awurade kaa Samuel ho wɔ ne nyiniiɛ mu, na biribiara a Samuel kaeɛ no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa.
ויגדל שמואל ויהוה היה עמו ולא הפיל מכל דבריו ארצה
20 Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, ɛfiri asase no ti kɔsi nʼanafoɔ, na wɔnim sɛ wɔahyɛ Samuel Awurade odiyifoɔ.
וידע כל ישראל מדן ועד באר שבע כי נאמן שמואל לנביא ליהוה
21 Awurade kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔde nsɛm maa Samuel wɔ ntomadan mu hɔ.
ויסף יהוה להראה בשלה כי נגלה יהוה אל שמואל בשלו בדבר יהוה

< 1 Samuel 3 >