< 1 Petro 2 >

1 Montwe mo ho mfiri bɔne nyinaa, atorɔ anaa nyaatwom anaa anibereɛ anaa nsekuro ho.
그러므로 모든 악독과 모든 궤휼과 외식과 시기와 모든 비방하는 말을 버리고
2 Monyɛ sɛ nkɔkoaa a ɛberɛ biara sukɔm de mo, sɛ mobɛnya honhom mu nufosuo kronn anom, na sɛ monom a moanyini na wɔagye mo nkwa.
갓난 아이들같이 순전하고 신령한 젖을 사모하라 이는 이로 말미암아 너희로 구원에 이르도록 자라게 하려 함이라
3 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Moaka Awurade ayamyɛ no ahwɛ.”
너희가 주의 인자하심을 맛보았으면 그리하라
4 Mommra Awurade a ɔyɛ ɛboɔ a nkwa wom no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo.
사람에게는 버린 바가 되었으나 하나님께는 택하심을 입은 보배로운 산 돌이신 예수에게 나아와
5 Mo nso mote sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɛdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfoɔ Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛdi mu ama Onyankopɔn.
너희도 산 돌같이 신령한 집으로 세워지고 예수 그리스도로 말미암아 하나님이 기쁘게 받으실 신령한 제사를 드릴 거룩한 제사장이 될찌니라
6 Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mayi ɛboɔ a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatiboɔ a obiara a ɔbɛgye no adi no, wɔrenni no hwammɔ.”
경에 기록하였으되 보라 내가 택한 보배롭고 요긴한 모퉁이 돌을 시온에 두노니 저를 믿는 자는 부끄러움을 당치 아니하리라 하였으니
7 Saa ɛboɔ yi ho wɔ mfasoɔ yie ma mo a mogye di. Na wɔn a wɔnnye nni no: “Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ.”
그러므로 믿는 너희에게는 보배이나 믿지 아니하는 자에게는 건축자들의 버린 그 돌이 모퉁이의 머릿돌이 되고
8 Wɔka bio wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Saa ɛboɔ yi na ɛbɛma nnipa asunti; ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” Wɔsuntiiɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛeɛ.
또한 부딪히는 돌과 거치는 반석이 되었다 하니라 저희가 말씀을 순종치 아니하므로 넘어지나니 이는 저희를 이렇게 정하신 것이라
9 Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo sɛ monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu.
오직 너희는 택하신 족속이요 왕같은 제사장들이요 거룩한 나라요 그의 소유된 백성이니 이는 너희를 어두운데서 불러 내어 그의 기이한 빛에 들어가게 하신 자의 아름다운 덕을 선전하게 하려 하심이라
10 Nna bi a atwam no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nanso afei, moyɛ ne nkurɔfoɔ; nna bi a atwam no na monnim Onyankopɔn ahummɔborɔ no, nanso seesei, moanya nʼahummɔborɔ no.
너희가 전에는 백성이 아니더니 이제는 하나님의 백성이요 전에는 긍휼을 얻지 못하였더니 이제는 긍휼을 얻은 자니라
11 Mʼadɔfoɔ, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a mowɔ ewiase. Montwe mo ho mfiri honam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asie no ho.
사랑하는 자들아 나그네와 행인같은 너희를 권하노니 영혼을 거스려 싸우는 육체의 정욕을 제어하라
12 Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, wɔahunu mo papa a moayɛ no nso, nam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba no.
너희가 이방인 중에서 행실을 선하게 가져 너희를 악행한다고 비방하는 자들로 하여금 너희 선한 일을 보고 권고하시는 날에 하나님께 영광을 돌리게 하려 함이라
13 Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumidie a ɛyɛ ewiase nhyehyɛeɛ nyinaa: Ni titire Ɔhempɔn a ɔdi obiara so.
인간에 세운 모든 제도를 주를 위하여 순복하되 혹은 위에 있는 왕이나
14 Mommrɛ mo ho ase mma amradofoɔ, ɛfiri sɛ Ɔhempɔn na wasoma wɔn sɛ wɔntwe nnebɔneyɛfoɔ aso na wɔmmɔ wɔn a wɔyɛ papa no aba so.
혹은 악행하는 자를 징벌하고 선행하는 자를 포장하기 위하여 그의 보낸 방백에게 하라
15 Onyankopɔn ahyɛdeɛ ne sɛ, ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛeɛ pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ.
곧 선행으로 어리석은 사람들의 무식한 말을 막으시는 것이라
16 Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Monnsusu sɛ mo de mo ho enti mobɛtumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfoɔ.
자유하나 그 자유로 악을 가리우는데 쓰지 말고 오직 하나님의 종과 같이 하라
17 Momfa anidie mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifoɔ. Monsuro Onyankopɔn, na mommu Ɔhempɔn.
뭇 사람을 공경하며 형제를 사랑하며 하나님을 두려워하며 왕을 공경하라
18 Afie mu asomfoɔ nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na monnni wɔn a wɔn yam yɛ na wɔn tirim yɛ mmrɛ nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, monni wɔn ni.
사환들아 범사에 두려워함으로 주인들에게 순복하되 선하고 관용하는 자들에게만 아니라 또한 까다로운 자들에게도 그리하라
19 Sɛ moto mo bo ase tena saa yea a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn bɛhyira mo, ɛfiri sɛ, monim ne pɛ.
애매히 고난을 받아도 하나님을 생각함으로 슬픔을 참으면 이는 아름다우나
20 Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo a, morennya ho mfasoɔ biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na monya ho boasetɔ a, Onyankopɔn bɛhyira mo.
죄가 있어 매를 맞고 참으면 무슨 칭찬이 있으리요 오직 선을 행함으로 고난을 받고 참으면 이는 하나님 앞에 아름다우니라
21 Yei enti na Onyankopɔn frɛɛ mo, ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa hunuu amane maa mo, de saa nhwɛsoɔ no gyaa mo, sɛdeɛ mobɛdi nʼanammɔn akyi.
이를 위하여 너희가 부르심을 입었으니 그리스도도 너희를 위하여 고난을 받으사 너희에게 본을 끼쳐 그 자취를 따라 오게 하려 하셨느니라
22 “Kristo anyɛ bɔne. Obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.”
저는 죄를 범치 아니하시고 그 입에 궤사도 없으시며
23 Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ɔhunuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidasoɔ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtemmufoɔ pa no mu.
욕을 받으시되 대신 욕하지 아니하시고 고난을 받으시되 위협하지 아니하시고 오직 공의로 심판하시는 자에게 부탁하시며
24 “Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asɛnnua no so sɛdeɛ yɛbɛwu ama bɔne na yɛatena ase tenenee mu. “Nʼakuro mu na moanya ayaresa.
25 Na mote sɛ nnwan a wɔayera,” nanso afei deɛ, wɔde mo asane aba sɛ mommɛdi Odwanhwɛfoɔ no ne mo Krasohwɛfoɔ no akyi.

< 1 Petro 2 >