< 1 Ahemfo 13 >

1 Awurade hyɛɛ Onyame onipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na ɔduruu hɔ ɛberɛ a na Yeroboam rekɔ afɔrebukyia no ho akɔbɔ afɔdeɛ.
והנה איש אלהים בא מיהודה בדבר יהוה--אל בית אל וירבעם עמד על המזבח להקטיר
2 Na ɔfiri Awurade ɔhyɛ nsɛm mu teaam guu afɔrebukyia no sɛ, “Ao, afɔrebukyia! Afɔrebukyia! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no edin Yosia ato Dawid fie, na wo so na ɔde asɔfoɔ a wɔfiri asɔreeɛ so ha a wɔhye aduhwam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔdeɛ!’”
ויקרא על המזבח בדבר יהוה ויאמר מזבח מזבח כה אמר יהוה הנה בן נולד לבית דוד יאשיהו שמו וזבח עליך את כהני הבמות המקטרים עליך ועצמות אדם ישרפו עליך
3 Ɛda no ara, Onyankopɔn onipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na ɔkaa sɛ, “Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade ada no adi. Afɔrebukyia no mu bɛpae mmienu, na nsõ a ɛgu soɔ no ahwie agu.”
ונתן ביום ההוא מופת לאמר זה המופת אשר דבר יהוה הנה המזבח נקרע ונשפך הדשן אשר עליו
4 Ɔhene Yeroboam bo fuu Onyame onipa yi sɛ wakasa atia afɔrebukyia yi. Enti ɔtenee ne nsa wɔ ne so, teaam sɛ, “Monkyere no!” Nanso, ne nsa a ɔtenee wɔ ɔbarima no so no senseneeɛ a wantumi anyɛ ho hwee.
ויהי כשמע המלך את דבר איש האלהים אשר קרא על המזבח בבית אל וישלח ירבעם את ידו מעל המזבח לאמר תפשהו ותיבש ידו אשר שלח עליו ולא יכל להשיבה אליו
5 Na afɔrebukyia no mu paee mmienu, na nsõ a ɛgu so no hwie guiɛ, sɛdeɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn onipa nam Awurade ɔhyɛ nsɛm so daa no adi kyerɛeɛ no.
והמזבח נקרע וישפך הדשן מן המזבח כמופת אשר נתן איש האלהים--בדבר יהוה
6 Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Srɛ Awurade, wo Onyankopɔn, ma me na me nsa no nnya ahoɔden.” Enti, Onyankopɔn onipa no srɛɛ Awurade maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.
ויען המלך ויאמר אל איש האלהים חל נא את פני יהוה אלהיך והתפלל בעדי ותשב ידי אלי ויחל איש האלהים את פני יהוה ותשב יד המלך אליו ותהי כבראשנה
7 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Ma yɛnkɔ fie, na kɔdidi, na mɛma wo akyɛdeɛ bi.”
וידבר המלך אל איש האלהים באה אתי הביתה וסעדה ואתנה לך מתת
8 Nanso, Onyankopɔn onipa no buaa no sɛ, “Mpo, sɛ wode wʼagyapadeɛ mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na burodo nso, merenni na manom nsuo wɔ ha.
ויאמר איש האלהים אל המלך אם תתן לי את חצי ביתך לא אבא עמך ולא אכל לחם ולא אשתה מים במקום הזה
9 Awurade asɛm so na wɔnam hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi burodo anaa wonom nsuo wɔ hɔ. Afei, nsane mfa ɛkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’”
כי כן צוה אתי בדבר יהוה לאמר לא תאכל לחם ולא תשתה מים ולא תשוב בדרך אשר הלכת
10 Enti, ɔfiri Bet-El faa ɛkwan foforɔ so, sɛ ɔrekɔ efie.
וילך בדרך אחר ולא שב בדרך אשר בא בה אל בית אל
11 Na ɛbaa sɛ na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Bet-El. Ne mmammarima bɛkaa deɛ Onyankopɔn onipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa, kyerɛɛ wɔn agya no.
ונביא אחד זקן ישב בבית אל ויבוא בנו ויספר לו את כל המעשה אשר עשה איש האלהים היום בבית אל את הדברים אשר דבר אל המלך ויספרום לאביהם
12 Odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa wɔn sɛ, “Na ɔfaa he?” Na ne mmammarima no kyerɛɛ no kwan a Onyankopɔn onipa no faa so kɔeɛ.
וידבר אלהם אביהם אי זה הדרך הלך ויראו בניו את הדרך אשר הלך איש האלהים אשר בא מיהודה
13 Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no no, ɔhuri tenaa ne so
ויאמר אל בניו חבשו לי החמור ויחבשו לו החמור וירכב עליו
14 tii Onyankopɔn onipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn onipa a wofiri Yuda no anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Aane, me a.”
וילך אחרי איש האלהים וימצאהו ישב תחת האלה ויאמר אליו האתה איש האלהים אשר באת מיהודה--ויאמר אני
15 Afei, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ efie, na kɔdidi.”
ויאמר אליו לך אתי הביתה ואכל לחם
16 Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Merentumi nsane mʼakyi. Menni ho ɛkwan sɛ medidi anaa menom nsuo wɔ ha.
ויאמר לא אוכל לשוב אתך--ולבוא אתך ולא אכל לחם ולא אשתה אתך מים במקום הזה
17 Awurade hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi aduane biara anaa wonom nsuo ɛberɛ a wowɔ hɔ, anaa wofa ɛkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so sane wʼakyi.’”
כי דבר אלי בדבר יהוה לא תאכל לחם ולא תשתה שם מים לא תשוב ללכת בדרך אשר הלכת בה
18 Odiyifoɔ akɔkoraa no buaa sɛ, “Me nso, meyɛ odiyifoɔ sɛ wo ara. Na ɔbɔfoɔ bi kaa Awurade asɛm kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa no sane bra wo fie, na ɔmmɛdidi na ɔnnom nsuo.’” Nanso na odiyifoɔ akɔkoraa no redaadaa no.
ויאמר לו גם אני נביא כמוך ומלאך דבר אלי בדבר יהוה לאמר השבהו אתך אל ביתך ויאכל לחם וישת מים כחש לו
19 Enti, Onyankopɔn onipa no ne no sane kɔeɛ, kɔdidi nomee wɔ ne fie.
וישב אתו ויאכל לחם בביתו--וישת מים
20 Ɛberɛ a wɔte didipono ho redidi no, nkra firi Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ akɔkoraa no so.
ויהי הם ישבים אל השלחן ויהי דבר יהוה אל הנביא אשר השיבו
21 Ɔteaam guu Onyankopɔn onipa a ɔfiri Yuda no so sɛ, “Sei na Awurade ka: Woabu Awurade asɛm so, na woanni ahyɛdeɛ a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so.
ויקרא אל איש האלהים אשר בא מיהודה לאמר כה אמר יהוה יען כי מרית פי יהוה ולא שמרת את המצוה אשר צוך יהוה אלהיך
22 Wosane baa ha bɛdii aduane, nom nsuo, nanso ɔka kyerɛɛ wo sɛ nni hwee, nnom hwee. Esiane yei enti, wɔrensie wʼamu wɔ wʼagyanom damena mu.”
ותשב ותאכל לחם ותשת מים במקום אשר דבר אליך אל תאכל לחם ואל תשת מים--לא תבוא נבלתך אל קבר אבתיך
23 Na Onyankopɔn onipa no didi nom wieeɛ no, odiyifoɔ no hyehyɛɛ nʼafunumu no maa no,
ויהי אחרי אכלו לחם--ואחרי שתותו ויחבש לו החמור לנביא אשר השיבו
24 na Onyankopɔn onipa no sii ɛkwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bɛkumm no. Nʼamu no daa ɛkwan mu a, na afunumu no ne gyata no gyinagyina ho.
וילך וימצאהו אריה בדרך וימיתהו ותהי נבלתו משלכת בדרך והחמור עמד אצלה והאריה עמד אצל הנבלה
25 Nnipa ba bɛtoo so sɛ amu no da ɛkwan mu a gyata no gyina ho. Enti, wɔkɔbɔɔ amaneɛ wɔ Bet-El baabi a odiyifoɔ akɔkoraa no te hɔ.
והנה אנשים עברים ויראו את הנבלה משלכת בדרך ואת האריה עמד אצל הנבלה ויבאו וידברו בעיר אשר הנביא הזקן ישב בה
26 Ɛberɛ a odiyifoɔ akɔkoraa no tee asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a wanni Awurade ahyɛdeɛ so no. Awurade ama nʼasɛm no aba mu sɛ ɔmaa gyata to hyɛɛ no so, kumm no.”
וישמע הנביא אשר השיבו מן הדרך ויאמר איש האלהים הוא אשר מרה את פי יהוה ויתנהו יהוה לאריה וישברהו וימתהו כדבר יהוה אשר דבר לו
27 Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no.
וידבר אל בניו לאמר חבשו לי את החמור ויחבשו
28 Ɔkɔeɛ kɔhunuu sɛ amu no da ɛkwan mu. Na afunumu no ne gyata no da so gyinagyina ne ho a, gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afunumu no nso so.
וילך וימצא את נבלתו משלכת בדרך וחמור והאריה עמדים אצל הנבלה לא אכל האריה את הנבלה ולא שבר את החמור
29 Enti, odiyifoɔ no faa Onyankopɔn onipa no amu no de no too nʼafunumu no so, sane de no kɔɔ kurom, kɔsuu no, siee no.
וישא הנביא את נבלת איש האלהים וינחהו אל החמור--וישיבהו ויבא אל עיר הנביא הזקן לספד ולקברו
30 Ɔde amu no too nʼankasa ne damena mu, firii awerɛhoɔ mu, suu no sɛ, “Ao, me nua!”
וינח את נבלתו בקברו ויספדו עליו הוי אחי
31 Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Sɛ mɛwu a, monsie me wɔ damena a wɔasie Onyankopɔn onipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho.
ויהי אחרי קברו אתו ויאמר אל בניו לאמר במותי וקברתם אתי בקבר אשר איש האלהים קבור בו אצל עצמתיו הניחו את עצמתי
32 Na asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka ntia afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ne abosomfie no a ɛwowɔ Samaria nkuro so no, ɛbɛba mu.”
כי היה יהיה הדבר אשר קרא בדבר יהוה על המזבח אשר בבית אל ועל כל בתי הבמות אשר בערי שמרון
33 Nanso, yei akyi koraa no, Yeroboam annane ne ho amfiri nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfoɔ firi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, ɔtumi yɛɛ ɔsɔfoɔ wɔ abosomfie hɔ.
אחר הדבר הזה לא שב ירבעם מדרכו הרעה וישב ויעש מקצות העם כהני במות--החפץ ימלא את ידו ויהי כהני במות
34 Yei bɛyɛɛ bɔne kɛseɛ, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, ma ne fiefoɔ nyinaa wuwuiɛ.
ויהי בדבר הזה לחטאת בית ירבעם ולהכחיד ולהשמיד מעל פני האדמה

< 1 Ahemfo 13 >