< 1 Berɛsosɛm 7 >

1 Na Isakar mmammarima baanan no din de Tola, Pua, Yasub ne Simron.
ולבני יששכר תולע ופואה ישיב (ישוב) ושמרון--ארבעה
2 Tola mmammarima no ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofoɔ. Ɔhene Dawid ɛberɛ so no, na mmarima dodoɔ a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne ahansia.
ובני תולע עזי ורפיה ויריאל ויחמי ויבשם ושמואל ראשים לבית אבותם לתולע גבורי חיל לתלדותם--מספרם בימי דויד עשרים ושנים אלף ושש מאות
3 Na Usi babarima din de: Yisrahia. Na Yisrahia mmammarima din de: Mikael, Obadia, Yoɛl ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano.
ובני עזי יזרחיה ובני יזרחיה מיכאל ועבדיה ויואל ישיה חמשה--ראשים כלם
4 Mmarima dodoɔ a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduasa nsia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmammarima yɛ bebree.
ועליהם לתלדותם לבית אבותם גדודי צבא מלחמה שלשים וששה אלף כי הרבו נשים ובנים
5 Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wɔfiri Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduɔwɔtwe nson. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din nnidisoɔ nnidisoɔ guu wɔn abusuadua krataa mu.
ואחיהם לכל משפחות יששכר גבורי חילים שמונים ושבעה אלף התיחשם לכל
6 Na Benyamin mmammarima baasa no din de: Bela, Beker ne Yediael.
בנימן בלע ובכר וידיעאל--שלשה
7 Na Bela mmammarima yɛ: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofoɔ baanum yi yɛ mmusua ntuanofoɔ. Nnipa a wɔfiri wɔn asefoɔ mu yɛɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne aduasa ɛnan. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din guu wɔn abusuadua krataa mu.
ובני בלע אצבון ועזי ועזיאל וירימות ועירי חמשה ראשי בית אבות גבורי חילים והתיחשם עשרים ושנים אלף ושלשים וארבעה
8 Na Beker mmammarima din de: Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet.
ובני בכר זמירה ויועש ואליעזר ואליועיני ועמרי וירמות ואביה וענתות ועלמת כל אלה בני בכר
9 Sɛdeɛ na wɔn abusuadua kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofoɔ akyi no, wɔn asefoɔ ɔpeduonu ne ahanu wɔ hɔ a wɔtumi dɔm sraa.
והתיחשם לתלדותם ראשי בית אבותם גבורי חיל--עשרים אלף ומאתים
10 Na Yediael babarima ne: Bilhan. Na Bilhan mmammarima ne: Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar.
ובני ידיעאל בלהן ובני בלהן יעיש (יעוש) ובנימן ואהוד וכנענה וזיתן ותרשיש ואחישחר
11 Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofoɔ a wɔn asefoɔ a na wɔka wɔn ho a wɔtumi dɔm sraa no dodoɔ yɛ ɔpedunson ne ahanu.
כל אלה בני ידיעאל לראשי האבות גבורי חילים--שבעה עשר אלף ומאתים יצאי צבא למלחמה
12 Na Ir mmammarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.
ושפם וחפם בני עיר חשם בני אחר
13 Na Naftali mmammarima yɛ: Yahsiel, Guni, Yeser ne Salum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefoɔ.
בני נפתלי יחציאל וגוני ויצר ושלום--בני בלהה
14 Manase mmammarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead.
בני מנשה אשריאל אשר ילדה פילגשו הארמיה ילדה את מכיר אבי גלעד
15 Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabaa Maaka. Na Makir asefoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmammaa nko ara.
ומכיר לקח אשה לחפים ולשפים ושם אחתו מעכה ושם השני צלפחד ותהינה לצלפחד בנות
16 Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no edin Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmammarima din de Ulam ne Rekem.
ותלד מעכה אשת מכיר בן ותקרא שמו פרש ושם אחיו שרש ובניו אולם ורקם
17 Na Ulam babarima din de: Bedan. Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfoɔ a wɔyɛ Manase babarima Makir asefoɔ.
ובני אולם בדן אלה בני גלעד בן מכיר בן מנשה
18 Makir nuabaa Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.
ואחתו המלכת--ילדה את אישהוד ואת אביעזר ואת מחלה
19 Na Semida mmammarima yɛ: Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.
ויהיו בני שמידע--אחין ושכם ולקחי ואניעם
20 Efraim asefoɔ ne: Sutela, Bered, Tahat, Elada, Tahat,
ובני אפרים שותלח וברד בנו ותחת בנו ואלעדה בנו ותחת בנו
21 Sabad ne Sutela. Wɔkunkumm Efraim mmammarima Eser ne Elad wɔ Gat, ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔwia nyɛmmoa firi akuafoɔ a wɔbɛn hɔ no.
וזבד בנו ושותלח בנו ועזר ואלעד והרגום אנשי גת הנולדים בארץ כי ירדו לקחת את מקניהם
22 Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛree yie, na nʼabusuafoɔ bɛkyekyeree ne werɛ.
ויתאבל אפרים אביהם ימים רבים ויבאו אחיו לנחמו
23 Ɛno akyi, Efraim kɔɔ ne yere ho, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima. Efraim too no edin Beria ɛsiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafoɔ faa mu no enti.
ויבא אל אשתו ותהר ותלד בן ויקרא את שמו בריעה כי ברעה היתה בביתו
24 Efraim woo ɔbabaa too no edin Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkuro Bet-Horon Anafoɔ, Atifi ne Usen-Seera.
ובתו שארה ותבן את בית חורון התחתון ואת העליון ואת אזן שארה
25 Efraim asefoɔ nnidisoɔ ne Refa, Resef, Tela, Tahan
ורפח בנו ורשף ותלח בנו--ותחן בנו
26 Ladan, Amihud, Elisama,
לעדן בנו עמיהוד בנו אלישמע בנו
27 Nun ne Yosua.
נון בנו יהושע בנו
28 Efraim asefoɔ no tenaa asase Bet-El ne ne nkurotoɔ a atwa afa anafoɔ fam, Naaran a ɛda apueeɛ fam, Geser ne ne nkuraaseɛ a ɛda atɔeɛ fam ne Sekem ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kɔsi Aya a nkuraaseɛ ka ho no so.
ואחזתם ומשבותם--בית אל ובנתיה ולמזרח נערן--ולמערב גזר ובנתיה ושכם ובנתיה עד עיה ובנתיה
29 Manase hyeɛ so no, na nkuro a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefoɔ tenaa saa nkuro yi so.
ועל ידי בני מנשה בית שאן ובנתיה תענך ובנתיה מגדו ובנותיה דור ובנותיה באלה ישבו בני יוסף בן ישראל
30 Na Aser mmammarima yɛ: Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sera.
בני אשר ימנה וישוה וישוי ובריעה--ושרח אחותם
31 Na Beria mmammarima din de: Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.
ובני בריעה חבר ומלכיאל הוא אבי ברזות (ברזית)
32 Na Heber mmammarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sua.
וחבר הוליד את יפלט ואת שומר ואת חותם ואת שועא אחותם
33 Na Yaflet mmammarima din de: Pasak, Bimhal ne Aswat.
ובני יפלט פסך ובמהל ועשות אלה בני יפלט
34 Na Semer mmammarima din de: Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.
ובני שמר--אחי ורוהגה (ורהגה) יחבה (וחבה) וארם
35 Na ne nuabarima Helem mmammarima din de: Sofa, Yimna, Seles ne Amal.
ובן הלם אחיו צופח וימנע ושלש ועמל
36 Na Sofa mmammarima din de: Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra,
בני צופח--סוח וחרנפר ושועל וברי וימרה
37 Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.
בצר והוד ושמא ושלשה ויתרן--ובארא
38 Na Yeter mmammarima din de: Yefune, Pispa ne Ara.
ובני יתר--יפנה ופספה וארא
39 Na Ula mmammarima din de: Arah, Haniel ne Risia.
ובני עלא--ארח וחניאל ורציא
40 Na Aser asefoɔ no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua ɔdaanoni. Na wɔn nyinaa yɛ akofoɔ pa ne ntuanofoɔ a wɔdi mu. Na mmarima ɔpeduonu nsia na wɔwɔ hɔ a wɔatwerɛ wɔn din agu wɔn mmusuadua nwoma mu a wɔyɛ akofoɔ a wɔagye edin.
כל אלה בני אשר ראשי בית האבות ברורים גבורי חילים ראשי הנשיאים והתיחשם בצבא במלחמה מספרם אנשים עשרים וששה אלף

< 1 Berɛsosɛm 7 >