< 1 Berɛsosɛm 26 >

1 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no akuakuo: Korafoɔ mu no: yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ɔfiri Asaf abusua mu.
And the divisions of the porters: of the Corites Meselemia, the son of Core, of the sons of Asaph.
2 Meselemia mmammarima yɛ: Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔtɔ so mmienu, Sebadia a ɔtɔ so mmiɛnsa, Yatniel a ɔtɔ so ɛnan.
The sons of Meselemia: Zacharias the firstborn, Jadihel the second, Zabadias the third, Jathanael the fourth,
3 Elam a ɔtɔ so enum, Yehohanan a ɔtɔ so nsia, ne Eliehoenai a ɔtɔ so nson.
Elam the fifth, Johanan the sixth, Elioenai the seventh.
4 Na Obed-Edom mmammarima nso a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ yɛ: Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔtɔ so mmienu, Yoa a ɔtɔ so mmiɛnsa, Sakar a ɔtɔ so ɛnan, Netanel a ɔtɔ so enum,
And the sons of Obededom, Semeias the firstborn, Jozabad the second, Joaha the third, Sachar the fourth, Nathanael the fifth,
5 Amiel a ɔtɔ so nsia, Isakar a ɔtɔ so nson, ne Peuletai a ɔtɔ so nwɔtwe. Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.
Ammiel the sixth, Issachar the seventh, Phollathi the eighth: for the Lord had blessed him.
6 Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmammarima a wɔtumi adeɛ yɛ yie enti, wɔnyaa dibea a ɛkura tumi wɔ abusua no mu.
And to Semei his son were born sons, herds of their families: for they were men of great valour.
7 Na wɔn edin ne: Otni, Refael, Obed ne Elsabad; na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso yɛ mmɔdemmɔfoɔ.
The sons then of Semeias were Othni, and Raphael, and Obed, Elizabad, and his brethren most valiant men: and Eliu, and Samachias.
8 Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma.
All these of the sons of Obededom: they, and their sons, and their brethren most able men for service, sixty-two of Obededom.
9 Saa ara nso na na Meselemia mmammarima dunwɔtwe no ne wɔn abusuafoɔ nso bɔ wɔn ho mmɔden yie.
And the sons of Meselemia, and their brethren strong men, were eighteen.
10 Hosa a ɔfiri Merari abusua mu yii Simri a na ɔnyɛ abakan no sɛ ntuanoni, wɔ ne mmammarima mu.
And of Hosa, that is, of the sons of Merari: Semri the chief, (for he had not a firstborn, and therefore his father made him chief.)
11 Na ne mmammarima no bi ne: Hilkia a ɔtɔ so mmienu, Tebalia a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Sakaria tɔ so ɛnan. Na Hosa mmammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔsom sɛ apono ano ahwɛfoɔ no nyinaa dodoɔ yɛ dumiɛnsa.
Helcias the second, Tabelias the third, Zacharias the fourth: all these the sons, and the brethren of Hosa, were thirteen.
12 Saa apono ano ahwɛfoɔ akuo yi nam wɔn mmusua ntuanofoɔ so somm wɔ Awurade fie, sɛdeɛ wɔn abusuafoɔ yɛeɛ no.
Among these were the divisions of the porters, so that the chiefs of the wards, as well as their brethren, always ministered in the house of the Lord.
13 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apono ahodoɔ ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirinhyia a obi adi, anaa nteteeɛ a wanya soɔ.
And they cast lots equally, both little and great, by their families for every one of the gates.
14 Wɔde apueeɛ ɛpono ho dwumadie no hyɛɛ Selemia ne ne ekuo nsa. Atifi ɛpono ho dwumadie nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafoɔ Sakaria nsa.
And the lot of the east fell to Selemias. But to his son Zacharias, a very wise and learned man, the north gate fell by lot.
15 Anafoɔ ɛpono no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmammarima no hwɛɛ adekoradan no so.
And to Obededom and his sons that towards the south: in which part of the house was the council of the ancients.
16 Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔeɛ ɛpono no ne ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so. Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.
To Sephim, and Hosa towards the west, by the gate which leadeth to the way of the ascent: ward against ward.
17 Ɛda biara, na wɔma Lewifoɔ baasia kɔ apueeɛ ɛpono no ho, baanan kɔ atifi ɛpono no ho, baanan nso akɔ anafoɔ ɛpono no ho, na baanu baanu akokɔ adekoradan ahodoɔ no biara ho.
Now towards the east were six Levites: and towards the north four a day: and towards the south likewise four a day: and where the council was, two and two.
18 Ɛda biara, na wɔma baasia kɔ atɔeɛ ɛpono no ho. Baanan kɔ ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adihɔ hɔ.
In the cells also of the porters toward the west four in the way: and two at every cell.
19 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ a wɔfiri Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.
These are the divisions of the porters of the sons of Core, and of Merari.
20 Lewifoɔ a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fie sikakorabea ne adekoradan so.
Now Achias was over the treasures of the house of God, and the holy vessels.
21 Libni fie a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na ɔtua wɔn ano.
The sons of Ledan, the sons of Gersonni: of Ledan were heads of the families, of Ledan, and Gersonni, Jehieli.
22 Yehieli mmammarima Setam ne ne nuabarima Yoɛl na na wɔhwɛ Awurade fie sikakorabea so.
The sons of Jehieli: Zathan and Joel, his brethren over the treasures of the house of the Lord,
23 Yeinom ne ntuanofoɔ a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefoɔ.
With the Amramites, and Isaarites, and Hebronites, and Ozielites.
24 Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanin a ɔhwɛ sikakorabea no so.
And Subael the son of Gersom, the son of Moses, was chief over the treasures.
25 Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafoɔ ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.
His brethren also, Eliezer, whose son Rohobia, and his son Isaias, and his son Joram, and his son Zechri, and his son Selemith.
26 Selomot ne nʼabusuafoɔ na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapadeɛ a wɔde ama Awurade no so. Agyapadeɛ no bi ne deɛ Dawid ne mmusua ntuanofoɔ ne asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ de maa Awurade no.
Which Selemith and his brethren were over the treasures of the holy things, which king David, and the heads of families, and the captains over thousands and over hundreds, and the captains of the host had dedicated,
27 Na saa mmarima yi de wɔn asadeɛ a wɔnyaa no akodie mu no bi baeɛ sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fie.
Out of the wars, and the spoils won in battles, which they had consecrated to the building and furniture of the temple of the Lord.
28 Afei, na Selomot ne nʼabusuafoɔ na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ nkɔmhyɛni, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkaeɛ a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.
And all these things that Samuel the seer and Saul the son of Cis, and Abner the son of Ner, and Joab the son of Sarvia had sanctified: and whosoever had sanctified those things, they were under the hand of Selemith and his brethren.
29 Yishar abusua mu na Kenania firi. Ɔne ne mmammarima na wɔyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfoɔ ne atemmufoɔ wɔ Israelman mu nyinaa.
But Chonenias and his sons were over the Isaarites, for the business abroad over Israel to teach them and judge them.
30 Hebron abusua mu na Hasabia firi. Ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ a wɔn dodoɔ yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.
And of the Hebronites Hasabias, and his brethren most able men, a thousand seven hundred had the charge over Israel beyond the Jordan westward, in all the works of the Lord, and for the service of the king.
31 Bio, Hebron abusua mu na Yeria firi. Sɛdeɛ awoɔ ntoatoasoɔ nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfoɔ no ntuanoni. (Dawid dii ɔhene no, ne mfeɛ aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wɔhunuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kuro Yaser a ɛwɔ Gilead mu.
And the chief of the Hebronites was Jeria according to their families and kindreds. In the fortieth year of the reign of David they were numbered, and there were found most valiant men in Jazer Galaad,
32 Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem mmienu ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, ma wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.)
And his brethren of stronger age, two thousand seven hundred chiefs of families. And king David made them rulers over the Rubenites and the Gadites, and the half tribe of Manasses, for all the service of God, and the king.

< 1 Berɛsosɛm 26 >