< 1 Berɛsosɛm 23 >

1 Ɛberɛ a Dawid bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na ɔbɛdi Israel so ɔhene.
Now David was old and full of days; and he made Solomon his son king over Israel.
2 Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofoɔ nyinaa ne asɔfoɔ, a Lewifoɔ ka ho sɛ, wɔmmra ahensie afahyɛ no ase.
And he gathered together all the leaders of Israel, with the priests and the Levites.
3 Wɔkanee Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduasa anaa deɛ ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduasa nwɔtwe.
The Levites were numbered from thirty years old and upward: and their number by their polls, man by man, was thirty-eight thousand.
4 Na Dawid kaa sɛ, “Wɔn mu mpem aduonu ɛnan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem nsia bɛsom sɛ mpanimfoɔ ne atemmufoɔ.
David said, "Of these, twenty-four thousand were to oversee the work of the house of the LORD; six thousand were officers and judges;
5 Mpem ɛnan bɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ na mpem ɛnan foforɔ de nnwontodeɛ a mayɛ no bɛkamfo Awurade.”
four thousand were doorkeepers; and four thousand praised the LORD with the instruments which I made, for giving praise."
6 Na Dawid kyekyɛɛ Lewifoɔ no mu akuakuo de mmusuakuo a wɔyɛ Lewi mmammarima Gerson, Kohat ne Merari asefoɔ no din totoo wɔn so.
David divided them into divisions according to the sons of Levi: Gershon, Kohath, and Merari.
7 Gerson mmammarima ne: Libni ne Simei.
Of the Gershonites: Ladan and Shimei.
8 Libni asefoɔ no mu baasa yɛ: Yehiel (a ɔyɛ abusuapanin), Setam ne Yoɛl.
The sons of Ladan: Jehiel the chief, and Zetham, and Joel, three.
9 Yeinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanimfoɔ. Na Simei asefoɔ baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.
The sons of Shimei: Shelomoth, and Haziel, and Haran, three. These were the heads of the ancestral houses of Ladan.
10 Simei asefoɔ baanan a wɔaka no ne: Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.
The sons of Shimei: Jahath, Zizah, and Jeush, and Beriah. These four were the sons of Shimei.
11 Na Yahat yɛ ɔbapanin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, ɛfiri sɛ, na wɔn mu biara nni mmammarima dodoɔ.
Jahath was the chief, and Zizah the second: but Jeush and Beriah did not have many sons; therefore they became a fathers' house in one reckoning.
12 Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho.
The sons of Kohath: Amram, Izhar, Hebron, and Uzziel, four.
13 Amram mmammarima yɛ: Aaron ne Mose. Wɔyii Aaron ne nʼasefoɔ sɛ wɔnni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wɔnhyira wɔ ne din mu daa daa.
The sons of Amram: Aaron and Moses; and Aaron was separated, that he should sanctify the most holy things, he and his sons, forever, to burn incense before the LORD, to minister to him, and to bless in his name, forever.
14 Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no deɛ, wɔde ne mmammarima kaa Lewi abusuakuo ho.
But as for Moses the man of God, his sons were named among the tribe of Levi.
15 Mose mmammarima no yɛ Gersom ne Elieser.
The sons of Moses: Gershom and Eliezer.
16 Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanin no ka Gersom asefoɔ no ho.
The sons of Gershom: Shubael the chief.
17 Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanin. Na Rehabia mmammarima yɛ bebree.
The sons of Eliezer were: Rehabiah the chief; and Eliezer had no other sons; but the sons of Rehabiah were very many.
18 Na Selomit a ɔyɛ abusuapanin no ka Ishar asefoɔ no ho.
The sons of Izhar: Shelomoth the chief.
19 Na Yeria a ɔyɛ abusuapanin, Amaria a ɔdi hɔ, Yahasiel a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Yekameam a ɔtɔ so ɛnan no ne Hebron mmammarima no.
The sons of Hebron: Jeriah the chief, Amariah the second, Jahaziel the third, and Jekameam the fourth.
20 Na Mika a ɔyɛ abusuapanin ne Yisia a ɔdi hɔ no yɛ Usiel asefoɔ no.
The sons of Uzziel: Micah the chief, and Isshiah the second.
21 Na Mahli ne Musi yɛ Merari mmammarima. Mahli mmammarima ne: Eleasa ne Kis.
The sons of Merari: Mahli and Mushi. The sons of Mahli: Eleazar and Kish.
22 (Eleasa wuiɛ a wanwo mmammarima biara, na mmom, mmammaa nko ara. Ne mmammaa no warewaree wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmammarima.)
Eleazar died, and had no sons, but daughters only: and their brothers the sons of Kish took them as wives.
23 Musi mmammarima baasa no din de: Mahli, Eder ne Yeremot.
The sons of Mushi: Mahli, and Eder, and Jeremoth, three.
24 Yeinom na na wɔn mmusua enti wɔyɛ Lewi asefoɔ, na wɔyɛ wɔn mmusua akuo no ntuanofoɔ a na wɔahwɛ atwerɛ wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirinhyia aduonu anaa deɛ ɛboro saa, ansa na waso Awurade fie som.
These were the sons of Levi after their fathers' houses, even the heads of ancestral houses of those who were counted individually, in the number of names by their polls, who do the work for the service of the house of the LORD, from twenty years old and upward.
25 Na Dawid kaa sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn ama yɛn asomdwoeɛ, na daa ɔbɛtena Yerusalem.
For David said, "The LORD, the God of Israel, has given rest to his people; and he dwells in Jerusalem forever.
26 Afei, ɛho nhia sɛ Lewifoɔ no bɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.”
Also the Levites will no longer need to carry the tabernacle and all its vessels for its service."
27 Sɛdeɛ Dawid no ara akwankyerɛ a ɛtwa toɔ no seɛ no, ɛsɛ sɛ wɔtwerɛ Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.
For by the last words of David the sons of Levi were numbered, from twenty years old and upward.
28 Na Lewifoɔ no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fie no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adihɔ ne adan a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahodoɔ so wɔ Onyankopɔn efie.
For their office was to wait on the sons of Aaron for the service of the house of the LORD, in the courts, and in the rooms, and in the purifying of all holy things, even the work of the service of God's house,
29 Na wɔhwɛ burodo kronkron a wɔkora no didipono so no, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduane afɔdeɛ, taterɛ a mmɔreka nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua sradeɛ akye ne burodo afoforɔ a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛdeɛ bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so.
involving the show bread, the fine flour for a meal offering, whether of unleavened wafers, or of that which is baked in the pan, or of that which is soaked, and for all kinds of measure and size;
30 Na anɔpa ne anwummerɛ biara nso, wɔgyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no.
and to stand every morning to thank and praise the LORD, and likewise in the evening;
31 Wɔboa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade homeda ahodoɔ mu wɔ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadie mu. Ɛberɛ biara, na Lewifoɔ dodoɔ a ɛfata wɔ hɔ a wɔsom Awurade anim.
and to offer all burnt offerings to the LORD, on the Sabbaths, on the new moons, and on the set feasts, in number according to the ordinance concerning them, continually before the LORD;
32 Ɛno enti, Lewifoɔ no a na wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔɔ so somm wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokorɛdie yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade efie.
and that they should keep the duty of the Tent of Meeting, and the duty of the holy place, and the duty of the sons of Aaron their brothers, for the service of the house of the LORD.

< 1 Berɛsosɛm 23 >