< 1 Berɛsosɛm 20 >

1 Asusɔ berɛ, afe mu ɛberɛ a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Amonfoɔ nkuro ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodie no mu no, wɔtuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa ɛberɛ no, na Dawid te akyire wɔ Yerusalem.
At the time of the return of the year, at the time when kings go out, Joab led out the army and wasted the country of the children of Ammon, and came and besieged Rabbah. But David stayed at Jerusalem. Joab struck Rabbah, and overthrew it.
2 Ɛberɛ a Dawid duruu Raba no, ɔtuu ɔhene no ahenkyɛ, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛ no na wɔde aboɔdemmoɔ abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid faa asadeɛ bebree firii kuro no mu.
David took the crown of their king from off his head, and found it to weigh a talent of gold, and there were precious stones in it. It was set on David’s head, and he brought very much plunder out of the city.
3 Ɔde Rabafoɔ no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɛwan, fatudadeɛ ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara na ɔhyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.
He brought out the people who were in it, and had them cut with saws, with iron picks, and with axes. David did so to all the cities of the children of Ammon. Then David and all the people returned to Jerusalem.
4 Yei akyi, ɔko sii wɔne Filistifoɔ ntam wɔ Geser. Ɔko no mu, Sibekai a ɔfiri Husa kumm Sipai a ɔyɛ ɔbrane no aseni. Enti wɔkaa Filistifoɔ no hyɛeɛ.
After this, war arose at Gezer with the Philistines. Then Sibbecai the Hushathite killed Sippai, of the sons of the giant; and they were subdued.
5 Ɔko foforɔ bi a wɔne Filistifoɔ koeɛ mu no, Yair babarima Elhanan kumm Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi pea nsa mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.
Again there was war with the Philistines; and Elhanan the son of Jair killed Lahmi the brother of Goliath the Gittite, the staff of whose spear was like a weaver’s beam.
6 Ɔko foforɔ bi nso a wɔne Filistifoɔ koo wɔ Gat no, ɔbrane bi a ɔyɛ abrane asefoɔ no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no
There was again war at Gath, where there was a man of great stature, who had twenty-four fingers and toes, six on each hand and six on each foot; and he also was born to the giant.
7 buu Israel animtia, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kumm no.
When he defied Israel, Jonathan the son of Shimea, David’s brother, killed him.
8 Na saa Filistifoɔ yi yɛ Gat abrane no asefoɔ nanso Dawid ne nʼakofoɔ kunkumm wɔn.
These were born to the giant in Gath; and they fell by the hand of David and by the hand of his servants.

< 1 Berɛsosɛm 20 >