< 1 Berɛsosɛm 13 >

1 Dawid ne ne mpanimfoɔ a nʼasraafoɔ asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina.
David consulted with the captains of thousands and of hundreds, even with every leader.
2 Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Onyankopɔn pɛ a, momma yɛnto nkra nkɔma Israelfoɔ a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ nkuro so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho.
David said to all the assembly of Israel, “If it seems good to you, and if it is of the LORD our God, let’s send word everywhere to our brothers who are left in all Eretz-Israel, with whom the priests and Levites are in their cities that have pasture lands, that they may gather themselves to us.
3 Ɛberɛ aduru sɛ yɛsane de yɛn Onyankopɔn Apam Adaka no ba, ɛfiri sɛ, Saulo ahennie ɛberɛ so no, yɛampɛ anhwɛ.”
Also, let’s bring the ark of our God back to us again, for we didn’t seek it in the days of Saul.”
4 Badwa no penee saa asɛm yi so ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ, wɔyɛ saa a, ɛyɛ.
All the assembly said that they would do so, for the thing was right in the eyes of all the people.
5 Enti, Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, ɛfiri ɔman no tire kɔsi tire, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri Kiriat-Yearim mmra.
So David assembled all Israel together, from the Shihor River of Egypt even to the entrance of Hamath, to bring God’s ark from Kiriath Jearim.
6 Afei, Dawid ne Israelfoɔ no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ Kerubim ntam na Awurade din da so no aba.
David went up with all Israel to Baalah, that is, to Kiriath Jearim, which belonged to Judah, to bring up from there God the LORD’s ark that sits above the cherubim, that is called by the Name.
7 Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so de firii Abinadab fie a Usa ne Ahio rekyerɛ ɛkwan.
They carried God’s ark on a new cart, and brought it out of Abinadab’s house; and Uzza and Ahio drove the cart.
8 Dawid ne Israelfoɔ nyinaa firii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahodoɔ a ebi yɛ asankuo, mmɛnta, mpintin, nnawuro ne ntotorobɛnto dii ahurisie wɔ Onyankopɔn anim.
David and all Israel played before God with all their might, even with songs, with harps, with stringed instruments, with tambourines, with cymbals, and with shofars.
9 Nanso wɔduruu Nakon ayuporobea no, anantwie no anan totoeɛ maa Usa tenee ne nsa sɛ ɔretene Apam Adaka no.
When they came to Chidon’s threshing floor, Uzza put out his hand to hold the ark, for the oxen stumbled.
10 Ɛhɔ na Awurade abufuo sɔre tiaa Usa maa ɔwuiɛ ɛfiri sɛ, ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.
The LORD’s anger burnt against Uzza, and he struck him because he put his hand on the ark; and he died there before God.
11 Dawid bo fuiɛ, ɛfiri sɛ Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de bɛsi ɛnnɛ.
David was displeased, because the LORD had broken out against Uzza. He called that place Perez Uzza, to this day.
12 Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na ɔbisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?”
David was afraid of God that day, saying, “How can I bring God’s ark home to me?”
13 Enti, Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kuro no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fie wɔ Gat.
So David didn’t move the ark with him into David’s city, but carried it aside into Obed-Edom the Gittite’s house.
14 Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fiefoɔ nyinaa.
God’s ark remained with the family of Obed-Edom in his house three months; and the LORD blessed Obed-Edom’s house and all that he had.

< 1 Berɛsosɛm 13 >