< Sefania 1 >

1 Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so.
The Lord’s message, which came to Zephaniah, son of Cushi, son of Gedaliah, son of Amariah, son of Hezekiah, in the time of Josiah of Judah who was son of Amon.
2 “Mɛpra biribiara afi asase so” nea Awurade se ni,
I will utterly destroy everything from off the face of the earth, says the Lord.
3 “Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa; mɛpra nnomaa a wɔwɔ wim ne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa. Atirimɔdenfo benya wura a esum hɔ nko ara, sɛ mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,” nea Awurade se ni.
I will sweep away human and animal, the birds of the sky and the fish of the sea. I will cause the wicked to stumble, and I will cut off humanity from the face of the earth, says the Lord.
4 “Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so; na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha, na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din
I will stretch out my hand over Judah and all the inhabitants of Jerusalem, and I will cut off from this place the last remnant of Baal and the name of the heathen priests,
5 wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi, de sɔre abɔde a ɛwɔ wim, wɔn a wɔkotow de Awurade ka ntam na wɔde Molek nso ka ntam,
and those who worship on the housetops to the stars in the sky, and those worshippers of the Lord who also pay homage to Milcom,
6 wɔn nso a wogyae Awurade akyidi na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wommisa nʼase.”
and those who turn back from following the Lord, And those who do not seek the Lord nor strive to find him.
7 Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim, efisɛ, Awurade da no abɛn. Awurade asiesie afɔrebɔde; wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.
Be silent before the Lord God, for near is the day of the Lord, for the Lord has prepared a sacrifice, he has sanctified his guests.
8 “Awurade afɔrebɔ da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma ne wɔn a wɔhyehyɛ ananafo ntade nyinaa aso.
On the day of the Lord’s sacrifice: I will punish the officers and the royal princes, and all those who clothe themselves in foreign apparel.
9 Saa da no mɛtwe wɔn a wɔkwati apongua no nyinaa aso. Wɔn a wɔde akakabensɛm ne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no.
On that day: I will punish all who leap over the threshold, who fill the house of their lord with violence and deceit.
10 “Saa da no,” sɛnea Awurade se ni, “Osu befi Mpataa Pon ano, agyaadwotwa befi Atenae Foforo na nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba.
Listen on that day, says the Lord: A cry will be heard from the Fish Gate, and a wailing from the New Quarter, and a great din from the hills.
11 Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase, dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.
Those who live in the Mortar wail, for all the traders are silenced, the money counters wiped out.
12 Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no, a wodwen se, ‘Awurade renyɛ hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’
I will search Jerusalem with a lamp, I will punish those who are at ease, who sit comfortably with their wine, who say to themselves, “the Lord brings neither prosperity nor calamity.”
13 Wɔbɛfom wɔn ahonyade, na wɔabubu wɔn afi agu. Wobesisi afi, nanso wɔrentena mu wɔbɛyɛ bobe mfuw nanso wɔrennom mu nsa.”
Their wealth will become a prey and their houses a desolation. Though they build houses, they will not inhabit them; though they plant vineyards, they will not drink wine from them.
14 Awurade da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm so. Tie! Osu a wobesu Awurade da no bɛyɛ yaw, ɔkofo a ɔwɔ hɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara.
Near is the day of the Lord! Near and rapidly approaching! Near is the bitter day of the Lord, and the scream of the warrior.
15 Saa da no bɛyɛ abufuw da, ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da; ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da, ɛyɛ esum ne kusukuukuu da ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da,
That day is a day of wrath, a day of trouble and distress, a day of destruction and desolation, a day of darkness and gloom, a day of clouds and thick darkness,
16 ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmu a etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ ne ntwɔtwɔw so abantenten da.
a day of the trumpet and battle-cry, against the fortified cities and against the high battlements.
17 “Mede awerɛhow bɛba nnipa no so na wɔbɛnantew sɛ anifuraefo, efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Wobehwie wɔn mogya agu sɛ mfutuma, na wɔn ayamde nso sɛ atantanne.
And I will bring distress upon the people and they will walk as the blind, because they have sinned against the Lord, and their blood will be poured out as dust and their flesh as dung.
18 Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn nkwa wɔ Awurade abufuw da no.” Ne ninkutwe mu gya no bɛhyew ɔman no nyinaa, na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwa aba awiei mpofirim.
Neither their silver nor their gold will be able to save them. For in the day of the wrath of the Lord and in the fire of his fury the whole earth will be consumed. For he will make a speedy end of all the inhabitants of the earth.

< Sefania 1 >