< Nnwom Mu Dwom 8 >

1 Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima a wunum me na nufu ano, na mihuu wo wɔ abɔnten so a, anka mefew wʼano, a obiara rentumi mmu me animtiaa.
O that thou [wert] as my brother, that sucked the breasts of my mother! [when] I should find thee without, I would kiss thee; yea, I should not be despised.
2 Anka medi wʼanim na mede wo aba me na fi, ɔno a wakyerɛkyerɛ me. Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu, me ntunkum mu nsu dɔkɔdɔkɔ no bi.
I would lead thee, [and] bring thee into my mother’s house, [who] would instruct me: I would cause thee to drink of spiced wine of the juice of my pomegranate.
3 Ne nsa benkum da mʼatiko na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
His left hand [should be] under my head, and his right hand should embrace me.
4 Yerusalem mmabea, mehyɛ mo sɛ, morennyan na morenhwanyan ɔdɔ mu kosi bere a ɛsɛ mu.
I charge you, O daughters of Jerusalem, that ye stir not up, nor awake [my] love, until he please.
5 Hena na ofi sare so reba a otweri ne dɔfo koko mu yi? Ababaa: Mekanyan wo wɔ aprɛ dua no ase; ɛhɔ na wo na nyinsɛnee wo, ɛhɔ na nea ɔkoo awo no woo wo.
Who [is] this that cometh up from the wilderness, leaning upon her beloved? I raised thee up under the apple tree: there thy mother brought thee forth: there she brought thee forth [that] bare thee.
6 Fa me to wo koma so sɛ nsɔwanode, sɛ nsɔwanode wɔ wʼabasa so, efisɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owu, ne ninkutwe tim hɔ sɛ ɔda. Ɛhyehye sɛ ogyatannaa, sɛ ogyatannaa a ano yɛ den pa ara. (Sheol h7585)
Set me as a seal upon thine heart, as a seal upon thine arm: for love [is] strong as death; jealousy [is] cruel as the grave: the coals thereof [are] coals of fire, [which hath a] most vehement flame. (Sheol h7585)
7 Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ; nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ. Sɛ obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a anka wɔremmu no ade a ɛsom bo.
Many waters cannot quench love, neither can the floods drown it: if [a] man would give all the substance of his house for love, it would utterly be contemned.
8 Yɛwɔ nuabea akumaa bi a, ne nufu mmobɔɔ ɛ. Dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yi wɔ da a wobebisa no ase?
We have a little sister, and she hath no breasts: what shall we do for our sister in the day when she shall be spoken for?
9 Sɛ ɔyɛ ɔfasu a, yebesi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban. Sɛ ɔyɛ ɔpon a, yɛde sida besiw ne pon ano kwan.
If she [be] a wall, we will build upon her a palace of silver: and if she [be] a door, we will inclose her with boards of cedar.
10 Meyɛ ɔfasu, na me nufu te sɛ abantenten. Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a ɔde nea ɛsɔ ani reba.
I [am] a wall, and my breasts like towers: then was I in his eyes as one that found favour.
11 Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon; ɔde ne bobeturo no maa apaafo. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no nnwetɛbona apem.
Solomon had a vineyard at Baal-hamon; he let out the vineyard unto keepers; every one for the fruit thereof was to bring a thousand [pieces] of silver.
12 Nanso me bobeturo yi yɛ me de. Me de, meremfa mma; Salomo de ne de gye nnwetɛbona apem, na otua nʼapaafo nnwetɛbona ahannu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.
My vineyard, which [is] mine, [is] before me: thou, O Solomon, [must have] a thousand, and those that keep the fruit thereof two hundred.
13 Wo a wote turo no mu ne nnamfonom a wɔka wo ho, ma mente wo nne.
Thou that dwellest in the gardens, the companions hearken to thy voice: cause me to hear [it].
14 Bra ma yɛnkɔ, me dɔfo, na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba anaasɛ ɔforote ba a ɔwɔ mmepɔw a nnuhuam ahyɛ so ma so.
Make haste, my beloved, and be thou like to a roe or to a young hart upon the mountains of spices.

< Nnwom Mu Dwom 8 >