< Nnwom 96 >

1 Monto dwom foforo mma Awurade; asase nyinaa monto dwom mma Awurade.
ख़ुदावन्द के सामने नया हम्द गाओ! ऐ सब अहल — ए — ज़मीन! ख़ुदावन्द के सामने गाओ।
2 Monto dwom mma Awurade, monkamfo ne din; mompae mu nka ne nkwagye no daa daa.
ख़ुदावन्द के सामने गाओ, उसके नाम को मुबारक कहो; रोज़ ब रोज़ उसकी नजात की बशारत दो।
3 Monka nʼanuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.
क़ौमों में उसके जलाल का, सब लोगों में उसके 'अजायब का बयान करो।
4 Awurade yɛ ɔkɛse na nkamfo fata no; ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.
क्यूँकि ख़ुदावन्द बुज़ु़र्ग़ और बहुत। सिताइश के लायक़ है; वह सब मा'बूदों से ज़्यादा ता'ज़ीम के लायक़ है।
5 Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.
इसलिए कि और क़ौमों के सब मा'बूद सिर्फ़ बुत हैं; लेकिन ख़ुदावन्द ने आसमानों को बनाया।
6 Anuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; ahoɔden ne anuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ.
अज़मत और जलाल उसके सामने में हैं, क़ुदरत और जमाल उसके मक़दिस में।
7 Momfa mma Awurade, amanaman mmusuakuw, momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.
ऐ क़ौमों के क़बीलो! ख़ुदावन्द की, ख़ुदावन्द ही की तम्जीद — ओ — ताज़ीम करो!
8 Momfa anuonyam ne din a ɛfata mma Awurade; momfa afɔrebɔde nhyɛn nʼadiwo hɔ.
ख़ुदावन्द की ऐसी तम्जीद करो जो उसके नाम की शायान है; हदिया लाओ और उसकी बारगाहों में आओ!
9 Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu; asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim.
पाक आराइश के साथ ख़ुदावन्द को सिज्दा करो; ऐ सब अहल — ए — ज़मीन! उसके सामने काँपते रहो!
10 Monka nkyerɛ aman nyinaa se, “Awurade di hene.” Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn, wɔrentumi ntutu; ɔde pɛpɛyɛ bebu nnipa atɛn.
क़ौमों में 'ऐलान करो, “ख़ुदावन्द सल्तनत करता है! जहान क़ाईम है, और उसे जुम्बिश नहीं; वह रास्ती से कौमों की 'अदालत करेगा।”
11 Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurusi; momma po ne mu nneɛma nyinaa nworo;
आसमान ख़ुशी मनाए, और ज़मीन ख़ुश हो; समन्दर और उसकी मा'मूरी शोर मचाएँ;
12 Momma mfuw ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose; momma kwae mu nnua nyinaa mfa ahosɛpɛw nto nnwom.
मैदान और जो कुछ उसमें है, बाग़ — बाग़ हों; तब जंगल के सब दरख़्त खु़शी से गाने लगेंगे।
13 Momma abɔde nyinaa nni ahurusi wɔ Awurade anim, efisɛ ɔreba, ɔreba abebu asase no atɛn. Ɔde trenee bebu wiase atɛn na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokware mu.
ख़ुदावन्द के सामने, क्यूँकि वह आ रहा है; वह ज़मीन की 'अदालत करने को रहा है। वह सदाक़त से जहान की, और अपनी सच्चाई से क़ौमों की 'अदालत करेगा।

< Nnwom 96 >