< Nnwom 77 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde ma Yedutun. Asaf dwom. Misu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa; misu mefrɛɛ no sɛ ontie me.
“For the leader of the music of the Jeduthunites. A psalm of Asaph.” I call upon God; I cry aloud for help; I call upon God, that he would hear me!
2 Bere a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade; metrɛw me nsa a ɛmpa abaw mu anadwo na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ.
In the day of my trouble I seek the Lord; In the night is my hand stretched forth continually; My soul refuseth to be comforted.
3 Onyankopɔn mekaee wo, na misii apini; medwenee, na me honhom tɔɔ beraw.
I remember God, and am disquieted; I think of him, and my spirit is overwhelmed.
4 Woamma mʼani ankum; amanehunu dodow nti, mantumi ankasa.
Thou keepest mine eyelids from closing; I am distressed, so that I cannot speak!
5 Medwenee nna a atwam no ho, teteete mfe no ho;
I think of the days of old, —The years of ancient times.
6 mekaee me nnwom a na meto no anadwo. Me koma dwenee ho na me honhom bisae se:
I call to remembrance my songs in the night; I meditate in my heart, And my spirit inquireth:
7 “Enti, Awurade bɛpo yɛn daa? Ɔrenhu yɛn mmɔbɔ bio ana?
Will the Lord be angry for ever? Will he be favorable no more?
8 Nʼadɔe a ɛnsa da atu ayera koraa ana? Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa ana?
Is his mercy utterly withdrawn for ever? Doth his promise fail from generation to generation?
9 Onyankopɔn werɛ afi sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufo ana? Ɔde abufuw atwe nʼayamhyehye no asan ana?”
Hath God forgotten to be gracious? Hath he in anger shut up his compassion?
10 Afei misusuwii se, “Eyi de, mɛsrɛ: mfe a Ɔsorosoroni no teɛɛ ne nsa nifa mu no.”
Then I say, “This is mine affliction, A change in the right hand of the Most High.”
11 Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ; yiw, mɛkae wo tete anwonwade no.
I remember the deeds of Jehovah; I think of thy wonders of old.
12 Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho na masusuw wo nneyɛe akɛse nyinaa ho.
I meditate on all thy works, And talk of thy doings.
13 Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronkron. Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Nyankopɔn?
Thy ways, O God! are holy! Who so great a god as our God?
14 Wone Onyankopɔn a woyɛ anwonwade; wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu.
Thou art a God who doest wonders; Thou hast manifested thy power among the nations.
15 Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfo, Yakob ne Yosef asefo no.
With thy strong arm thou didst redeem thy people, —The sons of Jacob and Joseph.
16 Onyankopɔn, nsu no huu wo, nsu no huu wo na wɔpopoe; bun no mpo ho wosowee.
The waters saw thee, O God! The waters saw thee, and feared, And the deep trembled.
17 Omununkum tɔɔ nsu, aprannaa gyigyee wɔ ɔsoro; na wo bɛmma paa gya dii akɔneaba.
The clouds poured out water, The skies sent forth thunder, And thine arrows flew.
18 Wʼaprannaa bobɔɔ mu wɔ mfɛtɛ no mu, wʼanyinam hyerɛn wiase; asase popoe, na ɛwosowee.
Thy thunder roared in the whirlwind; Thy lightning illumined the world; The earth trembled and shook.
19 Wode wo kwan faa po mu, wode faa nsu kɛse mu, nanso wɔanhu wʼanammɔn.
Thy way was through the sea, And thy path through great waters; And thy footsteps could not be found.
20 Wonam Mose ne Aaron abasa so, dii wo nkurɔfo anim sɛ nguankuw.
Thou didst lead thy people like a flock, By the hands of Moses and Aaron.

< Nnwom 77 >