< Nnwom 68 >

1 Dawid dwom. Ma Onyankopɔn nsɔre, ma nʼatamfo nhwete; wɔn a wɔtan no no nguan mfi nʼanim.
Dawid dwom. Ma Onyankopɔn nsɔre, na nʼatamfoɔ mmɔ mpete; wɔn a wɔtane noɔ no nnwane mfiri nʼanim.
2 Sɛnea mframa bɔ wusiw gu no, saa ara na bɔ wɔn gu; sɛnea srade nan wɔ ogya so no, saa ara na amumɔyɛfo nyera mfi Onyankopɔn anim.
Sɛdeɛ mframa bɔ wisie gu no, saa ara na bɔ wɔn gu; sɛdeɛ sradeɛ nane wɔ ogya so no, saa ara na amumuyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim.
3 Nanso ma atreneefo ani nnye na wɔnsɛpɛw wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim; ma wɔn ho ntɔ wɔn na wonni ahurusi.
Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnye na wɔnsɛpɛ wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim; ma wɔn ho ntɔ wɔn na wɔnni ahurisie.
4 To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ. Ma nea ɔnantew omununkum so no din so. Ne din ne Awurade; ma wʼani nnye wɔ nʼanim.
To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ. Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so. Ne din ne Awurade; ma wʼani nnye wɔ nʼanim.
5 Ayisaa agya ne nea odi akunafo asɛm ma wɔn ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenae kronkron hɔ.
Nwisiaa agya ne deɛ ɔdi akunafoɔ asɛm ma wɔn ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenaeɛ kronkron hɔ.
6 Ɔma ohiani tena mmusua mu, na ɔde nnwonto yi nneduafo ma wɔde wɔn ho; na atuatewfo de, wɔtena asase a awo so.
Ɔma onnibie tena mmusua mu, na ɔde nnwontoɔ yi nneduafoɔ ma wɔde wɔn ho; na atuatefoɔ deɛ, wɔtena asase a awo so.
7 Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim, bere a wode wɔn faa sare so no,
Ao Onyankopɔn, ɛberɛ a wodii wo nkurɔfoɔ anim, ɛberɛ a wode wɔn faa ɛserɛ so no,
8 asase wosowee, na ɔsoro tuee osu guu fam, wɔ Onyankopɔn, Sinai Nyankopɔn, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no anim.
asase wosoeɛ, na ɔsoro tuee osuo guu fam, wɔ Onyankopɔn, Sinai Onyankopɔn no, Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no anim.
9 Womaa osu tɔɔ bebree, Ao, Onyankopɔn, guu wʼagyapade a abotow no so ma ɛyɛɛ frɔmfrɔm.
Womaa osuo tɔɔ bebree, Ao Onyankopɔn, guu wʼagyapadeɛ a abotoɔ no so ma ɛyɛɛ frɔmm.
10 Wo nkurɔfo bɔɔ atenase wɔ so, Onyankopɔn, wonam wʼadɔe bebree no so hwɛɛ ahiafo.
Wo nkurɔfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ so. Ao Onyankopɔn, wonam wʼadɔeɛ bebree no mu hwɛɛ ahiafoɔ.
11 Awurade kaa asɛm no, na dodow no ara ne wɔn a wɔpaee mu kae;
Awurade kaa asɛm no, na dodoɔ no ara ne wɔn a wɔpaee mu kaeɛ;
12 “Ahemfo ne wɔn asraafo guan ntɛm so; mmea a wɔwɔ fie no kyɛ asade.
“Ahemfo ne wɔn asraafoɔ dwane ntɛm so; na mmaa kyɛ afodeɛ no.
13 Mpo bere a woda nguanban mu no, wɔde dwetɛ duraa mʼaborɔnoma ntaban ho, de sikakɔkɔɔ a ɛhyerɛn guu wɔn ntakra so.”
Mpo wɔn a wɔn daberɛ wɔ nnwankuo mu no, wɔnya afodeɛ no bi. Wɔnya aborɔnoma a wɔde sikakɔkɔɔ ne sika adura wɔn ntaban so.”
14 Bere a Otumfo bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hwetee no, na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Bepɔw Salmon so.
Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no, na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so.
15 Basan mmepɔw gyinagyina hɔ, Basan mmepɔw so yɛ abonkyiabonkyi.
Basan mmepɔ gyinagyina hɔ, Basan mmepɔ so yɛ mmɔnkyi mmɔnka.
16 Wo bepɔw abonkyiabonkyi, adɛn nti na wode ani bɔne hwɛ bepɔw a Onyankopɔn ayi sɛ obedi so hene, faako a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?
Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛdi so ɔhene, baabi a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?
17 Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ mpem mpem ne mpem mpem mu mpem; Awurade fi Sinai aba ne kronkronbea.
Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem ne ɔpepem mpem mpem; Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea.
18 Bere a woforo kɔɔ soro no, wode nnommum kaa wo ho; wunyaa ayɛyɛde fii nnipa hɔ, fii atuatewfo hɔ mpo, sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Awurade Nyankopɔn.
Ɛberɛ a woforo kɔɔ soro no, wode nnommumfoɔ kaa wo ho; wonyaa ayɛyɛdeɛ firii nnipa hɔ, firii atuatefoɔ hɔ mpo, sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Ao Awurade Onyankopɔn.
19 Ayeyi nka Awurade, nka Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, nea ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.
Ayɛyie nka Awurade Onyankopɔn, yɛn Agyenkwa, deɛ ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.
20 Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ogye nkwa; na Awurade mu na owu tow fom yɛn.
Yɛn Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔgye nkwa; na Awurade na ɔgye yɛn firi owuo mu.
21 Ampa ara Onyankopɔn bɛdwerɛw nʼatamfo ti, wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne ti kusuu no.
Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam nʼatamfoɔ ti, wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne no.
22 Awurade ka se, “Mede wɔn befi Basan aba; mede wɔn befi po bun mu aba,
Awurade ka sɛ, “Mede wɔn bɛfiri Basan aba; mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba,
23 na moanantew wɔn a wokyi mo no mogya mu na mo akraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.”
na moanante wɔn a wɔkyiri moɔ no mogya mu na mo nkraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.”
24 Onyankopɔn, yɛahu wo santen yuu no, me Nyankopɔn ne me Hene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.
Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no, me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.
25 Nnwontofo no wɔ anim, na asankubɔfo no nso di so, na mmabaa a wɔrewosow akasae nso ka wɔn ho.
Nnwontofoɔ no wɔ animu, ɛnna asankubɔfoɔ no nso di so, na mmabaawa a wɔrewoso akasaeɛ nso ka wɔn ho.
26 Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛse no mu; monkamfo Awurade wɔ Israel nnipakuw no mu.
Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛseɛ no mu; monkamfo Awurade wɔ Israel nipakuo no mu.
27 Abusuakuw ketewa, Benyamin na odi wɔn kan, Yuda mmapɔmma kuw kɛse no di so, na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba.
Abusuakuo ketewa Benyamin na ɔdi wɔn ɛkan, Yuda mmapɔmma kuo kɛseɛ no di so, na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba.
28 Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn; da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛnea woayɛ pɛn no.
Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn; da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛdeɛ woayɛ pɛn no.
29 Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem nti ahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ wo.
Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem enti ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo.
30 Ka aboa a ɔhyɛ mfea mu no anim, ne anantwinini kuw a wɔhyɛ amanaman no nantwimma mu no. Brɛ wɔn ase kosi sɛ wɔde dwetɛ mpɔw bɛba. Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam.
Ka aboa a ɔhyɛ demmire mu no anim, ne anantwinini kuo a wɔhyɛ amanaman no anantwie mma mu no. Brɛ wɔn ase kɔsi sɛ wɔde dwetɛ mpɔ bɛba. Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam.
31 Ananmusifo befi Misraim aba, na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn.
Ananmusifoɔ bɛfiri Misraim aba, na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn.
32 Wiase ahemman, monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayeyi nnwom mma Awurade,
Ao ewiase ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayɛyi dwom mma Awurade,
33 monto mma nea ɔte tete ɔsorosoro so no, na ɔde nne kɛse bobɔ mu no.
monto mma deɛ ɔte tete soro soro so no, na ɔde nne kɛseɛ bobɔ mu no.
34 Mompae mu nka Onyankopɔn tumi, nea ne kɛseyɛ kata Israel so no, na ne tumi wɔ soro ɔsoro no.
Mompae mu nka Onyankopɔn tumi, deɛ ne kɛseyɛ hata Israel so no, na ne tumi wɔ soro soro no.
35 Wo ho yɛ hu, Onyankopɔn, wɔ wo kronkronbea hɔ; Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfo. Ayeyi nka Onyankopɔn! Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛ “Sukooko.”
Wo ho yɛ nwanwa, Onyankopɔn, wɔwo kronkronbea hɔ; Israel Onyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ. Ayɛyie nka Onyankopɔn! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛ “Sukooko.”

< Nnwom 68 >