< Nnwom 58 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so. Dawid “miktam” dwom. So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana? Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana?
For the leader. Al tashheth. Of David. A michtam. Do you speak what is right, you gods? With equity judge you your people?
2 Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma mu na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.
In the land you practise iniquity – all of you; violence do you dispense with your hands.
3 Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu; wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro.
The wicked go astray from the womb liars take the wrong path from their birth.
4 Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de, ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso,
Venom have they like the venom of snakes, they are like the deaf adder that stops her ears,
5 a ɔnte ntafowayifo dwom, na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho.
and refuses to listen to the voice of the charmer, or binder of spells, no matter how cunning.
6 Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom, Awurade, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu!
O God, break to pieces the teeth in their mouth, tear out the great teeth of the young lions, Lord.
7 Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.
May they melt away like running water! Like tender grass, cut down may they be!
8 Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa.
Like the snail that dissolves on its crawling path, like the birth untimely which sees not the sunlight.
9 Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw, sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ.
Faster than a thorn-fire heats your pots, he will come with his tempest and sweep them away.
10 Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye, na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu.
The sight of such vengeance will gladden the righteous; their feet they will wash in the blood of the wicked.
11 Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.”
People will say, “Yes, the just are rewarded: yes, on the earth is a God who is Judge.”

< Nnwom 58 >