< Nnwom 55 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. Dawid “maskil” dwom. Ao Onyankopɔn, tie me mpaebɔ, mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,
聖歌隊の指揮者によって琴をもってうたわせたダビデのマスキールの歌 神よ、わたしの祈に耳を傾けてください。わたしの願いを避けて身を隠さないでください。
2 tie me na gye me so. Me dadwen haw me na ama mayɛ basaa,
わたしにみこころをとめ、わたしに答えてください。わたしは悩みによって弱りはて、
3 esiane nea me tamfo reka, esiane omumɔyɛfo ahunahuna nti; efisɛ wɔde amanehunu ba me so; na wofi wɔn abufuw mu kum me.
敵の声と、悪しき者のしえたげとによって気が狂いそうです。彼らはわたしに悩みを臨ませ、怒ってわたしを苦しめるからです。
4 Me koma wɔ ahoyeraw mu; na owu huboa aba me so.
わたしの心はわがうちにもだえ苦しみ、死の恐れがわたしの上に落ちました。
5 Ehu ne ahopopo akyekyere me. Ahodwiriw abu afa me so.
恐れとおののきがわたしに臨み、はなはだしい恐れがわたしをおおいました。
6 Mekae se, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburu a, anka metu akɔ ama me ho atɔ me,
わたしは言います、「どうか、はとのように翼をもちたいものだ。そうすればわたしは飛び去って安きを得るであろう。
7 anka metu akɔ akyirikyiri akɔtena sare so;
わたしは遠くのがれ去って、野に宿ろう。 (セラ)
8 anka mɛyɛ ntɛm akɔ me hintabea, faako a mframahweam ne ahum mmɛn koraa.”
わたしは急ぎ避難して、はやてとあらしをのがれよう」と。
9 Awurade, ma amumɔyɛfo nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto, efisɛ mihu basabasayɛ ne aperepere wɔ kuropɔn no mu.
主よ、彼らのはかりごとを打ち破ってください。彼らの舌を混乱させてください。わたしは町のうちに暴力と争いとを見るからです。
10 Awia ne anadwo wɔtetɛw nʼafasu ho; adwemmɔne ne asisi wɔ mu.
彼らは昼も夜も町の城壁の上を歩きめぐり、町のうちには害悪と悩みとがあります。
11 Adesɛefo dɔm reyɛ adwuma wɔ kuropɔn no mu. Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔnten so daa.
また滅ぼす事が町のうちにあり、しえたげと欺きとはその市場を離れることがありません。
12 Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔresopa me a, anka metumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrema ne ho so atia me a, anka metumi de me ho ahintaw no.
わたしをののしる者は敵ではありません。もしそうであるならば忍ぶことができます。わたしにむかって高ぶる者はあだではありません。もしそうであるならば身を隠して彼を避けることができます。
13 Nanso ɛyɛ wo, ɔdesani te sɛ me, me yɔnko, mʼadamfo kann,
しかしそれはあなたです、わたしと同じ者、わたしの同僚、わたしの親しい友です。
14 a kan no na me ne no wɔ ayɔnkofa a mu yɛ den bere a yɛn nyinaa bɔɔ mu yuu kɔɔ Onyankopɔn fi na yɛka asomfo no ho no.
われらはたがいに楽しく語らい、つれだって神の宮に上りました。
15 Ma owu mmɛfa mʼatamfo mpofirim; ma wɔnkɔ ɔda mu anikann, efisɛ bɔne te wɔn mu. (Sheol h7585)
どうぞ、死を彼らに臨ませ、生きたままで陰府に下らせ、恐れをもって彼らを墓に去らせてください。 (Sheol h7585)
16 Nanso misu frɛ Onyankopɔn, na Awurade gye me nkwa.
しかしわたしが神に呼ばわれば、主はわたしを救われます。
17 Anwummere, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne.
夕べに、あしたに、真昼にわたしが嘆きうめけば、主はわたしの声を聞かれます。
18 Ɔde ne ho bɔ afɔre ma minya me ti didi mu wɔ ako a wodi tia me no mu, mpo dodow na wɔsɔre tia me.
たといわたしを攻める者が多くとも、主はわたしがたたかう戦いからわたしを安らかに救い出されます。
19 Onyankopɔn a wɔasi no hene afebɔɔ no, ɔbɛte wɔn nka na wahaw wɔn, ɔbɛhaw nnipa a wɔnsakra wɔn akwan da na wonsuro Onyankopɔn nso.
昔からみくらに座しておられる神は聞いて彼らを悩まされるでしょう。[セラ彼らはおきてを守らず、神を恐れないからです。
20 Me yɔnko tow hyɛ ne nnamfonom so; na obu nʼapam so.
わたしの友はその親しき者に手を伸ばして、その契約を破った。
21 Ɔwɔ tɛkrɛmawo, nanso ɔtan wɔ ne koma mu. Nʼano asɛm dwudwo sen ngo, nanso ɛyɛ afoa a wɔatwe.
その口は牛酪よりもなめらかだが、その心には戦いがある。その言葉は油よりもやわらかだが、それは抜いたつるぎである。
22 Fa wo haw to Awurade so na ɔno na obegye wo; ɔremma ɔtreneeni nhwe ase.
あなたの荷を主にゆだねよ。主はあなたをささえられる。主は正しい人の動かされるのを決してゆるされない。
23 Nanso wo, Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumɔyɛfo ase ama wɔakɔ ɔporɔw amoa mu; mogyapɛfo ne nnaadaafo renni wɔn nkwanna mu fa. Nanso me de, mede me ho to wo so.
しかし主よ、あなたは彼らを滅びの穴に投げ入れられます。血を流す者と欺く者とはおのが日の半ばも生きながらえることはできません。しかしわたしはあなたに寄り頼みます。

< Nnwom 55 >