< Nnwom 53 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “mahalat” sanku nne na ɛto. Dawid dwom. Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Porɔwee adi wɔn, na wɔn akwan yɛ animguase. Obiara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
“For the leader of the music. To be sung on wind instruments. A psalm of David.” The fool saith in his heart, “There is no God!” They are corrupt; their doings are abominable; There is none that doeth good.
2 Onyankopɔn fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
God looketh down from heaven upon the children of men, To see if there are any that have understanding, That have regard to God.
3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.
They are all gone astray; together are they corrupt; There is none that doeth good, no, not one.
4 Enti abɔnefo rensua nyansa ana? Wɔwe me nkurɔfo sɛnea nnipa di aduan. Wonnsu mfrɛ Onyankopɔn.
Shall not the evil-doers be requited, Who eat up my people like bread, And call not upon God?
5 Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa wɔ faako a ehu nni. Onyankopɔn hwetee wɔn a wɔtow hyɛɛ wo so no nnompe mu; wuguu wɔn anim ase, efisɛ Onyankopɔn buu wɔn animtiaa.
Yea! fear shall come upon them, Where no fear is; For God will scatter the bones of him that encampeth against thee; Thou shalt put them to shame, for God despiseth them!
6 Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn. Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!
O that salvation for Israel would come out of Zion! When God bringeth back the captives of his people, Jacob shall rejoice, and Israel be glad.

< Nnwom 53 >