< Nnwom 46 >
1 Koramma dwom. Wɔto no “alamot” sanku nne so. Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara.
For the choirmaster. Of the sons of Korah. According to Alamoth. A song. God is our refuge and strength, an ever-present help in times of trouble.
2 Enti sɛ asase ani dan butuw, na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro,
Therefore we will not fear, though the earth is transformed and the mountains are toppled into the depths of the seas,
3 sɛ po bɔ asorɔkye na ehuru na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro.
though their waters roar and foam and the mountains quake in the surge.
4 Asuten bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beae kronkron a Ɔsorosoroni no te.
There is a river whose streams delight the city of God, the holy place where the Most High dwells.
5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.
God is within her; she will not be moved. God will help her when morning dawns.
6 Amanaman yɛ hoo, na ahenni hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nan.
Nations rage, kingdoms crumble; the earth melts when He lifts His voice.
7 Asafo Awurade ka yɛn ho. Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.
The LORD of Hosts is with us; the God of Jacob is our fortress.
8 Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛe a ɔde aba asase no so.
Come, see the works of the LORD, who brings devastation upon the earth.
9 Ɔma akodi gyae kosi asase ano. Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw; ɔde ogya hyew nkatabo.
He makes wars to cease throughout the earth; He breaks the bow and shatters the spear; He burns the shields in the fire.
10 Monyɛ komm na munhu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so.
“Be still and know that I am God; I will be exalted among the nations, I will be exalted over the earth.”
11 Asafo Awurade ka yɛn ho; Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
The LORD of Hosts is with us; the God of Jacob is our fortress.