< Nnwom 4 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto wɔ sankuhama so. Dawid dwom. Sɛ misu frɛ wo a, gye me so, me trenee Nyankopɔn. Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu; hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.
“For the leader of the music; to be accompanied with stringed instruments. A psalm of David.” Hear me, when I call, O God of my righteousness! Thou hast helped me, when I was in trouble, —Have pity upon me, and hear my prayer!
2 Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora? Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?
How long, O men! will ye dishonor my dignity? How long will ye love vanity, and seek disappointment? (Pause)
3 Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a.
Know ye that the LORD hath exalted one that is devoted to him; The LORD will hear, when I call upon him.
4 Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.
Stand in awe, and sin no more; Commune with your hearts upon your beds, and desist! (Pause)
5 Mommɔ afɔre a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.
Offer sacrifices of righteousness, And put your trust in the LORD!
6 Nnipa bebree bisa se: “Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?” Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.
There are many who say, Who will show us any good? LORD, lift thou up the light of thy countenance upon us!
7 Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.
Thou puttest gladness into my heart, Greater than theirs, when their corn and wine are abundant.
8 Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu, efisɛ wo nko ara, Awurade, na woma metena dwoodwoo.
I will lay me down in peace, and sleep: For thou alone, O LORD! makest me dwell in safety.

< Nnwom 4 >