< Nnwom 35 >

1 Dawid dwom. Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asi no nni asi; ko tia wɔn a wɔko tia me.
“A psalm of David.” Contend, O LORD! with them that contend with me! Fight against them that fight against me!
2 Fa wo nkatabo ne wʼakode; na sɔre bra bɛboa me.
Take hold of shield and buckler, And stand up for my help!
3 Twe peaw ne abonnua wɔ wɔn a wɔtaa me no so. Ka kyerɛ me kra se, “Mene wʼagyenkwa.”
Draw forth the spear and the axe against my persecutors; Say to me, “I am thy salvation.”
4 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no, ma wɔn anim ngu ase; wɔn a wɔbɔ me sɛe ho pɔw no, ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi.
May they be confounded and put to shame, who seek my life; May they be turned back with disgrace, who devise my hurt!
5 Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔn a Awurade bɔfo repam wɔn no.
May they be like dust before the wind; May the angel of the LORD drive them!
6 Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso ɛnyɛ toro, na Awurade bɔfo ntaa wɔn.
May their way be dark and slippery, And may the angel of the LORD pursue them!
7 Esiane sɛ wɔde ɔtan sum me afiri kwa, na wotuu amoa maa me a menyɛɛ wɔn hwee no nti
For without cause they have laid for me a snare; Without cause they have digged for me a pit.
8 ma ɔsɛe mmefu wɔn mu na ɔtan no a wɔde hintaw no nyi wɔn, na ma wɔnhwe amoa no mu nsɛe.
May unforeseen destruction come upon them! May the snare which they have laid lay hold on themselves, And may they fall into destruction!
9 Afei me kra ani begye wɔ Awurade mu na wasɛpɛw ne ho wɔ ne nkwagye mu.
Then shall my soul rejoice in the LORD; It shall exult in his protection.
10 Me nipadua nyinaa bɛteɛ mu aka se, “Hena na ɔte sɛ wo, Awurade? Wugye ohiani fi ahoɔdenfo nsam, ne nea onni bi fi apoobɔfo nsam.”
All my bones shall say, Who, O LORD! is like thee, Who dost rescue the afflicted from the oppressor, The afflicted and destitute from the spoiler?
11 Adansekurumfo sɔre; wobisa me nneɛma a minnim ho hwee ho asɛm.
False witnesses have risen up; They charge me with that which has not entered my mind.
12 Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka na wɔma me kra yɛ basaa.
They repay me evil for good; They cause bereavement to my soul.
13 Nanso bere a wɔyaree no, mifuraa atweaatam na mede akɔnkyen brɛɛ me ho ase. Bere a me mpaebɔ ho mmuae nnya mmae no,
And yet I, during their sickness, clothed myself with sackcloth, And afflicted myself with fasting; And my prayer was turned to my bosom.
14 mekɔɔ so twaa adwo, sɛnea meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. Mede awerɛhow sii me ti ase te sɛ nea meregyam me na.
I behaved myself as if he had been my friend or brother; I bowed down in sadness, as one mourning for his mother.
15 Nanso bere a mihintiw no wɔde anigye boaa wɔn ho ano; afowfo twaa me ho hyiae a minnim, na wodii me ho nseku a wɔantwa so da.
But at my fall they rejoice, and gather themselves together; Revilers whom I know not assemble themselves against me; They tear me without ceasing.
16 Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛw te sɛ nnipa a wonni nyamesu, wɔtwɛree wɔn se guu me so.
With base men who mock for their bread, They gnash at me with their teeth.
17 Awurade, wobɛhwɛ wɔn akosi da bɛn? Gye me nkwa fi wɔn sɛe mu, gye me nkwa a ɛsom bo no fi saa gyata yi nsam.
How long, O LORD! wilt thou look on? O rescue my life from the destruction they plot for me; My precious life from these young lions!
18 Na mɛda wo ase wɔ guabɔ kɛse ase; wɔ nnipa dodow mu na mɛkamfo wo.
I will thank thee in the great assembly! Before a numerous people I will praise thee.
19 Mma mʼatamfo a wɔtan me kwa no nhwɛ me haw nserew. Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nanso wɔtan me no mmfa adwene bɔne mmu me anikyiw.
Let not them that are my enemies wrongfully triumph over me; Let them not wink with the eye, who hate me without cause!
20 Wɔnnkasa asomdwoe so, na mmom, wɔde ntwatoso tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.
For they speak not peace; They devise deceit against them that are quiet in the land.
21 Wɔhwɛ me haw ka se, “Yiw! Yiw, yɛde yɛn ankasa ani ahu.”
Yea, they open their mouths wide against me; They say, “Aha, aha! our eyes seeth it.”
22 Awurade, woahu na mmua wʼano. Ntwe wo ho nkɔ akyiri, Awurade.
Thou seest it, O LORD! be not silent! O LORD! be not far from me!
23 Nyan, sɔre na bɛbɔ me ho ban! Ka bi ma me, me Nyankopɔn ne mʼAwurade.
Arouse thyself; awake for my defence! My God and my Lord, awake to my cause!
24 Di mʼasɛm ma me wɔ wo trenee no mu, Awurade me Nyankopɔn; mma wɔnnhwɛ me haw nserew.
Judge me according to thy righteousness, O Jehovah, my God! Let them not triumph over me!
25 Mma wɔnnwene nka se, “Yiw, nea yɛpɛ ni!” anaa wɔnnka se, “Yɛanya no.”
Let them not say in their hearts, “Aha! we have our wish!” Let them not say, “We have swallowed him up!”
26 Ma wɔn a wɔhwɛ me haw serew me wɔ mʼahohiahia mu no nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wodi me so akokurokosɛm no nhyɛ aniwu ne animguase atade.
May they all be confounded and brought to shame, Who rejoice at my calamity! May they be clothed with ignominy and disgrace, Who exalt themselves against me!
27 Ma wɔn a wodi ahurusi wɔ me bembu ho no mfa anigye ne ahosɛpɛw nteɛ mu bere nyinaa mu; ma wɔnka se, “Momma Awurade so, ɔno na nʼani gye ne somfo yiyedi ho.”
Let them shout for joy, and be glad, Who favor my righteous cause; Let them ever say, “The LORD be praised, Who delighteth in the prosperity of his servant!”
28 Me tɛkrɛma bɛka wo trenee, ne wʼayeyi, da mu nyinaa.
So shall my tongue speak of thy righteousness, And daily repeat thy praise.

< Nnwom 35 >