< Nnwom 30 >

1 Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano. Dawid dwom. Mɛma wo so, Awurade, efisɛ, woayi me afi bun mu na woamma mʼatamfo anserew me.
A Psalm. A Song for the Dedication of the Temple. By David. I will extol you, LORD, for you have raised me up, and have not made my foes to rejoice over me.
2 Awurade me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo sɛ boa me na wosaa me yare.
LORD my God, I cried to you, and you have healed me.
3 Awurade, wuyii me fii ɔda mu; wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amoa mu. (Sheol h7585)
LORD, you have brought up my soul from Sheol. You have kept me alive, that I should not go down to the pit. (Sheol h7585)
4 Monto ayeyi nnwom mma Awurade; mo a moyɛ nʼahotewfo! Monkamfo ne din kronkron no.
Sing praise to the LORD, you holy ones of his. Give thanks to his holy name.
5 Nʼabufuw nkyɛ, na nʼadɔe wɔ hɔ daa; agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa.
For his anger is but for a moment. His favor is for a lifetime. Weeping may stay for the night, but joy comes in the morning.
6 Metee nka sɛ mewɔ bammɔ no, mekae se, “Merenhinhim da.”
As for me, I said in my prosperity, “I shall never be moved.”
7 Awurade, woyɛɛ me adom no womaa me bepɔw gyinaa pintinn na wode wʼanim hintaw me no, me koma tui.
You, LORD, when you favored me, made my mountain stand strong; but when you hid your face, I was troubled.
8 Wo, Awurade na mefrɛɛ wo; wo hɔ na misu mesrɛɛ mmɔborɔhunu se:
I cried to you, LORD. I made supplication to the Lord:
9 “Mfaso bɛn na ɛwɔ me sɛe so, sɛ mɛkɔ amoa mu? Mfutuma beyi wo ayɛ ana? Ɛbɛpae mu aka wo nokwaredi ana?
“What profit is there in my destruction, if I go down to the pit? Shall the dust praise you? Shall it declare your truth?
10 Tie me, Awurade, na hu me mmɔbɔ! Awurade, yɛ me boafo.”
Hear, LORD, and have mercy on me. LORD, be my helper.”
11 Wodan mʼagyaadwotwa yɛɛ no asaw; wuyii mʼatweaatam fii me ho na wode anigye furaa me,
You have turned my mourning into dancing for me. You have removed my sackcloth, and clothed me with gladness,
12 sɛ me koma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. Awurade me Nyankopɔn, meyi wo ayɛ daa.
to the end that my heart may sing praise to you, and not be silent. LORD my God, I will give thanks to you forever!

< Nnwom 30 >