< Nnwom 21 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade, ɔhene di anigye wɔ wʼahoɔden mu. Nʼani gye mmoroso wɔ nkonimdi a woma no nti!
For the Chief Musician. A Psalm by David. The king rejoices in your strength, LORD! How greatly he rejoices in your salvation!
2 Woama no nea ne koma pɛ; woamfa nʼabisade ankame no.
You have given him his heart’s desire, and have not withheld the request of his lips. (Selah)
3 Wode nhyira a edi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ ankasa ahenkyɛw hyɛɛ no.
For you meet him with the blessings of goodness. You set a crown of fine gold on his head.
4 Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, nna tenten a enni awiei.
He asked life of you and you gave it to him, even length of days forever and ever.
5 Nkonimdi a woma no nti, nʼanuonyam so; wode kɛseyɛ ne nidi adom no.
His glory is great in your salvation. You lay honor and majesty on him.
6 Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da na woama no ahosɛpɛw wɔ wʼanim anigye mu.
For you make him most blessed forever. You make him glad with joy in your presence.
7 Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokware dɔ no nti, ɔrenhinhim.
For the king trusts in the LORD. Through the loving kindness of the Most High, he shall not be moved.
8 Wo nsa bɛka wʼatamfo nyinaa; wo nsa nifa beso wɔn a wokyi wo no mu.
Your hand will find out all of your enemies. Your right hand will find out those who hate you.
9 Bere a wubeyi wo ho adi no wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a mu adɔ. Awurade fi nʼabufuwhyew mu bɛmene wɔn, na ne gya no ahyew wɔn.
You will make them as a fiery furnace in the time of your anger. The LORD will swallow them up in his wrath. The fire shall devour them.
10 Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, na wɔn asefo afi adesamma mu.
You will destroy their descendants from the earth, their posterity from among the children of men.
11 Ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ pɔw tia wo na wɔyɛ nhyehyɛe bɔne, nanso wɔrenni nkonim;
For they intended evil against you. They plotted evil against you which cannot succeed.
12 efisɛ wobɛma wɔasan wɔn akyi bere a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so no.
For you will make them turn their back, when you aim drawn bows at their face.
13 Yɛma wo so, Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.
Be exalted, LORD, in your strength, so we will sing and praise your power.

< Nnwom 21 >