< Nnwom 122 >

1 Ɔsoroforo dwom. Dawid de. Me ne wɔn a wosee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei.
I was glad when they said to me, Let us go to the house of Jehovah.
2 Yegyinagyina wʼaponkɛse ano, Yerusalem.
Our feet are standing inside thy gates, O Jerusalem.
3 Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔn wahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.
Jerusalem, that is built as a city that is compact together,
4 Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ, Awurade mmusuakuw no, Wɔkɔkamfo Awurade din, sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te.
where the tribes go up, even the tribes of Jehovah, for an ordinance for Israel, to give thanks to the name of Jehovah.
5 Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi, Dawid fi nhengua no.
For there thrones are set for judgment, the thrones of the house of David.
6 Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.
Pray for the peace of Jerusalem. They shall prosper who love thee.
7 Ma asomdwoe mmra wʼafasu mu na bammɔ mmra wʼaban mu.”
Peace be within thy walls, and prosperity within thy palaces.
8 Me nuanom ne me nnamfonom nti, mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.”
For my brothers and companions' sakes I will now say, Peace be within thee.
9 Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti, mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ.
For the sake of the house of Jehovah our God I will seek thy good.

< Nnwom 122 >