< Mmebusɛm 30 >

1 Yake babarima Agur nsɛm a ɔkae a ɛyɛ nkuranhyɛ: Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal se:
Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ: Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ:
2 “Me na minnim hwee koraa wɔ nnipa mu, minni onipa ntease.
“Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu, menni onipa nteaseɛ.
3 Minsuaa nyansa, na minni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.
Mensuaa nyansa, na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.
4 Hena na waforo akɔ ɔsoro na wasian aba fam? Hena na wabɔ mframa boa wɔ ne nsam? Hena na ɔde nʼatade abɔ nsu boa? Hena na ɔbɔɔ asase tamaa yi? Ne din de dɛn, na ne babarima nso din de dɛn? Sɛ wunim a ka kyerɛ me!
Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam? Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu? Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa? Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi? Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn? Sɛ wonim a ka kyerɛ me!
5 “Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokware; ɔyɛ nkatabo ma wɔn a woguan toa no.
“Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ; ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.
6 Mfa biribi nka nʼasɛm ho, anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofo.
Mfa biribi nka nʼasɛm ho, anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.
7 “Awurade, nneɛma abien na mehwehwɛ afi wo nkyɛn; mfa nkame me ansa na mawu:
“Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn; mfa nkame me ansa na mawu:
8 ma me ne atoro ne nnaadaasɛm ntam nware koraa; mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefo; nanso ma me me daa aduan nkutoo.
Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu; mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ; nanso ma me deɛ medi daa.
9 Anyɛ saa a, ebia minya me ho pii a ɛbɛma mapa wo na maka se, ‘Hena ne Awurade?’ Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔn, na ama magu me Nyankopɔn din ho fi.
Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wo na maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’ Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno, na ama magu me Onyankopɔn din ho fi.
10 “Nsɛe ɔsomfo din nkyerɛ ne wura; sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wubetua so ka.
“Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura; sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.
11 “Nnipa bi dome wɔn agyanom, na wonhyira wɔn nanom nso;
“Nnipa bi dome wɔn agyanom, na wɔnnhyira wɔn maamenom nso;
12 Wɔn a wɔteɛ wɔ wɔn ankasa ani so nanso wɔnhohoroo wɔn ho fi no;
Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi;
13 wɔn a wɔn ani tra ntɔn, na wobu animtiaa;
wɔn a wɔn ani tra ntɔn, na wɔbu animtiaa;
14 wɔn a wɔn se yɛ afoa na asekan hyehyɛ wɔn abogye mu wɔn na wɔbɛtɔre ahiafo ase afi asase so, na wɔayi ahiafo afi adesamma mu.
wɔn a wɔn se yɛ akofena na sekammoa hyehyɛ wɔn apantan wɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so, na woayi onibie afiri adasamma mu.
15 “Amemem wɔ mmabea baanu a wɔteɛ mu se, ‘Fa ma! Fa ma!’ “Nneɛma abiɛsa na ɛmmee da anan na ɛnka da se, ‘Eye!’
“Amemem wɔ mmammaa mmienu a wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’ “Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da. Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’
16 Ɔda, obonin awotwaa, asase a ɛyɛ wosee daa, ne ogya a ɛnka da se, ‘Eye!’ (Sheol h7585)
Damena, obonini awotwaa, asase a ɛyɛ wesee daa, ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’ (Sheol h7585)
17 “Ani a eyi agya ahi, na ebu ɛna animtiaa no, obon mu kwaakwaadabi betutu, na apete abedi.
“Ani a ɛyi agya ahi, na ɛbu ɛna animtia no, bɔnhwa ho anene bɛtutu, na apete abɛdi.
18 “Nneɛma abiɛsa na ɛyɛ me nwonwa, anan na mente ase:
“Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa, ɛnan na mente aseɛ:
19 Ɔkwan a ɔkɔre nam so wɔ wim, sɛnea ɔwɔ nantew ɔbotan so, ɔkwan a hyɛn nam so wɔ po tamaa so, ne sɛnea ɔbarima dɔ ababaa.
Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem, sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so, ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so, ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa.
20 “Ɔbea ɔwaresɛefo kwan ni: Odidi, ɔpepa nʼano na ɔka se, ‘Menyɛɛ mfomso biara.’
“Ɔbaa waresɛefoɔ ɛkwan nie: Ɔdidi, ɔpepa nʼano na ɔka sɛ, ‘Menyɛɛ mfomsoɔ biara.’
21 “Nneɛma abiɛsa na ɛma asase wosow, anan na asase ntumi nnyina ano:
“Nneɛma mmiɛnsa na ɛma asase woso, ɛnan na asase ɛntumi nnyina ano:
22 akoa a wabɛyɛ ɔhene, ɔkwasea a wadidi amee,
akoa a wabɛyɛ ɔhene, ɔkwasea a wadidi amee,
23 ɔbea a wɔmpɛ no na waware, afenaa a otu nʼawuraa tena nʼanan mu.
ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ, afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu.
24 “Nneɛma nketenkete anan na ɛwɔ asase so, nanso wɔyɛ anyansafo ankasa:
“Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so, nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa:
25 Ntɛtea yɛ abɔde nketewa a wonni ahoɔden, nanso wɔboaboa wɔn aduan ano ahuhuru bere mu;
Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden, nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu;
26 Nkukuban yɛ abɔde a wonni ahoɔden, nanso wɔyɛ wɔn afi wɔ abotan mu,
Nkukuban—yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden, nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu,
27 mmoadabi nni ɔhene, nanso wɔsa so akuwakuw, kɔ wɔn anim;
ntutummɛ nni ɔhene, nanso wɔsa so akuakuo, kɔ wɔn anim;
28 wotumi de nsa kyere ɔketew, nanso wohu no abirɛmpɔn ahemfi.
wɔtumi de nsa kyere ɔkoterɛ, nanso wɔhunu no aberempɔn ahemfie.
29 “Nneɛma abiɛsa na wɔwɔ abirɛmpɔnnantew, anan na wɔkeka wɔn ho te sɛ abirɛmpɔn:
“Nneɛma mmiɛnsa na wɔwɔ aberempɔn nanteɛ, ɛnan na wɔkeka wɔn ho te sɛ aberempɔn:
30 gyata, mmoadoma hene a, biribiara mmɔ no hu;
gyata, mmoadoma ɔhene a, biribiara mmɔ no hu;
31 akokɔnini a ɔretutu taataa, ɔpapo, ne ɔhene a nʼasraafo atwa no ho ahyia.
akokɔnini a ɔretutu taataa, ɔpapo, ne ɔhene a nʼasraafoɔ atwa ne ho ahyia.
32 “Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so, anaa woadwene bɔne a, ma wʼani nwu na mua wʼano!
“Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so, anaa woadwene bɔne a, ma wʼani nwu na mua wʼano!
33 Sɛnea wɔka nufusu nu mu a srade fi mu ba, na wokyinkyim hwene a etu mogya no, saa ara na abufuw de akasakasa ba.”
Sɛdeɛ wɔka nufosuo nu mu a sradeɛ firi mu ba na wɔkyinkyim hwene a ɛtu mogya no, saa ara na abufuo de akasakasa ba.”

< Mmebusɛm 30 >