< Mmebusɛm 20 >

1 Nsa yɛ ɔfɛwdifo na nsaden yɛ ɔtɔkwapɛfo; na obiara a nsa bɛma wafom kwan no nyɛ onyansafo.
Wine is a mocker, strong drink a brawler, And he that reeleth with it is not wise.
2 Ɔhene abufuwhyew te sɛ gyata mmubomu; na nea ɔhyɛ no abufuw no de nkwa twa so.
The terror of a king is like the roaring of a lion; He who provoketh him sinneth against himself.
3 Ɛyɛ onipa anuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa, nanso ogyimifo biara pɛ ntɔkwaw.
It is an honor to a man to cease from strife; Bur every fool rusheth into it.
4 Onihawfo mfuntum nʼasase wɔ ne bere mu; enti edu twabere a onya hwee.
The sluggard will not plough by reason of the cold; Therefore shall he beg in harvest, and have nothing.
5 Onipa koma botae yɛ asubun, nanso nea ɔwɔ nhumu no twetwe ma epue.
A design in the heart of a man is like deep waters; But a man of understanding draweth it out.
6 Nnipa dodow no ara ka se wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da, na hena na obetumi ahu ɔnokwafo?
Many will proclaim their own kindness; But a faithful man who can find?
7 Ɔtreneeni bu ɔbra kronkron; nhyira nka ne mma a wɔba wɔ nʼakyi.
He who walketh in his integrity is a righteous man; Happy will be his children after him!
8 Sɛ ɔhene tena nʼahengua so bu atɛn a, ɔde nʼani huhuw bɔne nyinaa so gu.
The king, sitting upon the throne of judgment, Scattereth with his eyes all the wicked like chaff.
9 Hena na obetumi aka se, “Mapra me koma mu; meyɛ kronkron na minni bɔne?”
Who can say, “I have kept my heart clean; I am free from my sin?”
10 Nkaribo ne susudua a ɛnyɛ papa no, Awurade kyi nʼabien no nyinaa.
Divers weights and divers measures, —Both of them are an abomination to the LORD.
11 Mpo wɔnam abofra nketewa nneyɛe so hu wɔn, saa ara na ne suban yɛ kronkron ne papa no.
Even in childhood one maketh himself known by his doings, Whether his actions will be pure and right.
12 Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hu ade, Awurade na wayɛ nʼabien no nyinaa.
The ear that heareth, and the eye that seeth, —The LORD made them both.
13 Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia; nna, na wubenya aduan ama abu so.
Love not sleep, lest thou come to poverty; Open thine eyes, and thou shalt be satisfied with bread.
14 Adetɔni ka se, “Enye, enye!” nanso sɛ ɔkɔ a ɔde nea watɔ no hoahoa ne ho.
“Bad! bad!” saith the buyer; But when he hath gone his way, then he boasteth.
15 Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhene pa nso abu so, na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ na.
There is gold and abundance of pearls; But the lips of knowledge are a precious vase.
16 Fa obi a odi ɔhɔho akagyinamu atade; sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.
Take his garment who is surety for another; Yea, take a pledge of him who is bound for a stranger.
17 Aduan a wonya no ɔkwan bɔne so no yɛ onipa anom dɛ, nanso akyiri no, ɛdan mmosea wɔ nʼanom.
The bread of falsehood is sweet to a man; But afterwards his mouth is filled with gravel.
18 Pɛ afotu yɛ wo nhyehyɛe; sɛ wutu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.
Purposes are established by counsel; Therefore with good advice make war.
19 Osekuni da kokoamsɛm adi; enti twe wo ho fi onipa a ɔkasa bebree ho.
He who goeth about as a tale-bearer revealeth secrets; Therefore associate not with him who keepeth open his lips.
20 Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne na a, wobedum ne kanea wɔ sum kabii mu.
Whoso curseth his father or his mother, His lamp shall be put out in midnight darkness.
21 Agyapade a wɔpere ho nya no, renyɛ nhyira akyiri no.
A possession may be gotten hastily in the beginning, But in the end it will not be blessed.
22 Nka se, “Metua wo saa bɔne yi so ka!” Twɛn Awurade, na obegye wo.
Say not thou, “I will repay evil;” Wait on the LORD, and he will help thee.
23 Awurade kyi nkaribo a ɛnyɛ papa, na asisi nsania nso nsɔ nʼani.
Divers weights are an abomination to the LORD, And a false balance is not good.
24 Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntu. Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?
A man's steps are from the LORD; How, then, can a man understand his way?
25 Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a, osum ne ho afiri.
It is a snare to a man to utter a vow rashly, And after vows to consider.
26 Ɔhene nyansafo hu amumɔyɛfo; na ɔde awiyam afiri hankare fa wɔn so.
A wise king scattereth the wicked like chaff, And bringeth over them the wheel.
27 Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu, ɛhwehwɛ ne mu baabiara.
The spirit of a man is the lamp of the LORD, Which searcheth all the inner chambers of his body.
28 Ɔdɔ ne nokwaredi bɔ ɔhene ho ban; nʼadɔe ma nʼahengua tim.
Mercy and truth preserve the king; Yea, his throne is upholden by mercy.
29 Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden, tidwen nso ne mmasiriwa anuonyam.
The glory of young men is their strength, And the beauty of old men is the gray head.
30 Ɔhwe ne apirakuru hohoro amumɔyɛ, mmaatwa tew koma mu.
Wounding stripes are the remedy for a bad man; Yea, stripes which reach to the inner chambers of the body.

< Mmebusɛm 20 >