< Mmebusɛm 14 >
1 Ɔbea nyansafo si ne dan, nanso ɔbea kwasea de nʼankasa ne nsa dwiriw ne de gu fam.
Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan, nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam.
2 Nea ne nantew teɛ no suro Awurade, na nea nʼakwan kyea no bu no animtiaa.
Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade, na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa.
3 Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa, nanso anyansafo ano bɔ wɔn ho ban.
Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa, nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban.
4 Faako a anantwi nni no, adididaka no mu da mpan, na nantwi ahoɔden mu na nnɔbae pii fi ba.
Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan, na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba.
5 Ɔdanseni nokwafo rennaadaa, ɔdansekurumni hwie atoro gu hɔ.
Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa, ɔdansekurumni hwie atorɔ gu hɔ.
6 Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa nanso onya, nanso wɔn a wɔwɔ nhumu nya nimdeɛ ntɛm.
Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya, nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm.
7 Twe wo ho fi ɔkwasea ho, efisɛ, worennya nimdeɛ mfi nʼano.
Twe wo ho firi ɔkwasea ho, ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano.
8 Anitewfo nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, na nkwaseafo agyimisɛm yɛ nnaadaa.
Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.
9 Nkwaseafo de bɔne ho adwensakra di fɛw, na wɔn a wɔteɛ mu na anisɔ wɔ.
Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ, na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ.
10 Koma biara nim ɔyaw wɔ ne mu, na obi foforo rentumi ne no nkyɛ nʼanigye.
Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu, na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ.
11 Wɔbɛsɛe amumɔyɛfo fi, nanso teefo ntamadan bɛyɛ frɔmfrɔm.
Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie, nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm.
12 Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so, nanso awiei no, ɛkɔ owu mu.
Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so, nanso ɛkɔwie owuo mu.
13 Ɔserew mu mpo, koma tumi di yaw, na anigye tumi wie awerɛhow.
Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea, na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ.
14 Akyirisanfo benya akatua sɛnea wɔn akwan te, na onipa pa nso benya ne de.
Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ, na onipa pa nso bɛnya ne deɛ.
15 Atetekwaa gye biribiara di, nanso onitefo dwene nʼanammɔntu ho.
Atetekwaa gye biribiara di, nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho.
16 Onyansafo suro Awurade na oguan bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowui ne basabasa.
Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.
17 Onipa a ne bo nkyɛ fuw no yɛ nkwaseade, na wɔtɔn nea ɔpam apam bɔne no.
Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ, na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no.
18 Ntetekwaafo agyapade ne gyimi, na wɔde nimdeɛ bɔ anitewfo abotiri.
Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie, na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire.
19 Nnipa bɔnefo bɛkotow nnipa pa anim, na amumɔyɛfo akotow atreneefo apon ano.
Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim, na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.
20 Ahiafo de, wɔn yɔnkonom mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ, nanso adefo wɔ nnamfonom bebree.
Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ, nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree.
21 Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira nka nea ne yam ye ma ohiani.
Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie.
22 So wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne nyera kwan ana? Nanso wɔn a wɔhyehyɛ nea eye no nya adɔe ne nokware.
Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne nyera ɛkwan anaa? Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ.
23 Adwumadenyɛ nyinaa de mfaso ba, na kasahunu de, ɛkɔ ohia mu.
Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba, na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu.
24 Anyansafo ahonya ne wɔn abotiri, na nkwaseafo agyimisɛm sow gyimi aba.
Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire, na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba.
25 Ɔdanseni nokwafo gye nkwa, nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafo.
Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa, nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ.
26 Nea osuro Awurade no wɔ bammɔ a mu yɛ den, na ɛbɛyɛ guankɔbea ama ne mma.
Deɛ ɔsuro Awurade no wɔ banbɔ a emu yɛ den, na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.
27 Awurade suro yɛ nkwa asuti, eyi onipa fi owu afiri mu.
Awurade suro yɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
28 Ɔman mu nnipa dodow yɛ ɔhene anuonyam, nanso sɛ asomfo nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.
Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam, nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.
29 Onipa a ɔwɔ abodwokyɛre wɔ ntease a mu dɔ, na nea ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.
Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ, na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.
30 Koma mu asomdwoe ma nipadua nkwa, na anibere ma nnompe porɔw.
Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa, na anibereɛ ma nnompe porɔ.
31 Nea ɔhyɛ ahiafo so no bu wɔn Yɛfo animtiaa, nanso nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn anuonyam.
Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa, nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.
32 Sɛ amanehunu ba a amumɔyɛfo hwe ase, nanso owu mu mpo atreneefo wɔ guankɔbea.
Sɛ amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase, nanso owuo mu mpo teneneefoɔ wɔ dwanekɔbea.
33 Nyansa te ntease koma mu, na nkwaseafo mu mpo, oyi ne ho adi.
Nyansa te nteaseɛ akoma mu, na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi.
34 Trenee pagyaw ɔman, na bɔne yɛ animguase ma nnipa nyinaa.
Tenenee pagya ɔman na bɔne yɛ animguaseɛ ma nnipa biara.
35 Ɔhene ani sɔ ɔsomfo nyansani, na ɔsomfo nimguasefo hyɛ no abufuw.
Ɔhene ani sɔ ɔsomfoɔ nyansani, na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo.