< 4 Mose 23 >
1 Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Si afɔremuka ason wɔ ha, na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.”
Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na siesie anantwie mma nson ne nnwennini nson fa wɔn bɔ afɔdeɛ.”
2 Balak yɛɛ sɛnea Balaam kae no, na wɔn baanu no de nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔremuka no biara so afɔre.
Balak tiee Balaam asɛm no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔrebukyia nson no biara so afɔdeɛ.
3 Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na Awurade bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ yɛ petee.
Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ sɛ Awurade bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi.
4 Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no ma ɔkae se, “Masiesie afɔremuka ason, na mede nantwinini ne odwennini abɔ afɔre wɔ biara so.”
Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ.”
5 Awurade de asɛm hyɛɛ Balaam anom se, “San kɔ Balak nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”
Afei, Awurade de nkra maa Balaam sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak.
6 Ɔsan bae no ɔbɛtoo no sɛ ɔne Moab mpanyimfo no nyinaa gyinagyina afɔre no ho.
Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.
7 Na Balaam hyɛɛ ne nkɔm: “Balak soma bɛfrɛɛ me fii Aram, Moabhene frɛɛ me fii apuei fam nkoko so. Ɔkae se, ‘Bra bɛdome Yakob ma me; bra bɛka mmususɛm gu Israel so.’
Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie: “Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram. Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so. Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me! Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’
8 Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adome wɔn a Onyankopɔn nnome ɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na matumi aka mmususɛm agu wɔn a Awurade mmuu wɔn fɔ so?
Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madome wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn? Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ, nnipa a Awurade mmuu wɔn fɔ?
9 Mihu wɔn fi ɔbotan atifi; mehwɛ wɔn fi nkoko so. Mihu nnipa a wɔatew wɔn ho a wommu wɔn ho sɛ wɔyɛ aman no bi mu nnipa.
Mehunu wɔn firi abotan atifi; mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so. Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase, a wɔayi wɔn afiri amanaman mu.
10 Hena na obetumi akan Yakob mfutuma, anaa ɔbɛkan Israelfo nkyemu anan mu baako? Ma minwu atreneefo wu, na mʼawiei nyɛ sɛ wɔn de.”
Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso sɛ mfuturo? Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako? Ma menwu sɛ ɔteneneeni; na mawieɛ nyɛ sɛ wɔn deɛ.”
11 Balak bisaa Balaam se, “Dɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mmom!”
Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!”
12 Obuae se, “So ɛnsɛ sɛ meka nea Awurade de ahyɛ mʼano no ana?”
Nanso, Balaam buaa sɛ, “Metumi aka biribi a Awurade nkaa sɛ menka anaa?”
13 Afei, Balak ka kyerɛɛ no se, “Bra na yɛnkɔ baabi foforo a yebehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa, gye wɔn atenae no nkyɛn nkyɛn. Gyina hɔ na dome wɔn ma me.”
Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.”
14 Enti ɔde no kɔɔ Sofim bepɔw Pisga atifi. Osii afɔremuka ason wɔ hɔ na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre afɔre wɔ afɔremuka biara so.
Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ.
15 Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho wɔ ha na me nso merekohyia Awuradewɔ hɔ.”
Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.”
16 Awurade hyiaa Balaam na ɔde asɛm hyɛɛ nʼanom se, “San kɔ Balak hɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”
Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no.
17 Enti ɔsan ba bɛtoo no no sɛ ogyina nʼafɔre no ho a Moab mpanyimfo no ka ne ho. Balak bisae se, “Awurade aka dɛn?”
Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?”
18 Na ɔhyɛɛ ne nkɔm: “Balak, sɔre na tie; Sipor babarima tie me.
Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie: “Balak, sɔre na tie; Sipor babarima tie me.
19 Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro; Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene. Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana? Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana?
Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ; Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene. Wakasa a wanyɛ anaa? Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa?
20 Wɔahyɛ me sɛ minhyira; wahyira, na merentumi nnan ani!
Wɔhyɛɛ me sɛ menhyira; wahyira, na merentumi nnane no!
21 “Wonhu ɔyawdi bi wɔ Yakob mu, wonhuu awerɛhowdi biara wɔ Israel mu. Awurade, wɔn Nyankopɔn ka wɔn ho; Ɔhene ka wɔn ho!
“Menhunu amanehunu bi a ɛbɛba Yakob so. Ɔhaw biara nni hɔ mma Israel! Awurade, wɔn Onyankopɔn ka wɔn ho. Ɔne wɔn ɔhene!
22 Onyankopɔn yii wɔn fii Misraim; ɔte sɛ nantwi hoɔdenfo ma wɔn.
Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim; ɔte sɛ nantwie hoɔdenfoɔ ma wɔn.
23 Nnome biara mmaa Yakob so ɛ, mmusu biara nni Israel so. Afei, wɔbɛka afa Yakob ne Israel ho se, ‘Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’
Nnome biara renka Yakob, abayisɛm biara nni tumi wɔ Israel so. Na wɔbɛka wɔ Yakob ho sɛ, ‘Hwɛ anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israel!’
24 Nnipa no sɔre sɛ gyatabere. Wɔwosow wɔn ho sɛ gyata a onnye nʼahome de kosi sɛ ɔbɛtetew nea wakyere no no nam pasaa na ɔnom nea wakyere no no mogya.”
Saa nnipa yi sɔre sɛ gyataburu. Wɔgyina hɔ sɛ gyata hoɔdenfoɔ. Ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛwe nʼahaboa awie na wanom ne mogya nyinaa!”
25 Na Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Sɛ worennome wɔn a, ɛno de nhyira wɔn koraa.”
Ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɛ worennome wɔn a, ɛnneɛ nhyira wɔn.”
26 Balaam buaa no se, “Manka ankyerɛ wo se nea Awurade bɛka biara na mɛyɛ ana?”
Nanso Balaam buaa no sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ asɛm a Awurade bɛka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka?”
27 Afei, Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Bra mma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wubegyina hɔ adome wɔn.”
Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Mede wo bɛkɔ baabi foforɔ. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wobɛgyina hɔ adome wɔn.”
28 Na Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔw Peor a ani kyerɛ nweatam no atifi pɛɛ no so.
Enti, ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔ Peor a ani kyerɛ anweatam no atifi pɛɛ so.
29 Bio, Balaam kae se, “Si afɔremuka ason na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.”
Bio, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔnsi afɔrebukyia nson na ɔnsiesie nantwie mma nson ne nnwennini mma nson mma afɔrebɔ.
30 Balak yɛɛ nea Balaam kae no, enti ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no biara so.
Ɔhene no yɛɛ deɛ Balaam kaeɛ no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia nson no biara so.