< 4 Mose 10 >

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke to Moses, saying:
2 “Fa dwetɛ a wɔaboro yɛ ntorobɛnto abien, na ɛyɛ a wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na edu ntamadan no tu so nso a, wɔahyɛn.
Make thee two trumpets of beaten silver, wherewith thou mayest call together the multitude when the camp is to be removed.
3 Sɛ wɔhyɛn ntorobɛnto abien no a, nnipa no behu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho ano wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
And when thou shalt sound the trumpets, all the multitude shall gather unto thee to the door of the tabernacle of the covenant.
4 Na sɛ wɔhyɛn baako pɛ a, na ɛkyerɛ sɛ Israel mmusua no mu mpanyimfo na ɛsɛ sɛ wɔba wo nkyɛn.
If thou sound but once, the princes and the heads of the multitude of Israel shall come to thee.
5 Sɛ mohyɛn de kyerɛ sɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuw a wɔwɔ Ahyiae Ntamadan apuei fam no betu afi wɔn atenae hɔ na wɔakɔ.
But if the sound of the trumpets be longer, and with interruptions, they that are on the east side, shall first go forward.
6 Sɛ mohyɛn nea ɛto so abien no a, mmusuakuw a wɔwɔ anafo fam no bedi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ sɛ wɔnkɔ.
And at the second sounding and like noise of the trumpet, they who lie on the south side shall take up their tents. And after this manner shall the rest do, when the trumpets shall sound for a march.
7 Na sɛ mofrɛ nnipa no ama wɔabehyia a, momfa ɔkwan foforo so nhyɛn ntorobɛnto no.
But when the people is to be gathered together, the sound of the trumpets shall be plain, and they shall not make a broken sound.
8 “Aaron mmabarima asɔfo nko ara na wɔbɛma wɔn kwan ama wɔahyɛn ntorobɛnto no. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa.
And the sons of Aaron the priest shall sound the trumpets: and this shall be an ordinance for ever in your generations.
9 Sɛ mudu Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfo a wɔhyɛ mo so no ko a mohyɛn ntorobɛnto no. Na, Awurade, mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afi mo atamfo nsam.
If you go forth to war out of your land against the enemies that fight against you, you shall sound aloud with the trumpets, and there shall be a remembrance of you before the Lord your God, that you may be delivered out of the hands of your enemies.
10 Anigyebere mu nso, monhyɛn ntorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Ɔsram biara mfiase nso, monhyɛn mfa nnye mo ani wɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo wɔ no. Na mene Awurade mo Nyankopɔn.”
If at any time you shall have a banquet, and on your festival days, and on the first days of your months, you shall sound the trumpets over the holocausts, and the sacrifices of peace offerings, that they may be to you for a remembrance of your God. I am the Lord your God.
11 Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no a ɛyɛ mfe abien a Israelfo fii Misraim no, omununkum no pagyaw ne ho fii Ahyiae Ntamadan no so,
The second year, in the second month, the twentieth day of the month, the cloud was taken up from the tabernacle of the covenant.
12 enti Israelfo no fii Sinai sare so hɔ dii omununkum no akyi kosii sɛ ekogyinaa Paran sare so.
And the children of Israel marched by their troops from the desert of Sinai, and the cloud rested in the wilderness of Pharan.
13 Bere a ɛsɛ sɛ wotu no duu no, Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn.
And the first went forward according to the commandment of the Lord by the hand of Moses.
14 Akwantu no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuw no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na otuu wɔn frankaa ma wodii kan.
The sons of Juda by their troops: whose prince was Nahasson the son of Aminadab.
15 Wɔn a wodii so ne Isakar abusuakuw a Suar babarima Netanel di wɔn anim.
In the tribe of the sons of Issachar, the prince was Nathanael the son of Suar.
16 Sebulon abusuakuw na wodii hɔ a Helon babarima Eliab na na odi wɔn anim.
In the tribe of Zabulon, the prince was Eliab the son of Helon.
17 Wotutuu Ahyiae Ntamadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wofi Lewifo mu no soaa Ahyiae Ntamadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu.
And the tabernacle was taken down, and the sons of Gerson and Merari set forward, bearing it.
18 Ruben abusuakuw tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur di wɔn anim.
And the sons of Ruben also marched, by their troops and ranks, whose prince was Helisur the son of Sedeur.
19 Wɔn a na wodi so ne Simeon abusuakuw a Surisadai babarima Selumiel di wɔn anim;
And in the tribe of Simeon, the prince was Salamiel the son of Surisaddai.
20 Gad abusuakuw nso, na Deguel babarima Eliasaf na odi wɔn anim.
And in the tribe of Cad, the prince was Eliasaph the son of Duel.
21 Na Kohatfo no nso na na wodi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Ahyiae Ntamadan no wɔ beae foforo hɔ ansa na wɔadu hɔ.
Then the Caathites also marched carrying the sanctuary. So long was the tabernacle carried, till they same to the place of setting it up.
22 Wɔn a na wodi so ne Efraim abusuakuw a na wodi wɔn frankaa no akyi a Amihud babarima Elisama na odi wɔn anim;
The sons of Ephraim also moved their camp by their troops, in whose army the prince was Elisama the son of Ammiud.
23 Wɔn a na wodi so ne Manase abusuakuw a Pedahsur babarima Gamaliel di wɔn anim;
And in the tribe of the sons of Manasses, the prince was Gamaliel the son of Phadassur.
24 na Benyamin abusuakuw na na wodi so a Gideoni babarima Abidan di wɔn anim.
And in the tribe of Benjamin, the prince was Abidan the son of Gedeon.
25 Wɔn a na wotwa to koraa no ne Dan abusuakuw a wɔyɛ wɔn nyinaa awɛmfo na Amisadai babarima Ahieser da wɔn ano na frankaa di wɔn anim.
The last of all the camp marched the sons of Dan by their troops, in whose army the prince was Ahiezer the son of Ammisaddai.
26 Okran babarima Pagiel na na odi Aser abusuakuw anim,
And in the tribe of the sons of Aser, the prince was Phegiel the son of Ochran.
27 na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuw anim.
And in the tribe of the sons of Nephtali, the prince was Ahira the son of Enan.
28 Saa nhyehyɛe yi na Israel mmusuakuw yi faa so tuu wɔn kwan no.
This was the order of the camps, and marches of the children of Israel by their troops, when they set forward.
29 Afei, Mose ka kyerɛɛ nʼase Hobab, Midiani Reuel ba se, “Eyi nyinaa akyi no, yɛrekɔ beae a Awurade kae se, ‘Mede bɛma mo no.’ Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yiye; efisɛ Awurade ahyɛ Israelfo nnepa ho bɔ.”
And Moses said to Hobab the son of Raguel the Madianite, his kinsman: We are going towards the place which the Lord will give us: come with us, that we may do thee good: for the Lord hath promised good things to Israel.
30 Obuae se, “Dabi, merenkɔ; merekɔ mʼasase so ne mʼabusuafo nkyɛn.”
But he answered him: I will not go with thee, but I will return to my country, wherein I was born.
31 Nanso Mose kae se, “Mesrɛ wo, nnyaw yɛn. Wo na wunim faako a ɛsɛ sɛ yɛtena wɔ sare no so, na wubetumi ayɛ yɛn kwankyerɛfo.
And he said: Do not leave us: for thou knowest in what places we should encamp in the wilderness, and thou shalt be our guide.
32 Sɛ wo ne yɛn kɔ a, nneɛma pa a Awurade de bɛma yɛn no nyinaa, wubenya bi.”
And if thou comest with us, we will give thee what is the best of the riches which the Lord shall deliver to us.
33 Enti wofi Awurade Bepɔw so nantew nnansa. Awurade Apam Adaka no dii wɔn anim hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ maa wɔn.
So they marched from the mount of the Lord three days’ journey, and the ark of the covenant of the Lord went before them, for three days providing a place for the camp.
34 Wofii wɔn akwantu no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na Awurade mununkum no di wɔn anim.
The cloud also of the Lord was over them by day when they marched.
35 Bere biara a wɔbɛma adaka no so asi mu no, Mose teɛ mu se, “Awurade, sɔre! Ma wʼatamfo nhwete; ma wɔn nyinaa nguan mfi wʼanim.”
And when the ark was lifted up, Moses said: Arise, O Lord, and let thy enemies be scattered, and let them that hate thee, flee from before thy face.
36 Bere biara a wɔbɛsoɛ adaka no, ɔka se, “Awurade, san bra Israelfo mpempem a wontumi nkan wɔn no mu.”
And when it was set down, he said: Return, O Lord, to the multitude of the host of Israel.

< 4 Mose 10 >