< Mika 4 >

1 Nna a edi akyi no mu no, Awurade asɔredan bepɔw no betim sɛ mmepɔw no nyinaa ti; ebegye din aboro nkoko nyinaa, na nnipa ahorow bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
In the days to come the mountain of the Lord will be established, the house of our God on the top of the mountain, lifted above the hills. All the nations will flow to it,
2 Aman bebree bɛba abɛka se, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” Mmara no befi Sion aba, na Awurade asɛm afi Yerusalem.
and many peoples will go and say, “Come, let us go up to the Lord’s mount, to the house of the God of Jacob, so that he may instruct us in his ways, so that we may walk in his paths.” For from Zion proceeds instruction and the Lord’s word from Jerusalem.
3 Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
He will arbitrate between many peoples, and render decisions for numerous nations, They will beat their swords into ploughshares, and their spears into pruning hooks. Nation will not lift up sword against nation, they will learn war no more.
4 Obiara bɛtena ne bobe anaa ne borɔdɔma nnua ase, na obiara remmehunahuna wɔn, efisɛ, Asafo Awurade akasa.
They will live each under his vine, and under his fig tree, with none to terrify them. For the mouth of the Lord of hosts has spoken.
5 Amanaman no nyinaa betumi anantew wɔn anyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew Awurade, yɛn Nyankopɔn Din mu daa daa.
Each nation trusts in the names of their gods, but we will worship the Lord our God forever.
6 “Saa da no,” sɛnea Awurade se ni, “Mɛboaboa mmubuafo, atukɔfo ɛne wɔn a mede awerɛhow aba wɔn so ano.
“On that day,” says the Lord, “I will assemble the lame. I will gather exiles I punished.
7 Mɛma mmubuafo ayɛ me nkurɔfo wɔ asase no so, atukɔfo no bɛyɛ ɔman kɛse. Awurade bedi wɔn so hene wɔ Sion bepɔw so afi da no akosi daa.
I will restore the lame as a remnant, the exiles into a great nation. The Lord will rule over them on Mount Zion from that time forever.”
8 Na wo, nguankuw no abantenten, Ɔbabea Sion, abandennen, wɔde wo tete tumidi no bɛsan abrɛ wo; Ɔbabea Yerusalem nsa bɛsan aka nʼahenni.”
But you, watchtower for the flock, hill of the daughter of Zion, to you will return your former rule.
9 Adɛn nti na afei woresu dennen, wunni ɔhene ana? Wo futufo ayera, na enti ɔyaw aka wo sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu?
So why do you now cry aloud? Haven’t you any king? Or has your counselor perished, so you writhe in pain like a woman in labor?
10 Bukabukaw wo mu wɔ yawdi mu, Ɔbabea Sion, te sɛ ɔbea a awo aka no, mprempren ɛsɛ sɛ wufi kuropɔn no mu kɔtena sare so. Wobɛkɔ Babilonia; na hɔ na wobegye wo. Ɛhɔ na Awurade begye wo afi wʼatamfo nsam.
Writhe and scream, daughter of Zion, like a woman in labor! For now you must leave the city and camp in the open field. You will be taken to Babylon, but there will be rescued. There the Lord will save you from the hands of your foes.
11 Mprempren de, aman bebree aka abɔ mu atia wo. Wɔka se, “Wongu Sion ho fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”
But now many nations gather against you. They say, “Let her be defiled, we will gloat over Zion.”
12 Nanso wonnim Awurade adwene. Wɔnte nʼagyinatu ase. Wonnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi de kɔ awiporowbea.
But they do not know the thoughts of the Lord. They do not understand his plan, for he has gathered them like sheaves for the threshing floor.
13 “Sɔre, na porow, Ɔbabea Sion, mɛma wo dade mmɛn; mɛma wo kɔbere tɔte na wubebubu aman bebree mu nketenkete.” Wode wɔn mfaso a wɔampɛ no ɔkwan pa so bɛbrɛ Awurade, wode wɔn ahonyade bɛbrɛ asase nyinaa so wura.
“Arise, thresh, daughter of Zion. I will make your horns iron, and your hoofs brass, so you might beat in pieces many peoples, and devote to the Lord their spoil, and their wealth to the ruler of all the earth.

< Mika 4 >