< Mateo 6 >

1 “Monhwɛ yiye na moanyɛ papa ankyerɛ nnipa amfa ampɛ anuonyam. Sɛ moyɛ saa a, morennya mfaso biara mfi mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nkyɛn.
But take heed that ye do not your righteousness before men, to be seen by them; otherwise ye have no reward with your Father who is in heaven.
2 “Sɛ woyɛ papa a mmɔ no dawuru sɛnea nyaatwomfo yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔnten so no. Merema mo ate sɛ saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.
Therefore when thou doest alms, do not sound a trumpet before thee, as the hypocrites do in the synagogues and in the streets, that they may have glory of men. Truly do I say to you, They have received their reward.
3 Sɛ woyɛ papa a, mma obiara nhu, mpo sɛ wode wo nsa nifa yɛ papa a, mma wo nsa benkum nhu,
But when thou doest alms, let not thy left hand know what thy right hand doeth;
4 na wʼagya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.
that thine alms may be in secret; and thy Father, who seeth in secret, will reward thee.
5 “Na sɛ morebɔ mpae a, mommmɔ mpae sɛnea nyaatwomfo gyina asɔredan mu ne mmɔnten so bɔ mpae de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema moate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.
And when ye pray, ye shall not be as the hypocrites are; for they love to pray standing in the synagogues and in the corners of the streets, that they may be seen by men. Truly do I say to you, They have received their reward.
6 Sɛ wobɔ mpae a, hyɛn wo dan mu, na to wo pon mu, na bɔ wʼAgya a wonhu no no mpae, na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm no betua wo ka.
But do thou, when thou prayest, enter into thy closet, and, when thou hast shut thy door, pray to thy Father who is in secret; and thy Father, who seeth in secret, will reward thee.
7 Sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa bebree, nti nsɛm mu nsusuw sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn betie mo.
But when ye pray, use not vain repetitions, as the heathen do; for they think that they shall be heard for the multitude of their words.
8 Mo Agya Nyankopɔn nim nea ehia mo nyinaa ansa na mubisa no.
Be not ye therefore like them; for your Father knoweth what things ye have need of, before ye ask him.
9 “Enti saa ɔkwan yi so na momfa mmɔ mpae: “‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro, wo din ho ntew.
After this manner therefore pray ye: —Our Father, who art in heaven, hallowed be thy name;
10 Wʼahenni mmra. Nea wopɛ nyɛ wɔ asase so, sɛnea ɛyɛ wɔ ɔsoro.
thy kingdom come; thy will be done on earth as it is in heaven;
11 Ma yɛn, yɛn daa aduan nnɛ,
give us this day our daily bread;
12 na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.
and forgive us our debts, as we also have forgiven our debtors;
13 Nnyaa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu. Na yi yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.’
and lead us not into temptation, but deliver us from evil.
14 Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomso kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya no de mo mfomso bɛkyɛ mo.
For if ye forgive men their trespasses, your heavenly Father will also forgive you;
15 Nanso sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomso ankyɛ wɔn a, mo ɔsoro Agya no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.”
but if ye do not forgive men, neither will your Father forgive your trespasses.
16 “Sɛ mudi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛnea nyaatwomfo di mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema mo ate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.
Moreover, when ye fast, be not, as the hypocrites, of a sad countenance; for they disfigure their faces, that they may appear to men to be fasting. Truly do I say to you, They have received their reward.
17 Sɛ wudi mmuada a, serɛn wo ti, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmfrɔm,
But do thou, when thou fastest, anoint thy head, and wash thy face;
18 na mma nnipa nhu sɛ woredi mmuada, gye wʼAgya a ohu nea woyɛ wɔ kokoa mu nyinaa no nko ara; na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.
that thou appear not to men to be fasting, but to thy Father who is in secret; and thy Father, who seeth in secret, will reward thee.
19 “Monnhyehyɛ mo agyapade wɔ asase yi so, nea ntɛferɛw betumi awe, na ebetumi agye nkannare na asɛe, na akorɔmfo betumi awia.
Lay not up for yourselves treasures on earth, where the moth and rust consume, and where thieves break through and steal;
20 Mmom monhyehyɛ mo agyapade wɔ ɔsoro, nea ntɛferɛw ntumi nwe, na entumi nnye nkannare nsɛe, na akorɔmfo ntumi nwia.
but lay up for yourselves treasures in heaven, where neither moth nor rust consumeth, and where thieves do not break through nor steal.
21 Na nea wʼagyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.
For where thy treasure is, there will thy heart be also.
22 “Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani ye a, na wo nipadua nyinaa yɛ hann.
The eye is the lamp of the body. If thine eye he clear, thy whole body will be in light;
23 Nanso sɛ wʼaniwa nye a, ɛma wo nipadua no nyinaa dan sum tumm. Enti sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, na wo nipadua no yɛ sum kabii.
but if thine eye be disordered, thy whole body will be in darkness. If then the light that is within thee is darkness, how great that darkness!
24 “Obiara ntumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.
No one can serve two masters; for either he will hate one, and love the other; or else he will cleave to one, and despise the other. Ye cannot serve God and mammon.
25 “Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura.
Therefore I say to you, Be not anxious for your life, what ye shall eat; nor yet for your body, what ye shall put on. Is not the life more than food, and the body than raiment?
26 Monhwɛ wim nnomaa, wonnua aba na wontwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduan di. Monnsom bo nsen wɔn ana?
Behold the birds of the air, that they sow not, nor reap, nor gather into barns; and your heavenly Father feedeth them. Are not ye of much greater value than they?
27 Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin mpo?
But who of you by anxious thought can add to his life one cubit?
28 “Adɛn nti na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ afifide bi sɛ wuram nhwiren, wɔnnwene ntama ho.
And why are ye anxious about raiment? Consider the lilies of the field, how they grow. They toil not, neither do they spin;
29 Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi.
and yet I say to you, that not even Solomon in all his glory was arrayed like one of these.
30 Na sɛ Onyankopɔn tumi fura afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena enni hɔ ntama a, mo a mo gyidi sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo nea ehia mo?
And if God so clothes the herbage of the field, which today is, and tomorrow is cast into an oven, will he not much more clothe you, O ye of little faith?
31 Enti munnnwinnwen nea mubedi, nea mobɛnom anaasɛ nea mubefura ho.
Therefore be not anxious, saying, What shall we eat, or what shall we drink, or wherewith shall we he clothed?
32 Na wɔn a wonni gyidi no na bere biara wodwen saa nneɛma no ho. Na mo de, mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo.
For after all these things do the gentiles seek; for your heavenly Father knoweth that ye have need of all these things.
33 Enti monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na ɔde nea ehia mo nyinaa bɛka mo ho.
But seek first his kingdom, and his righteousness; and all these things will also be given you.
34 Enti munnnwinnwen ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de nea ehia mo no bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.
Be not then anxious about the morrow; for the morrow will be anxious about itself. Sufficient for the day is the evil thereof.

< Mateo 6 >