< Mateo 4 >
1 Eyi akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.
Then Jesus was led by the Spirit into the wilderness to be tempted by the devil.
2 Saa bere no mu, Yesu dii mmuada adaduanan; awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no.
After fasting forty days and forty nights, He was hungry.
3 Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”
The tempter came to Him and said, “If You are the Son of God, tell these stones to become bread.”
4 Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’”
But Jesus answered, “It is written: ‘Man shall not live on bread alone, but on every word that comes from the mouth of God.’”
5 Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ,
Then the devil took Him to the holy city and set Him on the pinnacle of the temple.
6 na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huruw fi nea wugyina hɔ si fam, efisɛ, wɔakyerɛw se, “‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abeso wo mu, wɔde wɔn nsa bɛma wo so, na wo nan ampem ɔbo.’”
“If You are the Son of God,” he said, “throw Yourself down. For it is written: ‘He will command His angels concerning You, and they will lift You up in their hands, so that You will not strike Your foot against a stone.’”
7 Yesu buaa bio se, “Wɔakyerɛw se, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’”
Jesus replied, “It is also written: ‘Do not put the Lord your God to the test.’”
8 Eyi akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no wiase ahenni ahorow ne mu anuonyam nyinaa.
Again, the devil took Him to a very high mountain and showed Him all the kingdoms of the world and their glory.
9 Afei ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wobɛkotow asom me a, mede nea wuhu yi nyinaa bɛma wo.”
“All this I will give You,” he said, “if You will fall down and worship me.”
10 Ɛhɔ ara na Yesu buae se, “Fi me so, Satan! Hu sɛ wɔakyerɛw se, ‘Kotow som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’”
“Away from Me, Satan!” Jesus declared. “For it is written: ‘Worship the Lord your God and serve Him only.’”
11 Yesu ano sii no, ɔbonsam gyaw no hɔ kɔe. Ɛno akyi no abɔfo baa Yesu nkyɛn bɛsom no.
Then the devil left Him, and angels came and ministered to Him.
12 Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea.
When Jesus heard that John had been imprisoned, He withdrew to Galilee.
13 Oduu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom otwaa mu wɔ Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so.
Leaving Nazareth, He went and lived in Capernaum, which is by the sea in the region of Zebulun and Naphtali,
14 Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae no baa mu sɛ,
to fulfill what was spoken through the prophet Isaiah:
15 “Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, Galilea a amanamanmufo te hɔ,
“Land of Zebulun and land of Naphtali, the Way of the Sea, beyond the Jordan, Galilee of the Gentiles—
16 nnipa a wɔte sum mu no, Hann kɛse bi apue ama wɔn. Hann no apue ama wɔn a wɔte owu asase so.”
the people living in darkness have seen a great light; on those living in the land of the shadow of death, a light has dawned.”
17 Efi saa bere no, Yesu fii nʼasɛnka ase se, “Monsakra mo adwene, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn.”
From that time on Jesus began to preach, “Repent, for the kingdom of heaven is near.”
18 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ apopofo sɛ wɔregu asau wɔ po no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforo nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.
As Jesus was walking beside the Sea of Galilee, He saw two brothers, Simon called Peter and his brother Andrew. They were casting a net into the sea, for they were fishermen.
19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi na mɛsoma mo ama moakoyi nnipa kra.”
“Come, follow Me,” Jesus said, “and I will make you fishers of men.”
20 Ɛhɔ ara wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi ne no kɔe.
And at once they left their nets and followed Him.
21 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane na ɔbaako nso din de Yakobo sɛ wɔne wɔn agya te ɔkorow mu repempam wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi.
Going on from there, He saw two other brothers, James son of Zebedee and his brother John. They were in a boat with their father Zebedee, mending their nets. Jesus called them,
22 Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya ne ɔkorow no hɔ kodii nʼakyi.
and immediately they left the boat and their father and followed Him.
23 Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahenni no ho asɛmpa wɔ Yudafo hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahorow a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.
Jesus went throughout Galilee, teaching in their synagogues, preaching the gospel of the kingdom, and healing every disease and sickness among the people.
24 Yesu anwonwade a ɔyɛe yi trɛw koduu Siriaman mu nyinaa. Eyi ma wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wotwa, wɔn a wɔyare mmubui ne wɔn a nyarewa ahorow haw wɔn no nyinaa fi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yare.
News about Him spread all over Syria, and people brought to Him all who were ill with various diseases, those suffering acute pain, the demon-possessed, those having seizures, and the paralyzed—and He healed them.
25 Anwonwade a Yesu yɛɛ yi maa nnipakuw a wofi Galilea ne nkurow “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.
The large crowds that followed Him came from Galilee, the Decapolis, Jerusalem, Judea, and beyond the Jordan.