< Malaki 2 >

1 Afei mo asɔfo, saa animka yi yɛ mo de.
And now to you, O ye priests, is this commandment:
2 Sɛ moantie, sɛ moanyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam a mede nnome bɛba mo so, na mɛdan mo nhyira ama ayɛ nnome. Yiw, madome wɔn dedaw, efisɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam, sɛnea Asafo Awurade se ni.
If ye will not hearken, If ye will not lay it to heart, To give glory to my name, saith Jehovah of hosts, I will send a curse upon you, And I will curse your blessings; Yea, I have cursed them already, Because ye do not lay it to heart.
3 Mo nti mɛka mo asefo anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ.
Behold, I will rebuke your seed, And I will scatter dung in your faces, The dung of your solemn feasts, And ye shall be carried to it.
4 Na mubehu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛnea Asafo Awurade se ni.
And ye shall know that I have sent to you this commandment, That my covenant may remain with Levi, Saith Jehovah of hosts.
5 Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoe apam. Na ehia ma nidi, enti ɔde nidi maa me na ɔde fɛre maa me din.
My covenant was with him for life and peace, Which I gave to him for the fear wherewith he feared me, And was afraid before my name.
6 Nokware nkyerɛkyerɛ fii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantew asomdwoe ne nokwaredi mu, na ɔmaa bebree dan wɔn ho fii bɔne ho.
The law of truth was in his mouth, And unrighteousness was not found in his lips; He walked with me in truth and equity, And turned many away from iniquity.
7 “Ɛsɛ sɛ, ɔsɔfo ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ fi ne nkyɛn, efisɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafo.
For the lips of the priest should keep knowledge, And men should seek the law from his mouth; For he is the messenger of Jehovah of hosts.
8 Nanso moaman afi ɔkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree ahintihintiw; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛnea Asafo Awurade se ni.
But ye have departed from the way, Ye have caused many to stumble at the law, And ye have made void the covenant with Levi, Saith Jehovah of hosts.
9 “Enti mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, efisɛ moannantew mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.”
Therefore will I also make you Despicable and base before all the people; According as ye have not kept my ways. But have had respect to persons in the law.
10 Yɛn nyinaa mfi Agya baako? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn nti na yenni yɛn ho yɛn ho nokware, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so?
Have we not all one Father? Hath not one God created us? Why should we deal treacherously one against another, And profane the covenant made with our fathers?
11 Yuda anni nokware. Akyiwadeyɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a Awurade dɔ no ho fi, efisɛ waware ɔbea a ɔsom ananafo nyame.
Judah hath dealt treacherously, And an abomination is committed in Israel and in Jerusalem. For Judah hath profaned the holy people of Jehovah, which he loveth, And hath married the daughter of a strange god.
12 Ɔbarima a ɔyɛ eyi de, sɛnea ɔte biara, Awurade mpam no mfi Yakob ntamadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔde brɛ Asafo Awurade no koraa a.
Jehovah will cut off the man that doeth this, Him that waketh and him that answereth, from the tents of Jacob, And him that bringeth an offering to Jehovah of hosts.
13 Ade a moyɛ bio ne sɛ: mode nusu fɔw Awurade afɔremuka no. Mote nusu na mutwa adwo efisɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔde no bio, na ɔmmfa anigye nnye mfi mo nkyɛn.
And this also ye do: Ye cover the altar of Jehovah with tears, With weeping and with groans, So that he no more hath regard to the offering, Nor receiveth it with good-will from your hand.
14 Mubisa se, “Adɛn nti?” Efisɛ Awurade te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmerantebere mu yere ntam, nanso woanni no nokware, ɛwɔ mu sɛ ɔyɛ wo yere wɔ aware nhyehyɛe mu de.
Yet ye say, “Wherefore?” It is because Jehovah has been a witness between thee and the wife of thy youth, Against whom thou hast dealt unfaithfully, Although she was thy companion and thy covenanted wife.
15 Ɛnyɛ Awurade koro no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmerantebere mu yere nokware.
But did not He make one only? And yet had he a residue of the spirit; And wherefore one? He sought a godly race. Therefore take heed to your spirit, And be not unfaithful to the wife of thy youth!
16 “Mikyi awaregyae!” Sɛnea Awurade Israel Nyankopɔn se ni. “Na metan ɔbarima a ɔde abufuwhyew hyɛ ne yere so na ɔsan de ne ntama kata no so,” sɛnea Asafo Awurade se ni. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokware.
For I hate him that putteth away, Saith Jehovah, the God of Israel, And him that covereth his garment with violence, Saith Jehovah of hosts. Therefore take heed to your spirit, and be not unfaithful.
17 Mode mo nsɛm tuatua Awurade aso. Mubisa se, “Ɔkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?” Moka se, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa sen wɔ Awurade anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn temmufo nokwafo no wɔ he?”
Ye have wearied Jehovah with your words; Yet ye say, “Wherein have we wearied him?” In that ye say, “Every one of them that do evil Is good in the sight of Jehovah, And in them he hath delight”; Or, “Where is the God of judgment?”

< Malaki 2 >