< Luka 10 >

1 Eyi akyi no, Yesu yii nʼakyidifo no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkurow ne nkuraa a akyiri no ɔbɛkɔ hɔ no so.
After these things, the Lord appointed also seventy others, and sent them two and two before him into every city and place where he himself was about to come.
2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu.
And he said to them, The harvest is great, but the laborers are few. Pray therefore the Lord of the harvest to send forth laborers for his harvest.
3 Monkɔ, na meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu.
Go forth; lo! I send you as lambs into the midst of wolves.
4 Mommfa sika, akwantu kotoku anaa mpaboa; na munnkyia obiara nso a mubehyia no wɔ ɔkwan so.
Carry no purse, no bag, no sandals; salute no one by the way.
5 “Sɛ mokɔ ofi biara mu a, munni kan nkyia ofie hɔfo no se, ‘Asomdwoe nka mo!’
And into whatever house ye enter, first say, Peace be to this house.
6 Na sɛ asomdwoe ba bi wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛba ne so; na sɛ obi a ɔte saa nni hɔ a, mo asomdwoe bɛsan aba mo nkyɛn.
And if a son of peace be there, your peace shall rest upon it; if not, it shall return to you.
7 Ofi biara a mokɔ mu no, momma hɔ nyɛ mo atenae; aduan biara a wɔde bɛma mo no, munni efisɛ ɛsɛ sɛ odwumayɛni biara nya nʼadwumayɛ so akatua; munnni atutena wɔ afi mu.
And abide in the same house, eating and drinking such things as they give; for the laborer is worthy of his wages. Do not go from house to house.
8 “Na sɛ mokɔ kurow biara mu na wogye mo fɛw so a, aduan biara a wɔde bɛma mo no munni.
And into whatever city ye enter, and they receive you, eat what is set before you,
9 Monsa kurow no mu ayarefo yare, na monka nkyerɛ ɛhɔfo nyinaa se, ‘Onyankopɔn ahenni no abɛn mo.’
and heal the sick that are therein, and say to them, The kingdom of God hath come near to you.
10 Nanso sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo fɛw so a monkɔ ne mmɔnten so nkɔpae mu nka se,
But into whatever city ye enter, and they receive you not, go out into its streets and say,
11 ‘Mo kurom ha mfutuma a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporow agu, de atia mo; na mmom munhu pefee sɛ, Onyankopɔn ahenni no abɛn.’
Even the dust of your city that cleaveth to our feet we wipe off to you; but know this, that the kingdom of God hath come near.
12 Mereka akyerɛ mo se, saa kurow no, asɛm a ɛbɛto wɔn atemmuda no bɛsen nea ɛtoo Sodom no.
And I tell you, that it will be more tolerable in that day for Sodom, than for that city.
13 “Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ wɔ mo mu no, sɛ meyɛɛ wɔ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw.
Woe to thee, Chorazin! woe to thee, Bethsaida! for if the miracles that were done in you had been done in Tyre and Sidon, they would long ago have repented, sitting in sackcloth and ashes.
14 Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon.
But it will be more tolerable for Tyre and Sidon in the judgment, than for you.
15 Na wo Kapernaum, wugye di sɛ wubenya ɔsoro anuonyam? Dabi da, wobɛkɔ asaman. (Hadēs g86)
And thou, Capernaum! shalt thou be exalted to heaven? thou shalt be brought down to the underworld. (Hadēs g86)
16 “Obiara a otie mo no tie me, na nea ɔpo mo no po me, na nea ɔpo me no nso po nea ɔsomaa me no.”
He that hearkeneth to you, hearkeneth to me; and he that rejecteth you, rejecteth me; but he that rejecteth me, rejecteth him that sent me.
17 Aduɔson no san de anigye ba bɛbɔɔ amanneɛ se, “Awurade, wo din nti ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.”
And the seventy returned with joy, saying, Lord, even the demons are subject to us in thy name.
18 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mihuu sɛ ɔbonsam retew afi ɔsoro sɛ anyinam abɛhwe fam.
And he said to them, I saw Satan fall from heaven like lightning.
19 Mama mo tumi ne ahoɔden a mode betiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no tumi biara a ɔwɔ so na biribiara nso rentumi mo.
Lo! I have given you power to tread on serpents and scorpions, and over all the might of the enemy; and nothing shall by any means hurt you.
20 Nanso mommma mo ani nnye sɛ ahonhommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din wɔ ɔsoro.”
Yet rejoice not in this, that the spirits are subject to you; but rejoice that your names have been written in heaven.
21 Saa bere no ara mu na Yesu de Honhom Kronkron mu anigye bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahintaw wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom woada nokware no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛase gye wo di sɛ mmofra no. Nanso Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.
In that hour he rejoiced in the Holy Spirit, and said, I thank thee, O Father, Lord of heaven and earth, that, though thou didst hide these things from the wise and discerning, thou didst reveal them to babes. Yea, Father, for so it seemed good in thy sight. And turning to the disciples he said,
22 “Mʼagya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no. Saa ara nso na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne wɔn a Ɔba no bɛda Agya no adi akyerɛ wɔn no.”
All things were delivered to me by my Father; and no one knoweth who the Son is, but the Father; and who the Father is, but the Son, and he to whom it is the will of the Son to reveal him.
23 Ɛkaa ɔne nʼasuafo no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu!
And turning to the disciples, he said privately, Blessed are the eyes which see the things that ye are seeing.
24 Efisɛ adiyifo ne ahene pii pɛe sɛ anka wohu nea muhu yi na wɔte nea mote yi, nanso wɔanhu na wɔante.”
For I tell you that many prophets and kings desired to see the things which ye are seeing, and saw them not; and to hear the things which ye are hearing, and heard them not.
25 Mmaranimfo bi pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ nti obisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya nkwa a enni awiei?” (aiōnios g166)
And lo! a certain lawyer stood up to try him, saying, Teacher, what shall I do to inherit everlasting life? (aiōnios g166)
26 Yesu nso bisaa no se, “Dɛn na wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu? Na wote ase dɛn?”
And he said to him, What is written in the Law? How readest thou?
27 Obuaa no se, “Mmara no ka se, ‘Fa wo koma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’”
And he answering said “Thou shalt love the Lord thy God with all thy heart, and with all thy soul, and with all thy strength, and with all thy mind; and thy neighbor as thyself.”
28 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woabua no yiye. Yɛ eyinom na wubenya nkwa.”
And he said to him, Thou hast answered rightly; do this, and thou shalt live.
29 Nanso ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ odi mmara no nyinaa so nti, obisaa Yesu se, “Hena ne me yɔnko?”
But he, wishing to justify himself, said to Jesus, And who is my neighbor?
30 Yesu nso maa no mfatoho bi se, “Da bi, na ɔbarima bi retu kwan afi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɔkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu na wogyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ beraw, gyaw no too ɔkwan kyɛn kɔe.
Jesus answering said, A certain man was going down from Jerusalem to Jericho, and fell among robbers; who after stripping him of his raiment, and wounding him, departed, leaving him half dead.
31 Ankyɛ biara, Yudani sɔfo bi bepuee ne so, nanso ɔman faa nkyɛn kɔe.
And by chance a certain priest was going down on that road; and when he saw him, he passed by on the other side.
32 Saa ara nso na Lewini bi nso bepuee ne so man faa nkyɛn.
And in like manner also a Levite, having arrived at the place, came and saw, and passed by on the other side.
33 Ankyɛ biara na Samariani bi nso beduu hɔ. Ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.
But a certain Samaritan, as he was journeying, came where he was, and when he saw him, had compassion,
34 Ɔkɔkotow ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuru no anim, de aduru guguu mu, kyekyeree. Afei ɔmaa no so de no tenaa nʼafurum so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa.
and went to him, and bound up his wounds, pouring on oil and wine, and setting him on his own beast, brought him to an inn, and took care of him.
35 Ade kyee no ogyaw ahɔhobea sohwɛfo no sika a ɛbɛso no hwɛ sɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsan hyɛɛ no bɔ se, ‘Ka foforo biara a wobɛbɔ wɔ ne ho no, mɛba abetua.’
And the next day, he took out two denaries and gave them to the host, and said, Take care of him; and whatever thou spendest more, I, when I come back, will repay thee.
36 “Afei saa nnipa baasa yi mu hena na ɔyɛɛ ne yɔnko?”
Which of these three, dost thou think, was neighbor to him that fell among the robbers?
37 Mmaranimfo no buae se, “Nea ohuu opirafo no mmɔbɔ no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, kɔ na kɔyɛ saa ara.”
And he said, He that took pity on him. Then said Jesus to him, Go, and do thou likewise.
38 Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafo rekɔ Yerusalem no, wokoduu akuraa bi ase. Woduu hɔ no, ɔbea bi a wɔfrɛ no Marta de no kɔɔ ne fi.
And it came to pass, as they journeyed, that he entered into a certain village; and a certain woman, named Martha, received him into her house.
39 Marta nuabea bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam wɔ Yesu nkyɛn tiee no.
And she had a sister called Mary, who sat down at the feet of the Lord, and listened to his word.
40 Saa bere no, Marta a nʼani abere reyɛ aduan no baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Awurade, mayɛ adwuma abrɛ, nti ka kyerɛ Maria na ommeso mu mma me.”
But Martha was cumbered about much serving; and she came to him, and said, Lord, dost thou not care that my sister hath left me to serve alone? Tell her therefore to help me.
41 Awurade buaa no se, “Marta, Marta, wudwinnwen haw wo ho wɔ nneɛma pii ho.
But the Lord answering said to her, Martha, Martha, thou art anxious and troubled about many things.
42 Ade baako pɛ na ehia; ɛno na Maria afa no; na wɔrennye mfi ne nsam.”
But one thing is needful. For Mary hath chosen the good part, which shall not be taken away from her.

< Luka 10 >