< 3 Mose 23 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke to Moses, saying:
2 “Ma Israelfo nte sɛ, ‘Eyinom ne mʼafahyɛ ahorow a mahyehyɛ, Awurade afahyɛ ahorow no a ɛsɛ sɛ mudi no sɛ nhyiamu kronkron.
Speak to the children of Israel, and thou shalt say to them: These are the feasts of the Lord, which you shall call holy.
3 “‘Mowɔ nnansia a mode yɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ Homeda a mode home, da a moyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara wɔ faako a mote. Ɛyɛ Homeda ma Awurade.
Six days shall ye do work: the seventh day, because it is the rest of the sabbath, shall be called holy. You shall do no work on that day: it is the sabbath of the Lord in all your habitations.
4 “‘Eyinom ne Awurade aponto, nhyiamu kronkron a ɛsɛ sɛ mobɔ bere a wɔahyɛ no ho dawuru:
These also are the holy days of the Lord, which you must celebrate in their seasons.
5 Wofi Awurade Twam Afahyɛ no ase wɔ ɔsram a edi kan no da ɛto so dunan no anwummere.
The first month, the fourteenth day of the month at evening, is the phase of the Lord:
6 Awurade Apiti Afahyɛ nso, wofi ase saa ɔsram no da a ɛto so dunum; na mubedi apiti nnanson.
And the fifteenth day of the same month is the solemnity of the unleavened bread of the Lord. Seven days shall you eat unleavened bread.
7 Afahyɛ no da a edi kan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahotew gua na obiara renyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.
The first day shall be most solemn unto you, and holy: you shall do no servile work therein:
8 Nnanson no mu no, mommɔ ɔhyew afɔre mma Awurade da biara. Na da a ɛto so ason no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron a obiara renyɛ adwuma.’”
But you shall offer sacrifice in fire to the Lord seven days. And the seventh day shall be more solemn, and more holy: and you shall do no servile work therein.
9 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke to Moses, saying:
10 “Kasa kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mudu asase a mede bɛma mo no so na mutwa mo nnɔbae a, momfa nnɔbae afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfo.
Speak to the children of Israel, and thou shalt say to them: When you shall have entered into the land which I will give you, and shall reap your corn, you shall bring sheaves of ears, the firstfruits of your harvest to the priest:
11 Obehim no wɔ Awurade anim de akyerɛ sɛ ɔde rema no na Awurade begye sɛ mo akyɛde.
Who shall lift up the shed before the Lord, the next day after the sabbath, that it may be acceptable for you, and shall sanctify it.
12 Da no ara, mode odwennini a wadi afe a onnii dɛm bɛbɔ Awurade ɔhyew afɔre,
And on the same day that the sheaf is consecrated, a lamb without blemish of the first year shall be killed for a holocaust of the Lord.
13 ne nʼaduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam kilogram abiɛsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre a eyi hua dɛdɛ ma Awurade. Wɔde nsa lita anan ne fa afɔrebɔde bɛka ho.
And the libations shall be offered with it, two tenths of hour tempered with oil for a burnt offering of the Lord, and a most sweet odour: libations also of wine, the fourth part of a hin.
14 Ɛnsɛ sɛ mudi brodo biara, sɛ ɛyɛ aduan a wɔato anaa ɛyɛ foforo, kosi da a mode saa afɔrebɔde yi bɛbrɛ mo Nyankopɔn. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
You shall not eat either bread, or parched corn, or frumenty of the harvest, until the day that you shall offer thereof to your God. It is a precept for ever throughout your generations, and all your dwellings.
15 “‘Homeda no akyi da a edi kan a wɔmaa atoko afiafi mu baako so him no Awurade anim sɛ afɔrebɔde no, mubefi ase abubu nnaawɔtwe ason.
You shall count therefore from the morrow after the sabbath, wherein you offered the sheaf of the firstfruits, seven full weeks.
16 Monkan adaduonum a ekosi homeda a ɛto so ason no akyi da koro na momfa atoko foforo mmɛbɔ afɔre mma Awurade.
Even unto the marrow after the seventh week be expired, that is to say, fifty days, and so you shall offer a new sacrifice to the Lord.
17 Eyi bɛyɛ brodo abien a mode befi mo afi mu bɛba. Na wobehim no wɔ Awurade anim sɛ afɔrebɔ no. Momfa asikresiam lita anan a wɔde mmɔkaw afra nto saa brodo yi. Ɛyɛ mo aduan a edi kan afɔrebɔde a mode rema Awurade.
Out of all your dwellings, two leaves of the firstfruits, of two tenths of flour leavened, which you shall bake for the firstfruits of the Lord.
18 Mode brodo ne nsa bɛka nguamma ason a wɔadi afe a dɛm biara nni wɔn ho ne nantwi ba baako ne adwennini abien ho abɔ ɔhyew afɔre ama Awurade. Eyinom nyinaa yɛ ogya afɔrebɔde a ɛsɔ Awurade ani yiye.
And you shall offer with the leaves seven lambs without blemish of the first year, and one calf from the herd, and two rams, and they shall be for a holocaust with their libations far a most sweet odour to the Lord.
19 Mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne afɔre. Na mode nguantenmma abien a wɔn mu biara adi afe no abɔ asomdwoe afɔre.
You shall offer also a buck goat for sin, and two lambs of the first year for sacrifices of peace offerings.
20 Asɔfo no behim saa afɔrebɔde yi ne brodo abien a esi mo nnɔbae a edi akyi no anan mu no wɔ Awurade anim. Ɛyɛ kronkron ma Awurade na wɔde bɛma asɔfo no sɛ wɔn aduan.
And when the priest hath lifted them up with the leaves of the firstfruits before the Lord, they shall fall to his use.
21 Da no, ɛsɛ sɛ mobɔ nhyiamu kronkron no ho dawuru, na monnyɛ adwuma biara. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
And you shall call this day most solemn, and most holy. You shall do no servile work therein. It shall be an everlasting ordinance in all your dwellings and generations.
22 “‘Sɛ mutwa mo mfuw mu nnɔbae a, munntwa ntu nnɔbae no ase, na nea aporow agu fam no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne ahɔho a wɔte mo mu a wonni asase bi a wodidi so no. Mene Awurade mo Nyankopɔn!’”
And when you reap the corn of your land, you shall not cut it to the very ground: neither shall you gather the ears that remain; but you shall leave them for the poor and for the strangers. I am the Lord your God.
23 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke to Moses, saying:
24 “Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ mohome da no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn torobɛnto denneennen de kae.
Say to the children of Israel: The seventh month, on the first day of the month, you shall keep a sabbath, a memorial, with she sound of trumpets, and it shall be called holy.
25 Saa da no, obiara nni ho kwan sɛ ɔyɛ adwuma, na mmom, mommɔ ogya so afɔre mma Awurade.’”
You shall do no servile work therein, and you shall offer a holocaust to the Lord.
26 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke to Moses, saying:
27 “Saa ɔsram a ɛto so ason yi da a ɛto so du ne Mpata Da no. Monyɛ nhyiamu kronkron, munni abuada na mommɔ ogya so afɔre mma Awurade
Upon the tenth day of this seventh month shall be the day of atonement, it shall be most solemn, and shall be called holy: and you shall afflict your souls on that day, and shall offer a holocaust to the Lord.
28 Monnyɛ adwuma biara saa da no, efisɛ ɛyɛ Mpata Da, bere a wɔpata ma mo wɔ Awurade mo Nyankopɔn anim.
You shall do no servile work in the time of this day: because it is a day of propitiation, that the Lord your God may be merciful unto you.
29 Obiara a wanni da no ahonu ne awerɛhow so wɔ ne bɔne ho no, wobeyi no afi ne nkurɔfo mu.
Every soul that is not afflicted on this day, shall perish from among his people:
30 Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no mɛsɛe no.
And every soul that shall do any work, the same will I destroy from among his people.
31 Monnyɛ adwuma biara koraa. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
You shall do no work therefore on that day: it shall be an everlasting ordinance unto you in all your generations, and dwellings.
32 Ɛyɛ Homeda a wɔde home ma mo. Ɛsɛ sɛ mobrɛ mo kra ase. Efi da a ɛto so akron kosi da a ɛto so du no anwummere no, ɛsɛ sɛ mudi mo Homeda.”
It is a sabbath of rest, and you shell afflict your souls beginning on the ninth day of the month: from evening until evening you shall celebrate your sabbaths.
33 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke to Moses, saying:
34 “Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, wɔnhyɛ Awurade Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ebedi.
Say to the children of Israel: From the fifteenth day of this same seventh month, shall be kept the feast of tabernacles seven days to the Lord.
35 Da a edi kan no yɛ nhyiamu kronkron da; monnyɛ adwuma biara.
The first day shall be called most solemn and most holy: you shall do no servile work therein. And seven days you shall offer holocausts to the Lord.
36 Da biara wɔ nnanson no mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ogya so afɔre ma Awurade. Da a ɛto so awotwe no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron na moabɔ ogya so afɔre ama Awurade. Ɛyɛ nhyiamu a etwa to. Monnyɛ adwuma biara.
The eighth day also shall be most solemn and most holy, and you shall offer holocausts to the Lord: for it is the day of assembly and congregation: you shall do no servile work therein.
37 “‘Eyinom ne afahyɛ ahorow a Awurade ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuru sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔde a wɔhyew no ogya so ma Awurade no ba: ɔhyew afɔre ne aduan afɔre, afɔrebɔde ahorow ne nsa afɔrebɔde a ɛho hia da biara.
These are the feasts of the Lord, which you shall call most solemn and most holy, and shall offer on them oblations to the Lord, holocausts and libations according to the rite of every day,
38 Munni saa afahyɛ yi nka Awurade Homeda no ho. Na mode saa afɔrebɔde nso bɛka mo ankasa ayɛyɛde, bɔ a moahyɛ ne nea mufi mo pɛ mu de ma Awurade ho.
Besides the sabbaths of the Lord, and your gifts, and those things that you offer by vow, or which you shall give to the Lord voluntarily.
39 “‘Enti efi ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no a moatwa asase no so nnɔbae no, momfa nnanson nni afahyɛ mma Awurade. Da a edi kan ne nea ɛto so awotwe yɛ ahomegyenna.
So from the fifteenth day of the seventh month, when you shall have gathered in all the fruits of your land, you shall celebrate the feast of the Lord seven days: on the first day and the eighth shall be a sabbath, that is a day of rest.
40 Da a edi kan no, muntwitwa nnuaba mman a aba wɔ so, ne mmerɛnkɛnsono ne mman a nhaban wɔ so na momfa mmɔ asese na momma mo ani nnye wɔ mo Awurade Nyankopɔn anim nnanson.
And you shall take to you on the first day the fruits of the fairest tree, and branches of palm trees, and boughs of thick trees, and willows of the brook, and you shall rejoice before the Lord your God.
41 Ɛsɛ sɛ saa afe biara mu nnanson adidi mmara yi tena hɔ daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.
And you shall keep the solemnity thereof seven days in the year. It shall be an everlasting ordinance in your generations. In the seventh month shall you celebrate this feast.
42 Saa nnanson no mu no, mo a moyɛ Israelfo mma no, ɛsɛ sɛ motena asese no ase.
And you shall dwell in bowers seven days: every one that is of the race of Israel, shall dwell in tabernacles:
43 Nkyerɛase a ɛwɔ mu ara ne sɛ, ɛkae Israelfo no fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so sɛ, me na migyee mo fii Misraim ma mobɛtenaa asese ase. Mene Awurade mo Nyankopɔn.’”
That your posterity may know, that I made the children of Israel to dwell in tabernacles, when I brought them out of the land of Egypt. I am the Lord your God.
44 Eyinom ne Awurade afahyɛ ahorow a wahyehyɛ a Mose ka kyerɛɛ Israelfo no. Enti Mose kyerɛɛ afahyɛ ahorow a Israelfo no bedi ama Awurade.
And Moses spoke concerning the feasts of the Lord to the children of Israel.

< 3 Mose 23 >