< Atemmufo 11 >
1 Gileadni Yefta yɛ ɔkofo kɛse. Nʼagya din de Gilead. Nanso ne na yɛ ɔbea guamanfo.
ギレアデ人ヱフタはたけき勇士にして妓婦の子なりギレアデ、ヱフタをうましめしなり
2 Gilead yere woo mmabarima bebree, na saa mmabarima no nyinyinii no, wɔpam Yefta fii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no se, “Worennya yɛn agya agyapade biara, efisɛ woyɛ ɔbea guamanfo bi ba.”
ギレアデの妻子等をうみしが妻の子等成長におよびてヱフタをおひいだしてこれにいひけるは汝は他の婦の子なればわれらが父の家を嗣べきにあらずと
3 Enti Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛ, onyaa atuatewfo bebree bedii nʼakyi.
ヱフタ其の兄弟の許より逃さりてトブの地に住けるに遊蕩者ヱフタのもとに集ひ來りて之とともに出ることをなせり
4 Bere koro yi ara, Amonfo de ɔko bɛkaa Israel.
程經てのちアンモンの子孫イスラエルとたたかふに至りしが
5 Bere a Amonfo tow hyɛɛ Israelfo so no, Gilead mpanyimfo soma kɔfaa Yefta fii Tob asase so bae. Wɔka kyerɛɛ no se,
アンモンの子孫のイスラエルとたたかへるときにギレアデの長老等ゆきてヱフタをトブの地より携來らんとし
6 “Bra na bɛyɛ yɛn so ɔsahene! Boa yɛn ma yɛne Amonfo nko.”
ヱフタにいひけるは汝來りて吾らの大將となれ我らアンモンの子孫とたたかはん
7 Yefta bisaa wɔn se, “Ɛnyɛ mo na motan me, pam me fii mʼagya fi no? Adɛn nti na afei a mowɔ ɔhaw mu no, morebɛfrɛ me?”
ヱフタ、ギレアデの長老等にいひけるは汝らは我を惡みてわが父の家より遂いだしたるにあらずやしかるに今汝らが艱める時に至りて何ぞ我に來るや
8 Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta se, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wudi yɛn anim ma yɛko tia Amonfo a, yɛbɛyɛ wo Gileadfo nyinaa sodifo.”
ギレアデの長老等ヱフタにこたへけるは其がために我ら今汝にかへる汝われらとともにゆきてアンモンの子孫とたたかはばすべて我等ギレアデにすめるものの首領となすべしと
9 Yefta buae se, “Sɛ me ne mo kɔ na Awurade ma midi Amonfo so nkonim a, ampa ara sɛ mode me bɛyɛ nnipa no nyinaa sodifo ana?”
ヱフタ、ギレアデの長老等にいひけるは汝らもし我をたづさへかへりてアンモンの子孫とたたかはしめんにヱホバ之を我に付したまはば我は汝らの首となるべし
10 Gilead ntuanofo no buaa no se, “Awurade ne yɛn dansefo. Yɛbɛyɛ sɛnea woka biara.”
ギレアデの長老等ヱフタにいひけるはヱホバ汝と我との間の證者たり我ら誓つて汝の言のごとくになすべし
11 Enti Yefta ne ntuanofo no kɔɔ Gilead. Na wɔde no yɛɛ wɔn sodifo ne ɔsahene. Na Yefta tii nsɛm no nyinaa mu wɔ Mispa wɔ Awurade anim.
是に於てヱフタ、ギレアデの長老等とともに往くに民之を立ておのれの首領となし大將となせりヱフタ即ちミヅパにおいてヱホバのまへにこの言をことごとく陳たり
12 Afei, Yefta somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene nkyɛn se wonkobisa no nea enti a ɔrebɛtow ahyɛ Israel so.
かくてヱフタ、アンモンの子孫の王に使者をつかはしていひけるは汝と我の間に何事ありてか汝われに攻めきたりてわが地に戰はんとする
13 Amonfo hene buaa Yefta abɔfo no se, “Bere a Israel fii Misraim bae no, wɔfaa mʼasase a efi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, toa so kosi Yordan. Enti san fa mʼade ma me asomdwoe mu.”
アンモンの子孫の王ヱフタの使者に答へけるはむかしイスラエル、エジプトより上りきたりし時にアルノンよりヤボクにいたりヨルダンに至るまで吾が土地を奪ひしが故なり然ば今穩便に之を復すべし
14 Na Yefta san somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene hɔ se,
ヱフタまた使者をアンモンの子孫の王に遣りて之にいはせけるは
15 “Sɛnea Yefta se ni: Israel amfa Moab asase anaa Amonfo asase biara.
ヱフタ斯いへりイスラエルはモアブの地を取ずまたアンモンの子孫の地をも取ざりしなり
16 Bere a Israelfo tuu kwan fii Misraim, twaa Po Kɔkɔɔ na woduu Kades no,
夫イスラエルはエジプトより上りきたれる時に曠野を經て紅海に到りカデシに來れり
17 wɔsomaa abɔfo kɔɔ Edomhene hɔ sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔmfa nʼasase no so. Nanso Edomhene ampene. Wɔsoma ma wɔkɔɔ Moabhene hɔ, nanso ɔno nso ampene. Enti, Israelfo tenaa Kades.
而してイスラエル使者をエドムの王に遣して言けるはねがはくは我をして汝の土地を經過しめよと然るにエドムの王之をうけがはずまたおなじく人をモアブの王に遣したれども是もうべなはざりしかばイスラエルはカデシに留まりしが
18 “Ne korakora ne sɛ, wɔnam sare so twa faa Edom ne Moab ho hyiae. Wɔfaa Edom apuei fam hye so kyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon fa hɔ. Nanso wɔantwa Asubɔnten Arnon ankɔ Moab asase so.
遂にイスラエル曠野を經てエドムの地およびモアブの地を繞りモアブの地の東の方に出てアルノンの彼方に陣を取り然どモアブの界には入らざりきアルノンはモアブの界なればなり
19 “Afei, Israelfo somaa abɔfo kɔɔ Amorihene Sihon a odii ade fi Hesbon na wɔsrɛɛ kwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ no.
かくてイスラエル、ヘシボンに王たりしアモリ人の王シホンに使者を遣せりすなはちイスラエル之にいひけらくねがはくは我らをして汝の土地を經過てわがところにいたらしめよと
20 Nanso esiane sɛ na ɔhene Sihon nni Israelfo mu gyidi nti ɔboaboaa ne dɔm ano wɔ Yahas ma wɔtow hyɛɛ wɔn so.
然るにシホン、イスラエルを信ぜずしてその界をとほらしめずかへつてそのすべての民を集めてヤハヅに陣しイスラエルとたたかひしが
21 “Na Awurade, Israel Nyankopɔn, maa ne nkurɔfo dii ɔhene Sihon so. Enti Israelfo faa Amorifo asase a na wɔte so wɔ ɔmantam no mu,
イスラエルの神ヱホバ、シホンとそのすべての民をイスラエルの手に付したまひたればイスラエル之を撃敗りてその土地にすめるアモリ人の地を悉く手に入れ
22 fi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, fi sare no so de kosi Yordan nyinaa dii so.
アルノンよりヤボクに至るまでまた曠野よりヨルダンに至るまですべてアモリ人の土地を手に入たり
23 “Enti moahu, ɛyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn na ogyee asase no fii Amorifo nsam na ɔde maa Israel. Adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma mo?
斯のごとくイスラエルの神ヱホバは其の民イスラエルのまへよりアモリ人を遂しりぞけたまひしに汝なほ之を取んとする乎
24 Nea mo nyame Kemos de maa mo no momfa, na yɛn nso, nea Awurade, yɛn Nyankopɔn de maa yɛn biara no yɛafa.
汝は汝の神ケモシが汝に取しむるものを取ざらんやわれらは我らの神ヱホバが我らに取しむる物を取ん
25 So wosen Mosen, Sipor babarima Balak a na ɔyɛ Moabhene no? Ɔne Israel hamee anaa koe ana?
汝は誠にモアブの王チツポルの子バラクにまされる處ありとするかバラク曾てイスラエルとあらそひしことありや曾て之とたたかひしことありや
26 Na afei, mfe ahaasa akyi na woama saa asɛm yi so? Israel atena ha saa bere tenten yi, wɔatrɛw afi Hesbon asase so, akosi Aroer ne nkurow no nyinaa so, akɔfa Asubɔnten Arnon ano. Adɛn nti na mmere sann yi moanyɛ mo adwene sɛ mubegye asase yi?
イスラエルがヘシボンとその村里アロエルとその村里およびアルノンの岸に沿ひたるすべての邑々に住ること三百年なりしに汝などてかその間に之を回復さざりしや
27 Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ motow hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ otemmufo no mmua nnɛ, sɛ yɛn mu hena na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.”
我は汝に罪を犯せしことなきに汝はわれとたたかひて我に害をくはへんとす願くは審判をなしたまふヱホバ今日イスラエルの子孫とアンモンの子孫との間を鞫きたまへと
28 Nanso Amonhene amfa Yefta asɛm no asɛnhia.
しかれどもアンモンの子孫の王はヱフタのいひつかはせる言を聴いれざりき
29 Saa bere no, Awurade Honhom baa Yefta so maa ɔkɔɔ Gilead ne Manase nsase nyinaa so a, Mispa a ɛwɔ Gilead ka ho. Na odii asraafo anim tow hyɛɛ Amonfo so.
ここにヱホバの靈ヱフタに臨みしかばヱフタすなはちギレアデおよびマナセを經過りギレアデのミヅパにいたりギレアデのミヅパよりすすみてアンモンの子孫に向ふ
30 Na Yefta hyɛɛ Awurade bɔ. Ɔkae se, “Sɛ woma midi Amonfo so a,
ヱフタ、ヱホバに誓願を立ていひけるは汝誠にアンモンの子孫をわが手に付したまはば
31 mede ade a ebedi kan afi me fi abehyia me bere a mede nkonimdi reba no, bɛma Awurade. Mede bɛma no sɛ ɔhyew afɔre.”
我がアンモンの子孫の所より安然かに歸らんときに我家の戸より出きたりて我を迎ふるもの必ずヱホバの所有となるべし我之を燔祭となしてささげんと
32 Ɛnna Yefta dii nʼakofo anim tiaa Amonfo, na Awurade ma odii nkonim.
ヱフタすなはちアンモンの子孫の所に進みゆきて之と戰ひしにヱホバかれらをその手に付したまひしかば
33 Odii Amonfo so pasaa, sɛee nkurow bɛyɛ aduonu, fii Aroer de kosii baabi a ɛbɛn Minit, kɔe ara kosii Abel-Keramim. Saa kwan yi so na Israelfo fa kaa Amonfo hyɛe.
アロエルよりミンニテにまで至りこれが二十の邑を打敗りてアベルケラミムにいたり甚だ多の人をころせりかくアンモンの子孫はイスラエルの子孫に攻伏られたり
34 Bere a Yefta fi akono kɔɔ ne fi wɔ Mispa no, ne babea, a ɔyɛ ne ba koro no, tuu mmirika behyiaa no a ɔrebɔ akasae, na anigye nti, ɔresaw.
かくてヱフタ、ミヅパに來りておのが家にいたるに其女鼓を執り舞ひ踊りて之を出で迎ふ是彼が獨子にて其のほかには男子もなくまた女子も有ざりき
35 Yefta huu no no, ɔde awerɛhow sunsuan ne ntade mu, teɛɛ mu se, “Ao, me ba! Woabrɛ me ase na matetew apansam. Na maka Awurade ntam na merentumi mmu so.”
ヱフタ之を視てその衣を裂ていひけるはああ吾が女よ汝實に我を傷しむ汝は我を惱すものなり其は我ヱホバにむかひて口を開きしによりて改むることあたはざればなり
36 Ne babea no buae se, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛnea woahyɛ bɔ no, efisɛ Awurade ama woadi wʼatamfo a wɔyɛ Amonfo no so nkonim.
女之にいひけるはわが父よ汝ヱホバにむかひて口をひらきたれば汝の口より言出せしごとく我になせよ其はヱホバ汝のために汝の敵なるアンモンの子孫に仇を復したまひたればなり
37 Nanso nea edi kan no, ma memforo mmepɔw nkokyinkyin so na me ne me nnamfonom nsu asram abien, efisɛ mewu sɛ ababaa a minhuu ɔbarima da.”
女またその父にいひけるはねがはくは此事をわれに允せすなはち二月の間我をゆるし我をしてわが友等とともに往て山にくだりてわが處女たることを歎かしめよと
38 Yefta ka kyerɛɛ no se, “Wutumi kɔ.” Enti ɔmaa no kɔ kodii asram abien. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔw no so kosui, efisɛ ɔrennya mma.
ヱフタすなはち往けといひて之を二月のあひだ出し遣ぬ女その友等とともに往き山の上にておのれの處女たるを歎きしが
39 Bere a ɔsan baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti owui sɛ ababaa a onhuu ɔbarima da. Eyi abɛyɛ amanne wɔ Israel
二月滿てその父に歸り來りたれば父その誓ひし誓願のごとくに之に行へり女は終に男を知ことなかりき
40 ama Israel mmabun sɛ afe biara wɔbɛkɔ baabi akodi nnaanan na wɔakosu Yefta babea no nkrabea.
是よりして年々にイスラエルの女子等往て年に四日ほどギレアデ人ヱフタの女のために哀哭ことをなす是イスラエルの規矩となれり