< Yosua 7 >

1 Nanso Israel anni nokware wɔ nneɛma a wogyaw maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuw Israelfo no yiye. Akan yɛ Karmi a ɔyɛ Simri a na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuw mu no babarima.
But the children of Israel transgressed the commandment, and took to their own use of the anathema. For Achan the son of Charmi, the son of Zabdi, the son of Zare of the tribe of Juda, took something of the anathema: and the Lord was angry against the children of Israel.
2 Yosua somaa ne nnipa no bi fi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apuei a ɛbɛn Bet-Awen no.
And when Josue sent men from Jericho against Hai, which is beside Bethaven, on the east side of the town of Bethel, he said to them: Go up, and view the country: and they fulfilled his command, and viewed Hai.
3 Wɔsan bae no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua se, “Kurow no sua nti, ɛrenhia nnipa mpennu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.”
And returning they said to him: Let not all the people go up, but let two or three thousand men go and destroy the city: why should all the people be troubled in vain against enemies that are very few?
4 Enti wɔde akofo bɛyɛ mpensa kɔɔ hɔ, nanso wodii Israelfo no so pasaa. Ai mmarima
There went up therefore three thousand fighting men: who immediately turned their backs,
5 taa Israelfo no fi kuropɔn no pon ano kosii Sebarim, na wokunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia a na wɔreguan afi akono wɔ asiansian bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfo no ma wɔbotowee.
And were defeated by the men of the city of Hai, and there fell of them six and thirty men: and the enemies pursued them from the gate as far as Sabarim, and they slew them as they fled by the descent: and the heart of the people was struck with fear, and melted like water.
6 Yosua ne ɔman ntuanofo no de abasamtu tetew wɔn ntade mu, tow mfutuma guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kosii anwummere.
But Josue rent his garments, and fell flat on the ground before the ark of the Lord until the evening, both he and all the ancients of Israel: and they put dust upon their heads.
7 Afei, Yosua su frɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wunim sɛ Amorifo no bekunkum yɛn? Sɛ yenim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara.
And Josue said: Alas, O Lord God, why wouldst thou bring this people over the river Jordan, to deliver us into the hand of the Amorrhite, and to destroy us? would God, we had stayed beyond the Jordan as we began.
8 Awurade, mprempren a Israelfo aguan afi wɔn atamfo anim yi, asɛm bɛn na menka?
My Lord God, what shall I say, seeing Israel turning their backs to their enemies?
9 Na sɛ Kanaanfo ne nnipa a wɔaka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wobetwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn afi asase yi so. Na afei dɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛse a ekura anuonyam no?”
The Chanaanites, and all the inhabitants of the land will hear of it, and being gathered together will surround us and cut off our name from the earth: and what wilt thou do to thy great name?
10 Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Sɔre! Adɛn nti na wode wʼanim abutuw hɔ saa?
And the Lord said to Josue: Arise, why liest thou flat on the ground?
11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wonnyaw mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu.
Israel hath sinned, and transgressed my covenant: and they have taken of the anathema, and have stolen and lied, and have hidden it among their goods.
12 Ɛno nti na Israelfo adi nkogu na wɔreguan afi wɔn atamfo anim. Mprempren de, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛe. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.
Neither can Israel stand before his enemies, but he shall flee from them: because he is defiled with the anathema. I will be no more with you, till you destroy him that is guilty of this wickedness.
13 “Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara nkodwira ne ho mma ɔkyena, na saa na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wogyaw ma Awurade no ahintaw mo mu. Morentumi nni mo atamfo so da kosi sɛ muyi saa nneɛma no fi mo mu.
Arise, sanctify the people, and say to them: Be ye sanctified against tomorrow: for thus saith the Lord God of Israel: The anathema is in the midst of thee, O Israel: thou canst not stand before thy enemies, till he be destroyed out of thee that is defiled with this wickedness.
14 “‘Adekyee mu no, abusuakuw biara bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuakuw a wɔn ho wɔ asɛm no. Saa abusuakuw no de wɔn mmusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuaban a ne ho wɔ asɛm no. Saa abusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ ofi a ne ho wɔ asɛm no. Awiei no, ofi a ne ho wɔ asɛm no mu nnipa bɛba mmaako mmaako.
And you shall come in the morning every one by your tribes: and what tribe soever the lot shall find, it shall come by its kindreds and the kindred by its houses, and the house by the men.
15 Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔbɛhyew no ne nʼagyapade nyinaa, efisɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ nea ɛmfra koraa wɔ Israel.’”
And whosoever he be that shall be found guilty of this fact, he shall be burnt with fire with all his substance, because he hath transgressed the covenant of the Lord, and hath done wickedness in Israel.
16 Ade kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuw no baa Awurade anim, na woyii Yuda abusuakuw no.
Josue, therefore, when he rose in the morning, made Israel to come by their tribes, and the tribe of Juda was found,
17 Afei Yuda mmusuaban baa anim, na woyii Serafo. Afei Serafo nyinaa baa Awurade anim, na woyii Simrifo.
Which being brought by its families, it was found to be the family of Zare. Bringing that also by the houses, he found it to be Zabdi.
18 Na Simrifo baa mmaako mmaako na woyii Akan, Karmi ba.
And bringing his house man by man, he found Achan the son of Charmi, the son of Zabdi, the son of Zare of the tribe of Juda.
19 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan se, “Me ba, fa anuonyam ma Awurade, Israel Nyankopɔn, na ka nokware. Ka wo bɔne ne nea wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.”
And Josue said to Achan: My son, give glory to the Lord God of Israel, and confess, and tell me what thou hast done, hide it not.
20 Akan buae se, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Nyankopɔn.
And Achan answered Josue, and said to him: Indeed I have sinned against the Lord the God of Israel, and thus and thus have I done.
21 Mihuu atade nguguso fɛfɛ bi a wɔkra fii Babilonia, dwetɛ kilogram abien ne fa ne sikakɔkɔɔ pema baako a ano si gram ahannum ne aduoson. Mʼani beree, enti mefae. Mede asie fam wɔ me ntamadan mu, na dwetɛ no de, ɛhyɛ fam kyɛn nkae no.”
For I saw among the spoils a scarlet garment exceeding good, and two hundred sides of silver, and a golden rule of fifty sides: and I coveted them, and I took them away, and hid them in the ground is the midst of my tent, and the silver I covered with the earth that I dug up.
22 Enti Yosua somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ. Wotutuu mmirika kɔɔ ntamadan no mu kohuu awifode no sɛ wɔde asie wɔ hɔ, sɛnea Akan kae no ara pɛ, na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn.
Josue therefore sent ministers: who running to his tent, found all hidden in the same place, together with the silver.
23 Wɔtasee nneɛma no fii ntamadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfo no nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu fam wɔ Awurade anim.
And taking them away out of the tent, they brought them to Josue, and to all the children of Israel, and threw them down before the Lord.
24 Afei, Yosua ne Israelfo no nyinaa faa Serah babarima Akan, dwetɛ no, atade nguguso no, sikakɔkɔɔ pema no, ne mmabarima, ne mmabea, nʼanantwi, ne mfurum, ne nguan, ne ntamadan ne nʼagyapade nyinaa na wɔde no baa Akora bon mu.
Then Josue and all Israel with him took Achan the son of Zare, and the silver and the garments, and the golden rule, his sons also and his daughters, his oxen and asses and sheep, the tent also, and all the goods: and brought them to the valley of Achor:
25 Yosua bisaa Akan se, “Adɛn nti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, Awurade de ɔhaw bɛbrɛ wo.” Na Israelfo nyinaa siw Akan ne nʼabusuafo abo, hyew wɔn amu no.
Where Josue said: Because thou hast troubled us, the Lord trouble thee this day. And all Israel stoned him: and all things that were his, were consumed with fire.
26 Wɔsoaa abo guu Akan funu so hɔree no siw a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. Enti na wɔafrɛ saa beae hɔ Ɔhaw Bon no. Afei, Awurade bo dwoe.
And they gathered together upon him a great heap of stones, which remaineth until this present day. And the wrath of the Lord was turned away from them. And the name of that place was called the Valley of Achor, until this day.

< Yosua 7 >